Luka Twerɛtohɔ
3 Tiberio Kaesare ahennie afe a ɛtɔ so 15 mu no, na Pontio Pilato yɛ Yudea amrado. Ná Herode*+ di Galilea mantam so,* ɛnna ne nua Filipo nso di Iturea ne Trakoniti amantam so. Ná Lisania di Abilene mantam so, 2 ɛnna Anas ne Kaiafa+ nso yɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ. Saa berɛ no, Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane+ nkyɛn wɔ serɛ so.+
3 Enti ɔkɔɔ nkuro a atwa Yordan ho ahyia nyinaa mu kɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ sɛ, wɔmmɔ asu mfa nkyerɛ sɛ wɔasakra wɔn adwene wɔ wɔn bɔne ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn,+ 4 sɛdeɛ wɔatwerɛ no odiyifoɔ Yesaia nwoma mu sɛ: “Obi reteam wɔ serɛ so sɛ, ‘Monsiesie Yehowa* kwan! Momma akwan a ɛda n’anim no nyɛ tee.+ 5 Momma abɔn nyinaa nyɛ ma, na monnwiri mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ngu fam; akwan a akyea no, momma ɛnyɛ tee, na momma akwan a ɛyɛ mmonkyimmɔnka nyɛ toromtorom; 6 na ɔhonam nyinaa* bɛhunu Onyankopɔn nkwagyeɛ.’”*+
7 Ɛnna ɔka kyerɛɛ nnipadɔm a wɔreba sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ: “Nhuritia* mma, hwan na ɔka kyerɛɛ mo sɛ monnwane abufuo a ɛreba no?+ 8 Ɛnneɛ monso aba a ɛkyerɛ sɛ moasakra mo adwene. Ɛnsɛ sɛ mofiri aseɛ keka kyerɛ mo ho sɛ, ‘Yɛn agya ne Abraham.’ Na mereka akyerɛ mo sɛ, Onyankopɔn bɛtumi ama Abraham anya mma afiri aboɔ yi mu. 9 Nokorɛm no, akuma no da nnua no nhini ho dada. Enti dua biara a ɛnso aba pa no, wɔbɛtwa de agu gya mu.”+
10 Na nnipadɔm no bisaa no sɛ: “Ɛnneɛ, deɛn na yɛnyɛ?” 11 Na ɔbuaa wɔn sɛ: “Deɛ ɔwɔ ntaadeɛ mmienu no mma deɛ ɔnni bi no bi, na deɛ ɔwɔ biribi di no, ɔno nso nyɛ saa ara.”+ 12 Wɔn a wɔgyegye toɔ mpo baa sɛ ɔmmɔ wɔn asu,+ na wɔbisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, deɛn na yɛnyɛ?” 13 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛtoɔ a wɔatwa ato hɔ no, monnnye mmmoro so.”+ 14 Asraafoɔ nso bisaa no sɛ: “Deɛn na yɛnyɛ?” Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnteetee obiara,* na mommfa asɛm nnto obiara so.+ Mmom momma mo ani nsɔ deɛ mowɔ.”*
15 Saa berɛ no, na nnipa no rehwɛ Kristo no kwan. Ɛno nti, na wɔn nyinaa resusu Yohane ho wɔ wɔn akoma mu sɛ: “Gyama ɔno ne Kristo no anaa?”+ 16 Yohane buaa wɔn nyinaa sɛ: “Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asu, nanso deɛ ɔwɔ tumi sene me reba; ne mpaboa ahoma mpo memfata sɛ mesane.+ Ɔno na ɔde honhom kronkron ne egya bɛbɔ mo asu.+ 17 Ne sofi a ɔde hu hwiit so kura ne nsam, na ɔbɛpra n’ayuporobea hɔ fitafita, na waboaboa ne hwiit ano agu n’adekoradan mu, na ntɛtɛ no deɛ, ɔde gya a ɛnnum da bɛhye.”
18 Yohane san de afotuo bebree maa nkurɔfoɔ no, na ɔkɔɔ so kaa asɛmpa kyerɛɛ wɔn. 19 Ɛsiane ɔmantam sodifoɔ Herode ne ne nua yere Herodia asɛm no, ne nneɛma bɔne pii a Herode yɛeɛ nti, Yohane kaa n’anim. 20 Ɛno nti deɛ Herode san yɛ kaa ne bɔne ho ne sɛ, ɔkyee Yohane too afiase.+
21 Berɛ a Yohane bɔɔ nnipa no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu.+ Na berɛ a Yesu rebɔ mpaeɛ no, ɔsoro bueeɛ,+ 22 na honhom kronkron siane baa ne so te sɛ aburuburo, na nne bi firi soro baa sɛ: “Woyɛ me Ba a medɔ wo; magye wo atom.”+
23 Berɛ a Yesu+ hyɛɛ n’adwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfeɛ 30,+ na na nkurɔfoɔ bu no sɛ,
Yosef+ ba,
Heli ba,
24 Matat ba,
Lewi ba,
Melki ba,
Yanai ba,
Yosef ba,
25 Matatia ba,
Amos ba,
Nahum ba,
Esli ba,
Nagai ba,
26 Mahat ba,
Matatia ba,
Semein ba,
Yosek ba,
Yoda ba,
27 Yoanan ba,
Resa ba,
Serubabel+ ba,
Sealtiel+ ba,
Neri ba,
28 Melki ba,
Adi ba,
Kosam ba,
Elmadam ba,
Er ba,
29 Yesu ba,
Elieser ba,
Yorim ba,
Matat ba,
Lewi ba,
30 Simeon ba,
Yuda ba,
Yosef ba,
Yonam ba,
Eliakim ba,
31 Melea ba,
Mena ba,
Matata ba,
Natan+ ba,
Dawid+ ba,
Obed+ ba,
Boas+ ba,
Salmon+ ba,
Naason+ ba,
33 Aminadab ba,
Arni ba,
Hesron ba,
Peres+ ba,
Yuda+ ba,
Isak+ ba,
Abraham+ ba,
Tera+ ba,
Nahor+ ba,
Reu+ ba,
Peleg+ ba,
Eber+ ba,
Sela+ ba,
36 Kainan ba,
Arfaksad+ ba,
Sem+ ba,
Noa+ ba,
Lamek+ ba,
Enok ba,
Yared+ ba,
Mahalaleel+ ba,
Kainan+ ba,
Set+ ba,
Adam+ ba,
Onyankopɔn ba.