Mateo Twerɛtohɔ
3 Nna no mu no, Yohane+ Suboni bɛkaa asɛm+ wɔ Yudea serɛ so. 2 Ɔkaa sɛ: “Monsakra mo adwene, na ɔsoro Ahennie no abɛn.”+ 3 Nokorɛm no, wei ne deɛ wɔnam odiyifoɔ Yesaia+ so kaa ne ho asɛm sɛ: “Obi reteam wɔ serɛ so sɛ: ‘Monsiesie Yehowa* kwan! Momma akwan a ɛda n’anim no nyɛ tee.’”+ 4 Ná Yohane hyɛ ataadeɛ a wɔde yoma nwi ayɛ, na na aboa nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene.+ Aduane a na ɔdi yɛ mmɛbɛ ne ɛwoɔ.*+ 5 Na nnipa firi Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Yordan mantam nyinaa mu kɔɔ ne nkyɛn,+ 6 na ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu,*+ na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne.
7 Berɛ a ɔhuu Farisifoɔ ne Sadukifoɔ+ bebree sɛ wɔreba baabi a ɔrebɔ asu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nhuritia* mma,+ hwan na ɔka kyerɛɛ mo sɛ monnwane abufuo a ɛreba no?+ 8 Ɛnneɛ monso aba a ɛkyerɛ sɛ moasakra mo adwene. 9 Ɛnsɛ sɛ mokeka kyerɛ mo ho sɛ, ‘Yɛn agya ne Abraham.’+ Na mereka akyerɛ mo sɛ, Onyankopɔn bɛtumi ama Abraham anya mma afiri aboɔ yi mu. 10 Akuma no da nnua no nhini ho dada. Enti dua biara a ɛnso aba pa no, wɔbɛtwa de agu gya mu.+ 11 Me deɛ, ɛsiane mo adwensakra nti,+ mede nsuo na ɛbɔ mo asu. Nanso deɛ ɔdi m’akyi reba no wɔ tumi sene me, na memfata sɛ mɛworɔ ne mpaboa.+ Ɔno na ɔde honhom kronkron ne egya+ bɛbɔ mo asu.+ 12 Ne sofi a ɔde hu hwiit so kura ne nsam, na ɔbɛpra n’ayuporobea hɔ fitafita, na waboaboa ne hwiit ano agu adekoradan mu, na ntɛtɛ no deɛ, ɔde egya+ a ɛnnum da bɛhye.”
13 Afei Yesu firii Galilea baa Yohane nkyɛn wɔ Yordan ho sɛ ɔmmɔ no asu.+ 14 Nanso Yohane yɛɛ sɛ ɔbɛsi no kwan, na ɔbisaa sɛ: “Me a ɛhia sɛ wobɔ me asu no, wo mmom na woreba me nkyɛn?” 15 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Saa berɛ yi deɛ pene so, na ɛno ne ɔkwampa a yɛbɛfa so adi deɛ ɛtene nyinaa so.” Enti wansi no kwan bio. 16 Berɛ a ɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ no, ntɛm ara na Yesu firii nsuo no mu pueeɛ, na hwɛ! ɔsoro bueeɛ,+ na ɔhuu Onyankopɔn honhom sɛ ɛresiane aba ne so te sɛ aburuburo.+ 17 Na hwɛ! Ɛnne bi firi soro+ kaa sɛ: “Wei ne me Ba,+ deɛ medɔ no na magye no atom.”+