Yohane Twerɛtohɔ
7 Wei akyi no, Yesu kɔɔ so kyini faa Galilea, na na ɔmpɛ sɛ ɔkyini Yudea, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no repɛ no aku no.+ 2 Nanso na Yudafoɔ Apata* Afahyɛ+ no abɛn. 3 Enti ne nua mmarima+ ka kyerɛɛ no sɛ: “Firi ha na kɔ Yudea sɛdeɛ ɛbɛyɛ a w’asuafoɔ no nso bɛhunu nnwuma a woreyɛ no bi. 4 Obiara nni hɔ a sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ adeɛ ma nkurɔfoɔ hu no a, ɔbɛyɛ no kokoam. Sɛ wotumi yɛ weinom a, ɛnneɛ fa wo ho kyerɛ wiase no.” 5 Asɛm no ara ne sɛ, na ne nua mmarima no nnye no nni.+ 6 Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me berɛ nnya nsoe,+ na mo deɛ, berɛ biara yɛ ma mo. 7 Wiase no nni biribiara a ɛbɛgyina so atan mo, na me deɛ, ɛtan me, ɛfiri sɛ medi adanseɛ sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.+ 8 Mo deɛ, monkɔ afahyɛ no ase, na me deɛ, mennya nkɔɔ afahyɛ yi ase, ɛfiri sɛ me berɛ nnya nsoe.”+ 9 Na berɛ a ɔkaa weinom kyerɛɛ wɔn wieeɛ no, ɔtenaa Galilea.
10 Nanso berɛ a ne nuanom kɔɔ afahyɛ no ase no, ɔno nso kɔe, nso wanyi ne ho adi. Mmom ɔde ne ho sieeɛ. 11 Enti Yudafoɔ no firii aseɛ hwehwɛɛ no wɔ afahyɛ no ase, na wɔbisaa sɛ: “Saa ɔbarima no wɔ he?” 12 Na huhuhuhu kɔɔ so wɔ nnipadɔm no mu wɔ Yesu ho. Ebinom kaa sɛ: “Ɔyɛ onipa pa.” Ɛnna ebi nso se: “Ɛnyɛ nokorɛ, mmom ɔdaadaa nnipadɔm no.”+ 13 Nanso Yudafoɔ no ho hu nti, obiara anyi n’anim anka ne ho asɛm.+
14 Berɛ a afahyɛ no duruu mfimfini no, Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ, na ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛeɛ. 15 Wei yɛɛ Yudafoɔ no nwanwa, na wɔkaa sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na onipa yi nim Twerɛnsɛm* no saa+ berɛ a ɔnkɔɔ sukuu* biara?”+ 16 Yesu nso buaa wɔn sɛ: “Deɛ mekyerɛkyerɛ no nyɛ me dea, na mmom ɛyɛ deɛ ɔsomaa me no dea.+ 17 Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn hɔ+ anaasɛ me ara na mebɔ me tirim kasa. 18 Obiara a ɔno ara bɔ ne tirim kasa no hwehwɛ ɔno ara n’animuonyam; na obiara a ɔhwehwɛ deɛ ɔsomaa no no animuonyam no,+ ɔno na ɔyɛ ɔnokwafoɔ, na deɛ ɛntene biara nni ne mu. 19 Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo Mmara+ no anaa? Nanso mo mu baako mpo nni Mmara no so. Adɛn nti na morepɛ me aku me?”+ 20 Nnipadɔm no buaa sɛ: “Wowɔ honhommɔne. Hwan na ɔrepɛ wo aku wo?” 21 Yesu buaa wɔn sɛ: “Adeɛ baako pɛ a meyɛeɛ na ayɛ mo nyinaa nwanwa yi? 22 Wei nti na Mose ama mo twetiatwa,*+ ɛnyɛ sɛ ɛfiri Mose berɛ so, na mmom ɛfiri agyanom berɛ so;+ na motwa nnipa twetia homeda. 23 Sɛ wɔtumi twa obi twetia homeda sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrento Mose Mmara no a, ɛnneɛ adɛn nti na mo bo afu me dendeenden sɛ mama obi ho atɔ no homeda?+ 24 Deɛ mo ani hunu na mogyina so bu atɛn; monnyae saa, na mommu atɛn wɔ tenenee mu.”+
25 Ɛnna Yerusalemfoɔ no bi firii aseɛ bisaa sɛ: “Ɛnyɛ ɔbarima yi na wɔrepɛ no aku no no?+ 26 Nanso hwɛ! ɔgyina nnipa mu rekasa, nso wɔnka hwee nkyerɛ no. Adɛn, atumfoɔ no abɛhunu sɛ ɔno ara ne Kristo no anaa? 27 Yɛnim baabi a ɔbarima yi firi;+ nanso Kristo no deɛ, sɛ ɔba a, ɛnsɛ sɛ obiara hunu baabi a ɔfiri.” 28 Na berɛ a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie hɔ no, ɔteaam sɛ: “Moni me, na monim baabi a mefiri nso. Ɛnyɛ me ara me pɛ na mede baeɛ.+ Mmom Deɛ ɔsomaa me no yɛ obi a ɔwɔ hɔ paa, nanso monni no.+ 29 Me deɛ, meni no,+ ɛfiri sɛ mebaa sɛ ne nanmusini, na Ɔno na ɔsomaa me.” 30 Enti wɔfirii aseɛ hwehwɛɛ kwan a wɔbɛfa so akye no,+ nanso obiara amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ na ne berɛ nnya nsoe.+ 31 Wei nyinaa akyi, nnipadɔm no mu pii gyee no dii.+ Na wɔkaa sɛ: “Sɛ Kristo no ba a, ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne asene deɛ ɔbarima yi ayɛ yi anaa?”
