Marko Twerɛtohɔ
9 Afei nso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn a wɔgyina ha yi mu bi wɔ hɔ a, wɔrenka owuo nhwɛ kɔsi sɛ wɔbɛhunu sɛ Onyankopɔn Ahennie redi tumi.”+ 2 Nnansia akyi no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔ tenten bi so. Wɔn nko ara na na wɔwɔ hɔ. Na ɔsakraa wɔ wɔn anim;+ 3 na n’ataadeɛ firii aseɛ yɛɛ hyɛnhyɛn, na ɛyɛɛ fitafita. Obiara nni asaase so a ɔbɛtumi asi ntoma ama ayɛ fitaa saa. 4 Afei nso, Elia ne Mose yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn, na na wɔne Yesu rekasa. 5 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Rabi, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha. Enti ma yɛnsi ntomadan mmiɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, Elia nso deɛ baako.” 6 Nokorɛm no, na Petro nhunu deɛ ɔnyɛ, ɛfiri sɛ na wɔabɔ hu paa. 7 Na mununkum bi ba bɛkataa wɔn so, na ɛnne bi+ firi mununkum no mu baa sɛ: “Wei ne me Ba, deɛ medɔ no+ no. Montie no.”+ 8 Na amonom hɔ ara, wɔtotoo wɔn ani, na wɔhuu sɛ obiara nni wɔn nkyɛn bio, gye Yesu.
9 Berɛ a wɔresiane afiri bepɔ no so no, ɔka kyerɛɛ wɔn dendeenden sɛ wɔnnka deɛ wɔahunu no nnkyerɛ obiara+ kɔsi sɛ onipa Ba no bɛnyane afiri awufoɔ mu.+ 10 Enti wɔanka asɛm no ankyerɛ obiara,* nanso nyane a ɔbɛnyane afiri awufoɔ mu no deɛ, wɔn ara dii ho nkɔmmɔ. 11 Na wɔfirii aseɛ bisabisaa no nsɛm sɛ: “Adɛn nti na atwerɛfoɔ no ka sɛ, ɛsɛ sɛ Elia+ di kan ba ansa?”+ 12 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ampa, Elia bɛdi kan aba abɛtoto nneɛma nyinaa yie.+ Ɛnneɛ ɛyɛɛ dɛn na wɔatwerɛ onipa Ba no ho asɛm sɛ, ɛsɛ sɛ ɔhunu amane pii+ na wɔbu no animtia?+ 13 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, Elia+ aba, na wɔyɛɛ no deɛ wɔpɛ biara, sɛdeɛ wɔatwerɛ ne ho asɛm no pɛpɛɛpɛ.”+
14 Berɛ a wɔbaa asuafoɔ a aka no nkyɛn no, wɔhuu nnipadɔm kɛseɛ bi wɔ wɔn ho, na na atwerɛfoɔ bi ne wɔn regye akyinnyeɛ.+ 15 Na nnipadɔm no nyinaa ani bɔɔ ne so ara pɛ, wɔn ho dwirii wɔn, na wɔtutuu mmirika kɔɔ ne nkyɛn kɔkyeaa no. 16 Na ɔbisaa wɔn sɛ: “Deɛn na mo ne wɔn regye ho akyinnyeɛ?” 17 Na obi firi nnipadɔm no mu buaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mede me babarima brɛɛ wo, ɛfiri sɛ mum honhom wɔ ne so.+ 18 Baabiara a ɛbɛba ne so no, ɛtwa no hwe fam, n’ano pu ahuro, ɔka ne se si so dendeenden, na ɔyɛ mmerɛ. Meka kyerɛɛ w’asuafoɔ no sɛ wɔntu honhom no, nanso wɔantumi.” 19 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “O awoɔ ntoatoasoɔ a monni gyidie,+ berɛ tenten sɛn na me ne mo ntena? Mennya mo ho aboterɛ nkɔsi da bɛn? Fa no brɛ me.”+ 20 Enti wɔde abarimaa no brɛɛ Yesu. Berɛ a honhom no huu Yesu no, ɛmaa abɔfra no wosowosoo prɛko pɛ, na ɔhwee fam bu faa so, na n’ano puu ahuro. 21 Ɛnna Yesu bisaa papa no sɛ: “Berɛ bɛn na ɛfirii aseɛ yɛɛ no?” Ɔkaa sɛ: “Ɛfiri ne mmɔfraase pɛɛ. 22 Ɛtaa ma ɔtwa hwe egya ne nsuo mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛku no. Sɛ wobɛtumi ayɛ ho biribi a, hu yɛn mmɔbɔ na boa yɛn.” 23 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wose, ‘Sɛ wobɛtumi a’! Hwɛ, obi a ɔwɔ gyidie no, adeɛ nyinaa bɛtumi ayɛ yie ama no.”+ 24 Ɛhɔ ara na abɔfra no papa teaam kaa sɛ: “Mewɔ gyidie! Boa me ma me gyidie nyɛ kɛse!”*+
25 Berɛ a Yesu huu sɛ nnipadɔm bi de mmirika* reba wɔn nkyɛn no, ɔkaa honhom fĩ no anim sɛ: “Mum ne asotire honhom, mehyɛ wo sɛ firi ne mu, na mma ne mu bio!”+ 26 Na honhom no teaam, na ɛmaa abarimaa no wosoo mprɛ pii; afei ɛfirii ne mu. Na abɔfra no yɛɛ te sɛ deɛ wawu, enti na wɔn mu dodoɔ no ara reka sɛ: “Wawu!” 27 Nanso Yesu sɔɔ ne nsa maa no so, na ɔsɔreeɛ. 28 Ɛnna Yesu wuraa efie bi mu, na n’asuafoɔ no bisaa no kokoam sɛ: “Adɛn nti na yɛantumi antu honhommɔne no?”+ 29 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Saa honhommɔne yi deɛ, mpaebɔ nko ara na wɔbɛtumi de atu no.”
