99 Yehowa abɛyɛ Ɔhene.+ Momma amanaman no ho mpopo.
Ɔte kerubim so.+ Momma asaase nhinhim.
2 Yehowa yɛ kɛseɛ wɔ Sion,
Na ɔkorɔn sene aman nyinaa.+
3 Ma wɔnyi wo din kɛseɛ no ayɛ,+
Ɛfiri sɛ ɛyɛ nwanwa na ɛyɛ kronkron.
4 Ɔyɛ ɔhenkɛseɛ a ɔdɔ atɛntenenee.+
Wo na woama deɛ ɛtene atim.
Woama Yakob anya atɛntenenee ne adetenenee.+
5 Momma Yehowa yɛn Nyankopɔn so,+ na monkoto no wɔ ne nan ntiasoɔ anim;+
Ɔyɛ kronkron.+
6 Ná Mose ne Aaron ka n’asɔfoɔ ho;+
Samuel nso, na ɔka wɔn a wɔbɔ ne din no ho.+
Wɔfrɛɛ Yehowa,
Na ɔno nso gyee wɔn so daa.+
7 Ɔne wɔn kasaa wɔ mununkum dum mu.+
Nkaesɛm ne ahyɛdeɛ a ɔde maa wɔn no, wɔdii so.+
8 O Yehowa yɛn Nyankopɔn, wotiee wɔn.+
Woyɛ Onyankopɔn a wode wɔn bɔne kyɛɛ wɔn,+
Nanso nneɛma bɔne a wɔyɛeɛ nti, wotwee wɔn aso.+
9 Momma Yehowa yɛn Nyankopɔn so,+
Na monkoto no wɔ ne bepɔ kronkron no so,+
Ɛfiri sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ kronkron.+