Yohane Twerɛtohɔ
1 Mfitiaseɛ no, na Asɛm no+ wɔ hɔ. Ná Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ,+ na na Asɛm no yɛ onyame.*+ 2 Wei na mfitiaseɛ no na ɔne Onyankopɔn wɔ hɔ. 3 Nneɛma nyinaa nam ne so na ɛbaeɛ,+ na adeɛ baako mpo ankwati no amma.
Deɛ ɛbaeɛ a 4 ɛnam ne so no yɛ nkwa, na nkwa no ne nnipa hann.+ 5 Na hann no hyerɛn sum mu,+ na sum no ntumi mmu mfaa so.
6 Ɔbarima bi baeɛ a Onyankopɔn somaa no sɛ ne nanmusini; na ne din de Yohane.+ 7 Ɔbarima yi baa sɛ ɔrebɛdi adanseɛ. Ɔbaa sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa ahodoɔ nyinaa bɛfa ne so agye adi. 8 Ná ɛnyɛ ɔno ne hann no,+ na mmom ɔbaa sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ.
9 Ná nokorɛ hann a ɛhyerɛn ma nnipa ahodoɔ nyinaa no rebɛba wiase.+ 10 Ná ɔwɔ wiase,+ na wiase nam ne so na ɛbaeɛ,+ nanso na wiase nnim no. 11 Ɔbaa ɔno ara ne kurom, nanso ɔno ara ne nkurɔfoɔ annye no. 12 Na wɔn a wɔgyee no no, ɔmaa wɔn nyinaa kwan sɛ wɔmmɛyɛ Onyankopɔn mma,+ ɛfiri sɛ wɔgyee ne din dii.+ 13 Na ɛnyɛ mogya anaa deɛ ɔhonam pɛ anaa deɛ ɔbarima pɛ so na wɔnam woo wɔn, na mmom ɛfiri Onyankopɔn.+
14 Enti Asɛm no bɛyɛɛ honam,+ na ɔbɛtenaa yɛn mu. Na yɛhuu n’animuonyam, animuonyam a agya de ma ne ba a ɔwoo no koro;+ na Onyankopɔn adom ne nokorɛ hyɛɛ no ma. 15 (Yohane dii ne ho adanseɛ, aane, ɔteaam sɛ: “Wei ne deɛ mekaa ne ho asɛm sɛ, ‘Deɛ ɔdi m’akyi reba no adi m’anim, ɛfiri sɛ na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.’”)+ 16 Adom a ahyɛ no ma nti, yɛn nyinaa anya adom pii* afiri ne hɔ. 17 Wɔnam Mose so na ɛde Mmara no maeɛ,+ na adom+ ne nokorɛ no deɛ, wɔnam Yesu Kristo so na ɛde maeɛ.+ 18 Onipa biara nhuu Onyankopɔn da;+ onyame+ a wɔwoo no koro a ɔwɔ Agya no nkyɛn*+ no, ɔno na wakyerɛ sɛdeɛ Agya no teɛ.+
19 Na Yudafoɔ no somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ firii Yerusalem baa Yohane nkyɛn bɛbisaa no sɛ: “Woyɛ hwan?”+ Wei ne adanseɛ a ɔde maeɛ. 20 Wamfa ansie, na mmom ɔkaa nokorɛ sɛ: “Ɛnyɛ mene Kristo no.” 21 Ɛnna wɔbisaa no sɛ: “Ɛnneɛ na woyɛ hwan? Wone Elia+ anaa?” Na ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ me a.” “Wone Odiyifoɔ no?”+ Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Daabi!” 22 Enti wɔbisaa no sɛ: “Woyɛ hwan? Ka kyerɛ yɛn, na yɛnnya biribi nkɔka nkyerɛ wɔn a wɔsomaa yɛn no. Ɛdeɛn na woka fa wo ho?” 23 Ɔkaa sɛ: “Mene deɛ ɔreteam* wɔ serɛ so sɛ, ‘Momma Yehowa* kwan nyɛ tee,’+ sɛdeɛ odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no.”+ 24 Wɔn a wɔsomaa wɔn no, na wɔfiri Farisifoɔ no nkyɛn. 25 Enti wɔbisaa no sɛ: “Sɛ ɛnyɛ wone Kristo no anaa Elia anaa Odiyifoɔ no a, ɛnneɛ adɛn nti na wobɔ nkurɔfoɔ asu?” 26 Yohane buaa wɔn sɛ: “Me deɛ, mebɔ nkurɔfoɔ asu wɔ nsuo mu. Nanso obi gyina mo mfimfini a monnim no; 27 ɔno ne deɛ ɔdi m’akyi reba no. Ne mpaboa ahoma mpo, memfata sɛ mesane.”+ 28 Weinom sii wɔ Betania wɔ Yordan agya, baabi a na Yohane rebɔ nkurɔfoɔ asu no.+
