Mateo Twerɛtohɔ
18 Saa berɛ no, asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa sɛ: “Hwan paa na ɔyɛ kɛseɛ wɔ ɔsoro Ahennie no mu?”+ 2 Enti ɔfrɛɛ abɔfra kumaa bi, na ɔde no gyinaa wɔn mfimfini. 3 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ moansakra* anyɛ sɛ mmɔfra nkumaa+ a, morenkɔ ɔsoro Ahennie no mu da.+ 4 Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase te sɛ abɔfra kumaa yi no, ɔno na ɔyɛ kɛseɛ wɔ ɔsoro Ahennie no mu,+ 5 na obiara a ɔbɛgye abɔfra kumaa a ɔte sei me din mu no, na wagye me nso. 6 Nanso obiara a ɔbɛto nkumaa a wɔwɔ me mu gyidie yi mu baako suntidua no, anka ɛyɛ ma no mmom sɛ wɔde ɛboɔ kɛseɛ* a afunumu twe bɛsɛn ne kɔn mu, na wɔde no akɔto ɛpo mfimfini.+
7 “Wiase nnue ɛsiane suntidua nti! Nokorɛm no, sɛdeɛ ɛteɛ biara suntidua bɛba, nanso onipa a suntidua nam ne so ba no nnue! 8 Enti sɛ wo nsa anaa wo nan to wo suntidua a, twa firi hɔ na to twene.+ Ɛyɛ ma wo sɛ wobɛdi dɛm anaa wobɛyɛ apakye de akɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ nsa mmienu ne nan mmienu na wɔbɛto wo ato daa egya mu.+ 9 Afei nso, sɛ w’ani to wo suntidua a, tu firi hɔ na to twene. Ɛyɛ sɛ wode ani baako bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ ani mmienu na wɔbɛto wo ato Gehenna*+ gya mu. 10 Monhwɛ na moammu nkumaa yi mu baako animtia, na mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn abɔfoɔ a wɔwɔ soro no hu m’Agya a ɔwɔ soro no anim daa.+ 11 *——
12 “Modwene ho sɛn? Sɛ obi wɔ nnwan 100 na emu baako yera a,+ ɔrennya 99 no wɔ bepɔ so nkɔhwehwɛ deɛ wayera no anaa?+ 13 Na sɛ ɔhu no a, nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, ɔdi ne ho ahurisie sene 99 a wɔnyeraeɛ no. 14 Saa ara nso na m’Agya* a ɔwɔ soro no ani nnye ho sɛ nkumaa yi mu baako mpo bɛyera.+
15 “Bio nso, sɛ wo nua yɛ wo bɔne a, kɔ ne nkyɛn na ma ɔnhunu ne mfomsoɔ,* wo ne ɔno nko ara ntam.+ Sɛ ɔtie wo a, woanya wo nua.+ 16 Na sɛ wantie a, fa nipa baako anaa nnipa mmienu ka wo ho, na ama asɛm biara agyina adansefoɔ mmienu anaa mmiɛnsa adanseɛ* so.+ 17 Sɛ wantie wɔn a, ka kyerɛ asafo no. Sɛ wantie asafo no nso a, ɛnneɛ bu no sɛ amanaman muni+ anaa obi a ɔgyegye toɔ.+
18 “Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, biribiara a mobɛkyekyere wɔ asaase so no, ɛbɛyɛ deɛ wɔakyekyere wɔ soro dada, na biribiara a mobɛsane wɔ asaase so no, ɛbɛyɛ deɛ wɔasane wɔ soro dada. 19 Nokorɛm mereka akyerɛ mo bio sɛ, sɛ mo mu mmienu pene so wɔ asaase so sɛ wɔbɛbisa biribiara a ɛho hia a, m’Agya a ɔwɔ soro no bɛyɛ ama wɔn.+ 20 Na baabi a baanu anaa baasa ahyiam me din mu+ no, na mewɔ wɔn mfimfini.”
21 Ɛnna Petro bɛbisaa no sɛ: “Awurade, mprɛ sɛn na sɛ me nua yɛ me bɔne a, ɛsɛ sɛ mede kyɛ no? Ɛnkɔsi mprɛ nson anaa?” 22 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Mereka akyerɛ wo sɛ, ɛnyɛ mprɛ nson, na mmom ɛnkɔsi mprɛ 77.+
23 “Ɛno nti, ɔsoro Ahennie te sɛ ɔhene bi a na ɔpɛ sɛ ɔne ne nkoa bu akonta. 24 Berɛ a ɔfirii aseɛ sɛ ɔne wɔn rebu akonta no, wɔde ɔbarima bi bae a ɔde no ka dwetikɛseɛ 10,000.* 25 Nanso ɛsiane sɛ ɔnni deɛ ɔde bɛtua ka no nti, ne wura no kaa sɛ wɔntɔn ɔne ne yere ne ne mma ne deɛ ɔwɔ nyinaa mfa ntua ka no.+ 26 Enti akoa no kotoo n’anim, na ɔsrɛɛ no sɛ, ‘Nya aboterɛ ma me, na mɛtua ne nyinaa ama wo.’ 27 Asɛm no yɛɛ akoa no wura no mmɔbɔ, na ɔgyaa no, na ɔde ɛka a ɔdeɛ no kyɛɛ no.+ 28 Ɛnna saa akoa no pueeɛ, na ɔkɔhuu ne yɔnko akoa bi a ɔno nso de no ka denare 100,* na ɔyeree no, na ɔfirii aseɛ miaa ne mene* kaa sɛ, ‘Tua ka a wodeɛ nyinaa.’ 29 Enti ne yɔnko akoa no kotoo n’anim, na ɔfirii aseɛ srɛɛ no sɛ, ‘Nya aboterɛ ma me, na mɛtua wo ka.’ 30 Nanso wampene, na mmom ɔmaa wɔde no kɔtoo afiase kɔsi sɛ ɔbɛtua ɛka a ɔdeɛ no. 31 Berɛ a ne mfɛfoɔ nkoa no huu deɛ asie no, wɔn werɛ hoo paa, na wɔkɔkaa deɛ asi no nyinaa kyerɛɛ wɔn wura no. 32 Ɛnna ne wura no frɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Akoa bɔne, berɛ a wosrɛɛ me no, mede ka no nyinaa kyɛɛ wo. 33 Ɛnsɛ sɛ anka wo nso wohu wo yɔnko akoa no mmɔbɔ sɛdeɛ mehuu wo mmɔbɔ no anaa?’+ 34 Ɛnna ne wura no bo fuiɛ, na ɔde no hyɛɛ wɔn a wɔhwɛ afiase hɔ no nsa, kɔsi sɛ ɔbɛtua ka biara a ɔdeɛ. 35 Saa ara na mo nso, sɛ moamfiri mo akomam amfa ankyɛ mo nuanom+ a, me soro Agya ne mo bɛdi.”+