Yohane Twerɛtohɔ
8 12 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio sɛ: “Mene wiase hann.+ Obiara a ɔdi m’akyi no rennante sum mu da, mmom ɔbɛnya nkwa hann.”+ 13 Enti Farisifoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara na wodi wo ho adanseɛ; w’adanseɛ no nyɛ nokorɛ.” 14 Na Yesu buaa wɔn sɛ: “Sɛ me ara na medi me ho adanseɛ mpo a, m’adanseɛ no yɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ menim baabi a mefiri baeɛ ne baabi a merekɔ.+ Na mo deɛ, monnim baabi a mefiri baeɛ ne baabi a merekɔ. 15 Nnipa adwene* na mode bu atɛn;+ me deɛ, memmu onipa biara atɛn koraa. 16 Na sɛ mebu atɛn mpo a, m’atemmuo yɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ ɛnyɛ me nko ara na mewɔ hɔ, na mmom Agya a ɔsomaa me no ka me ho.+ 17 Afei nso, wɔatwerɛ wɔ mo ara mo Mmara mu sɛ: ‘Nnipa mmienu adanseɛ yɛ nokorɛ.’+ 18 Medi me ho adanseɛ, na Agya a ɔsomaa me no nso di me ho adanseɛ.”+ 19 Na wɔbisaa no sɛ: “Ɛhe na w’Agya wɔ?” Yesu buaa sɛ: “Monnim me, na saa ara nso na monnim m’Agya.+ Sɛ monim me a, anka mobɛhunu m’Agya nso.”+ 20 Berɛ a ɔrekyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie hɔ no na ɔkaa weinom wɔ baabi a wɔyi ntoboa+ no. Nanso obiara ankye no, ɛfiri sɛ na ne berɛ nnya nsoe.+
21 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn bio sɛ: “Merekɔ, na mobɛhwehwɛ me, nanso mobɛwu wɔ mo bɔne mu.+ Baabi a merekɔ no, morentumi mma hɔ.”+ 22 Ɛnna Yudafoɔ no firii aseɛ kaa sɛ: “Adɛn, ɔpɛ sɛ ɔku ne ho anaa? Ɛfiri sɛ ɔse, ‘Baabi a merekɔ no, morentumi mma hɔ.’” 23 Ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mofiri fam; me deɛ, mefiri soro.+ Mofiri wiase yi mu; me deɛ, memfiri wiase yi mu. 24 Ɛno nti na meka kyerɛɛ mo sɛ: Mobɛwu wɔ mo bɔne mu no. Na sɛ moannye anni sɛ mene no a, ɛnneɛ mobɛwu wɔ mo bɔne mu.” 25 Ɛnna wɔbisaa no sɛ: “Wone hwan?” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti koraa na me ne mo rekasa? 26 Mewɔ nsɛm pii a ɛsɛ sɛ meka fa mo ho, na mewɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ mebu ho atɛn. Nokwasɛm nie, Deɛ ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafoɔ, na deɛ mete firii ne nkyɛn no ara na mereka wɔ wiase.”+ 27 Wɔante aseɛ sɛ Agya no ho asɛm na na ɔreka akyerɛ wɔn. 28 Na Yesu kaa sɛ: “Sɛ monya ma onipa Ba no so+ a, ɛno na mobɛhunu sɛ mene no,+ na memmɔ me tirim nyɛ biribiara;+ na deɛ Agya no akyerɛkyerɛ me no, ɛno ara na meka. 29 Na Deɛ ɔsomaa me no ka me ho; wannya me nko ara, ɛfiri sɛ daa meyɛ deɛ ɛsɔ n’ani.”+ 30 Berɛ a ɔreka saa nsɛm no, nnipa pii gyee no dii.