29 Adeɛ kyeeɛ no, ɔhuu sɛ Yesu reba ne nkyɛn, na ɔkaa sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn Adwammaa+ no nie, deɛ ɔyi wiase+ bɔne firi hɔ+ no! 30 Wei ho asɛm na mekaa sɛ: ‘Ɔbarima bi di m’akyi reba a wadi me kan, ɛfiri sɛ na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.’+ 31 Me mpo, na menni no. Nanso mebɛbɔɔ nkurɔfoɔ asu wɔ nsuo mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛyi no adi akyerɛ Israel.”+ 32 Yohane dii adanseɛ nso sɛ: “Mehuu sɛ honhom no resiane sɛ aburuburo firi soro, na ɛbɛsii ne so.*+ 33 Me mpo, na menni no. Nanso Onii a ɔsomaa me sɛ memmɛbɔ nkurɔfoɔ asu wɔ nsuo mu no, ɔno ara na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Deɛ wobɛhunu sɛ honhom no asiane abɛsi* ne so+ no, ɔno ne deɛ ɔbɔ asu honhom kronkron mu+ no.’ 34 Na mahunu, na madi ho adanseɛ sɛ, wei ne Onyankopɔn Ba no.”+
35 Adeɛ kyeeɛ no, na Yohane san gyina hɔ a n’asuafoɔ mmienu ka ne ho. 36 Berɛ a ɔhuu sɛ Yesu nam hɔ no, ɔkaa sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn Adwammaa+ no nie!” 37 Berɛ a asuafoɔ mmienu no tee deɛ ɔkaeɛ no, wɔkɔdii Yesu akyi. 38 Afei Yesu danee ne ho, na berɛ a ɔhuu sɛ wɔdi n’akyi no, ɔbisaa wɔn sɛ: “Deɛn na morehwehwɛ?” Ɛnna wɔbisaa no sɛ: “Rabi (a ne nkyerɛaseɛ ne “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ”), ɛhe na woteɛ?” 39 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra mmɛhwɛ.” Enti wɔkɔhuu baabi a ɔteɛ, na wɔtenaa ne nkyɛn saa da no; ná ɛbɛyɛ dɔn a ɛtɔ so du.* 40 Asuafoɔ mmienu a wɔtee deɛ Yohane kaeɛ a wɔdii Yesu akyi no, baako ne Simon Petro nua Andrea.+ 41 Deɛ ɛdi kan no, ɔhuu ɔno ara ne nua Simon, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahunu Mesia+ no” (a ne nkyerɛaseɛ ne “Kristo”), 42 na ɔdii n’anim kɔɔ Yesu nkyɛn. Berɛ a Yesu hwɛɛ no no, ɔkaa sɛ: “Wone Simon,+ Yohane ba; wɔbɛfrɛ wo Kefa” (a ne nkyerɛaseɛ ne “Petro”).+
43 Adeɛ kyeeɛ no, na Yesu pɛ sɛ ɔfiri hɔ kɔ Galilea. Na ɔhuu Filipo+ ka kyerɛɛ no sɛ: “Bɛdi m’akyi.” 44 Ná Filipo firi Betsaida, Andrea ne Petro kurom. 45 Filipo huu Natanael+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahunu deɛ Mose twerɛɛ ne ho asɛm wɔ Mmara no mu a Adiyifoɔ no nso twerɛɛ ne ho asɛm no: Yesu, Yosef+ ba a ɔfiri Nasaret no.” 46 Nanso Natanael bisaa no sɛ: “Biribi pa bi bɛtumi afiri Nasaret aba?” Filipo ka kyerɛɛ no sɛ: “Bra bɛhwɛ.” 47 Yesu hunuu sɛ Natanael reba ne nkyɛn, na ɔka faa ne ho sɛ: “Hwɛ, Israelni ankasa a nnaadaa nni ne mu nie.”+ 48 Natanael bisaa no sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na wohuu me?” Yesu buaa no sɛ: “Ansa na Filipo refrɛ wo, berɛ a wowɔ borɔdɔma dua no ase no, na mahu wo.” 49 Natanael ka kyerɛɛ no sɛ: “Rabi, wone Onyankopɔn Ba no, wone Israel Hene.”+ 50 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ka a meka kyerɛɛ wo sɛ mehuu wo wɔ borɔdɔma dua no ase nti na woagye adi yi? Wobɛhunu deɛ ɛkyɛn weinom.” 51 Ɔtoaa so ka kyerɛɛ no sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, mobɛhunu sɛ ɔsoro abue, na Onyankopɔn abɔfoɔ redi aforosiane wɔ onipa Ba no so.”+