30 Wɔfirii hɔ kɔe, na wɔkɔfaa Galilea, nanso na ɔmpɛ sɛ obiara bɛte. 31 Ɛfiri sɛ na ɔrekyerɛkyerɛ n’asuafoɔ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔbɛyi onipa Ba no ahyɛ nnipa nsa, na wɔbɛku no.+ Ɛwom sɛ wɔbɛku no deɛ, nanso nnansa akyi, ɔbɛnyane.”+ 32 Ná wɔnte n’asɛm no ase, nanso na wɔsuro sɛ wɔbɛbisa no.
33 Na wɔkɔɔ Kapernaum. Berɛ a ɔwɔ fie no mu no, ɔbisaa wɔn sɛ: “Deɛn na na moregye ho akyinnyeɛ wɔ kwan so no?”+ 34 Wɔyɛɛ dinn, ɛfiri sɛ berɛ a wɔnam kwan so no, na wɔregye akyinnyeɛ sɛ hwan na ɔyɛ wɔn mu kɛseɛ. 35 Enti ɔtenaa ase, na ɔfrɛɛ Dumienu no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi kan a, ɛsɛ sɛ ɔdi akyire koraa na ɔsom mo nyinaa.”+ 36 Na ɔfaa abɔfra kumaa bi, na ɔde no gyinaa wɔn mfimfini. Ɛnna ɔde ne nsa too ne kɔn mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: 37 “Obiara a ɔbɛgye mmɔfra nkumaa+ yi mu baako me din mu no, na wagye me nso; na obiara a ɔbɛgye me no, ɛnyɛ me nko na ɔgye me, na mmom Deɛ ɔsomaa me no nso.”+
38 Yohane ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛhuu obi a ɔde wo din retu ahonhommɔne, na yɛyɛɛ sɛ yɛbɛsi no kwan, ɛfiri sɛ na ɔnni yɛn akyi.”+ 39 Ɛnna Yesu kaa sɛ: “Monnyɛ sɛ mobɛsi no kwan, na obiara nni hɔ a ɔde me din bɛyɛ anwanwadeɛ, a ɛhɔ ara ɔbɛtumi asan aka me ho asɛmmɔne. 40 Ɛfiri sɛ obiara a ɔnsɔre ntia yɛn no, na ɔwɔ yɛn afã.+ 41 Na obiara a ɔbɛma mo nsuo kuruwa baako anom ɛsiane sɛ moyɛ Kristo dea+ nti no, nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, n’akatua remmɔ no da.+ 42 Nanso obiara a ɔbɛto nkumaa a wɔwɔ gyidie yi mu baako suntidua no, anka ɛyɛ ma no mmom sɛ wɔde ɛboɔ kɛseɛ* a afunumu twe bɛsɛn ne kɔn mu, na wɔde no akɔto ɛpo mu.+
43 “Na sɛ wo nsa to wo suntidua a, twa firi hɔ. Ɛyɛ ma wo sɛ wobɛdi dɛm de akɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ nsa mmienu na wobɛkɔ Gehenna,* egya a wɔntumi nnum no mu.+ 44 *—— 45 Na sɛ wo nan to wo suntidua a, twa firi hɔ. Ɛyɛ ma wo sɛ wobɛyɛ apakye de akɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ nan mmienu na wɔbɛto wo ato Gehenna.*+ 46 *—— 47 Na sɛ w’ani to wo suntidua a, to twene.+ Ɛyɛ sɛ wode ani baako bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu sene sɛ wowɔ ani mmienu na wɔbɛto wo ato Gehenna,*+ 48 faako a mmoawa nwu, na egya no nnum no.+
49 “Ɛsɛ sɛ wɔde egya hyɛ obiara nkyene.+ 50 Nkyene yɛ; na sɛ nkyene dɛ firi mu a, deɛn na mode bɛhyɛ no nkyene?+ Monnya nkyene wɔ mo mu,+ na mo ne mo ho ntena asomdwoeɛ mu.”+