31 Na Yesu toaa so ka kyerɛɛ Yudafoɔ a na wɔagye no adi no sɛ: “Sɛ motena m’asɛm mu a, na moyɛ m’asuafoɔ ampa, 32 na mobɛhunu nokorɛ no,+ na nokorɛ no bɛyi mo afiri nkoasom mu.”*+ 33 Wɔbuaa no sɛ: “Yɛyɛ Abraham asefoɔ, na yɛnyɛɛ nkoa mmaa obiara da. Adɛn nti na woka sɛ, ‘Wɔbɛyi mo afiri nkoasom mu?”* 34 Yesu buaa wɔn sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔyɛ bɔne no, ɔyɛ bɔne akoa.+ 35 Afei nso, akoa nka fie daa; ɔba na ɔka fie daa. 36 Enti sɛ Ɔba no yi mo firi nkoasom mu* a, ɛnneɛ na monyɛ nkoa bio* ampa. 37 Menim sɛ moyɛ Abraham asefoɔ. Nanso morepɛ me aku me, ɛfiri sɛ monnye me nkyerɛkyerɛ ntom.* 38 Deɛ mehunuiɛ berɛ a mewɔ m’Agya nkyɛn no,+ ɛno na meka; na mo nso, deɛ moate afiri mo agya hɔ no, ɛno na moyɛ.” 39 Wɔbuaa no sɛ: “Yɛn agya ne Abraham.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ moyɛ Abraham mma+ a, anka mobɛyɛ Abraham nnwuma. 40 Nanso seesei morepɛ me aku me, onipa a maka nokorɛ a mete firii Onyankopɔn nkyɛn akyerɛ mo no.+ Abraham anyɛ wei. 41 Mo agya nnwuma na moreyɛ.” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔanwo yɛn adwamammɔ* mu; yɛwɔ Agya baako, ɔno ne Onyankopɔn.”
42 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ Onyankopɔn yɛ mo Agya a, anka mobɛdɔ me,+ ɛfiri sɛ mefiri Onyankopɔn hɔ na aba ha. Ɛnyɛ me ara na mede me pɛ baeɛ, na mmom Ɔno na ɔsomaa me.+ 43 Adɛn nti na monte deɛ mereka no ase? Ɛfiri sɛ montumi ntie m’asɛm. 44 Mofiri mo agya Ɔbonsam hɔ, na mopɛ sɛ moyɛ mo agya+ no apɛdeɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifoɔ firi mfitiaseɛ,+ na wannyina nokorɛ no mu, ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne suban, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.+ 45 Na me deɛ, ɛsiane sɛ meka nokorɛ kyerɛ mo nti, monnye me nni. 46 Mo mu hwan na ɔbɛtumi abu me atɛn sɛ mayɛ bɔne? Sɛ meka nokorɛ a, adɛn nti na monnye me nni? 47 Deɛ ɔfiri Onyankopɔn no tie Onyankopɔn asɛm.+ Deɛ enti a montie ne sɛ, momfiri Onyankopɔn.”+
48 Ɛnna Yudafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ yɛkaeɛ no na ɛda hɔ no, ‘Woyɛ Samariani,+ na wowɔ honhommɔne.’”+ 49 Yesu buaa sɛ: “Menni honhommɔne, na mmom medi m’Agya ni, na mo deɛ, mogu m’anim ase.* 50 Nanso menhwehwɛ animuonyam mma me ho;+ Onyankopɔn na ɔpɛ sɛ menya animuonyam, na Ɔno na ɔbu atɛn. 51 Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛdi m’asɛm so no, ɔrenwu da.”*+ 52 Yudafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Afei paa na yɛahunu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham wui, na adiyifoɔ no nso saa ara. Nanso wo deɛ, wose, ‘Obiara a ɔbɛdi m’asɛm so no, ɔrenka owuo nhwɛ koraa.’ 53 Woyɛ kɛseɛ sene yɛn agya Abraham a ɔwuiɛ no anaa? Adiyifoɔ no nso, wɔwuwui. Wosusu sɛ woyɛ hwan?” 54 Yesu buaa sɛ: “Sɛ me ara mehyɛ me ho animuonyam a, m’animuonyam no nyɛ hwee. Ɛyɛ m’Agya na ɔhyɛ me animuonyam,+ deɛ moka sɛ ɔyɛ mo Nyankopɔn no. 55 Nanso monni no,+ na me deɛ, meni no.+ Sɛ meka sɛ menni no a, na meyɛ ɔtorofoɔ te sɛ mo. Nanso meni no, na medi n’asɛm so. 56 Ná mo agya Abraham wɔ anidasoɔ sɛ ɔbɛhu me da no, na n’ani gyee paa; ɔhunui, na ɔdii ahurisie.”+ 57 Ɛnna Yudafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wonnii mfeɛ 50 mpo na wose woahu Abraham yi?” 58 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, ansa na Abraham reba no, na mewɔ hɔ.”+ 59 Ɛno nti, wɔtasee aboɔ sɛ wɔrebɛtoto aboro no; nanso Yesu de ne ho sieeɛ, na ɔfirii asɔrefie hɔ kɔe.