-
Exodus 34:6, 7Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
6 Yehowa bɛtwaam wɔ n’anim kaa sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu+ ne ayamhyehyeɛ,*+ deɛ ne bo mfu ntɛm,+ deɛ ne dɔ a ɛnni hwammɔ+ nni ano, na ne nokorɛdie+ dɔɔso. 7 Ɔda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ nnipa mpempem,+ na ɔde mfomsoɔ ne mmarato ne bɔne kyɛ,+ nanso ɔremma deɛ ɔdi fɔ mfa ne ho nni da.+ Na ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom so.”+
-