Dwom. Asaf dwom.+
83 O Onyankopɔn, nyɛ komm;+
O Tweaduampɔn, nka w’ano ntom; keka wo ho.
2 Hwɛ! w’atamfo reyɛ gyegyeegye;+
Na wɔn a wɔtan wo no amema wɔn ho so.
3 Wɔfa nyansakwan so tu agyina tia wo man;
Wɔbɔ wɔn a wɔda w’akoma so no ho pɔ.
4 Deɛ wɔka ne sɛ: “Mommra mma yɛmpepa wɔn mfiri hɔ, na ɔman no nyera,+
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrenkae Israel din bio.”
5 Wɔbom tu agyina;
Wɔka bom ne wo di asie:+
6 Edomfoɔ, Ismaelfoɔ, Moabfoɔ,+ ne Hagrifoɔ,+
7 Gebal ne Ammon+ ne Amalek,
Filistia+ ne wɔn a wɔtete Tiro.+
8 Asiria+ nso akɔka wɔn ho;
Wɔayɛ aboafoɔ ama Lot mma.+ (Sela)
9 Sɛdeɛ woyɛɛ Midian+ ne Sisera ne Yabin wɔ Kison nsuo ho no,+
Yɛ wɔn saa ara.
10 Wosɛee wɔn pasaa wɔ En-Dor;+
Wɔbɛyɛɛ sumina wɔ asaase so.
11 Wɔn atitire no, yɛ wɔn sɛ Oreb ne Seeb;+
Wɔn aberempɔn nso, yɛ wɔn sɛ Sebah ne Salmuna,+
12 Ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: “Momma yɛnnye asaase a Onyankopɔn te so no.”
13 O me Nyankopɔn, yɛ wɔn sɛ nwura a ɛhu kɔ;+
Yɛ wɔn sɛ serɛ a mframa rehu kɔ.
14 Sɛdeɛ egya hye kwaeɛ,
Na gyaframa ma mmepɔ so hyeɛ no,+
15 Saa ara na fa wo mframa a ano yɛ den taa wɔn so,+
Na fa w’ahum hunahuna wɔn.+
16 O Yehowa, ma wɔn anim ngu ase,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhwehwɛ wo din akyi kwan.
17 Ma wɔn ani nwu, na ehu nka wɔn daa;
Ma wɔn anim ngu ase na wɔn ase nhye;
18 Ma nnipa nhu sɛ wo a wo din de Yehowa no,+
Wo nko ara ne Ɔsorosoroni a ɔdi asaase nyinaa so.+