32 Farisifoɔ no tee sɛ nnipadɔm no reyɛ huhuhuhu keka nsɛm yi fa Yesu ho. Enti asɔfoɔ mpanimfoɔ no ne Farisifoɔ no somaa awɛmfoɔ sɛ wɔnkɔkye no. 33 Ɛnna Yesu kaa sɛ: “Mɛwɔ mo nkyɛn kakra ansa na makɔ Deɛ ɔsomaa me no nkyɛn.+ 34 Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhu me, na baabi a mewɔ no, morentumi mma hɔ.”+ 35 Ɛno nti, Yudafoɔ no kekaa wɔ wɔn mu sɛ: “Ɛhe na ɔbarima yi pɛ sɛ ɔkɔ a enti yɛrenhu no? Ɔpɛ sɛ ɔkɔ Yudafoɔ a wɔahwete Greecefoɔ mu no nkyɛn na ɔkɔkyerɛkyerɛ Greecefoɔ no anaa? 36 Asɛm a ɔkaeɛ yi kyerɛ sɛn, ‘Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhu me, na baabi a mewɔ no, morentumi mma hɔ’?”
37 Na ɛda a ɛtwa toɔ a ɛyɛ afahyɛ no+ da kɛseɛ no, Yesu sɔre gyinaa hɔ, na ɔteaam sɛ: “Sɛ sukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn mmɛnom nsuo.+ 38 Obiara a ɔgye me die no, sɛdeɛ twerɛsɛm no aka no: ‘Ne mu tɔnn na nkwa asubɔnten bɛtene afiri.’”+ 39 Nanso honhom+ no na na ɔreka ho asɛm, honhom a na wɔn a wɔgye no die no rebɛnya no. Saa berɛ no, na honhom no nnya mmae, ɛfiri sɛ na wɔnhyɛɛ Yesu animuonyam.+ 40 Ɛnna nnipadɔm no mu bi a wɔtee nsɛm yi firii aseɛ kaa sɛ: “Ampa, wei ne Odiyifoɔ+ no.” 41 Ná ebi nso reka sɛ: “Wei ne Kristo no.”+ Ɛnna ebinom rebisa sɛ: “Galilea na Kristo no bɛfiri aba anaa?+ 42 Twerɛnsɛm no se, Dawid+ aseni no mu na Kristo no bɛfiri aba, na ɔbɛfiri Betlehem+ na aba, akuraa a na Dawid te mu+ no, ɛnte saa?” 43 Na ne nti, nnipadɔm no mu kyɛe. 44 Ná wɔn mu bi pɛ sɛ wɔkye no, nanso obiara amfa ne nsa anka no.
45 Enti awɛmfoɔ no san kɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no ne Farisifoɔ no hɔ, na wɔbisaa awɛmfoɔ no sɛ: “Adɛn nti na moamfa no amma?” 46 Awɛmfoɔ no buaa sɛ: “Obiara nkasaa saa da.”+ 47 Ɛnna Farisifoɔ no bisaa wɔn sɛ: “Mo nso wɔadaadaa mo anaa? 48 Atumfoɔ no anaa Farisifoɔ no bi agye no adi anaa?+ 49 Na nnipadɔm yi a wɔnnim Mmara no, wɔadome wɔn.” 50 Ɛnna Nikodemo, Farisini a berɛ bi ɔkɔɔ Yesu nkyɛn no bisaa wɔn sɛ: 51 “Sɛ yɛnnii kan ntiee obi anom asɛm nhunuu deɛ ɔreyɛ a, yɛn Mmara tumi bu no atɛn anaa?”+ 52 Wɔbuaa no sɛ: “Adɛn, wo nso wofiri Galilea anaa? Hwehwɛ mu hwɛ, na wobɛhunu sɛ odiyifoɔ biara nni hɔ a ɔbɛfiri Galilea aba.”*