-
Exodus 1:8-10Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
8 Akyire yi, ɔhene foforɔ bɛdii adeɛ wɔ Egypt. Ɔno deɛ, na ɔnnim Yosef. 9 Enti ɔka kyerɛɛ ne manfoɔ sɛ: “Hwɛ! Israelfoɔ no dɔɔso na wɔn ho yɛ den sene yɛn.+ 10 Momma yɛmpɛ nyansakwan bi mfa wɔn mfa so. Anyɛ saa a, wɔn ase bɛtrɛ na wɔayɛ pii, na sɛ ɛko ba a, wɔbɛkɔ akɔka yɛn atamfo ho ne yɛn ako na wɔafiri ɔman yi mu akɔ.”
-