Marko Twerɛtohɔ
8 Nna no mu no, ɛbaa bio sɛ nnipadɔm pii baa Yesu nkyɛn, na na wɔnni hwee a wɔbɛdi. Enti Yesu frɛɛ asuafoɔ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 2 “Nnipadɔm yi yɛ me mmɔbɔ,+ ɛfiri sɛ wɔatena me nkyɛn nnansa nie, na wɔnni hwee a wɔbɛdie.+ 3 Sɛ megya wɔn kwan sɛ wɔmfa kɔm nkɔ wɔn fie a, wɔbɛtwitwa ahwe wɔ kwan so; wɔn mu bi koraa nso firi akyirikyiri.” 4 Na n’asuafoɔ no bisaa no sɛ: “Sɛdeɛ ɛha ate ne ho yi, ɛhe na yɛbɛnya paanoo a ɛbɛso nnipa yi?” 5 Ɛnna ɔbisaa wɔn sɛ: “Paanoo sɛn na mowɔ?” Wɔkaa sɛ: “Nson.”+ 6 Na ɔmaa nnipadɔm no tenatenaa fam. Afei ɔfaa paanoo nson no, na ɔdaa Onyankopɔn ase. Ɛnna ɔbubuu mu, na ɔfirii aseɛ kyekyɛ maa n’asuafoɔ no sɛ wɔnkyekyɛ, na wɔkyekyɛ maa nnipadɔm no.+ 7 Ná wɔwɔ mpataa kakra bi nso wɔ hɔ, enti ɔhyiraa so, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkyekyɛ ɛno nso. 8 Enti wɔdi mee, na berɛ a wɔsesaa aseɛ mporoporowaa no, ɛyɛɛ nkɛntɛn akɛseɛ nson mama.+ 9 Ná mmarima a wɔwɔ hɔ bɛyɛ 4,000. Na ɔgyaa wɔn kwan.
10 Berɛ a ɔwieeɛ ara pɛ, ɔne n’asuafoɔ no kɔtenaa kodoɔ no mu, na ɔkɔɔ Dalmanuta mpɔtamu.+ 11 Ɛha na Farisifoɔ no baeɛ, na wɔfirii aseɛ ne no gyee akyinnyeɛ, na wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ sɛnkyerɛnne bi a ɛfiri soro nkyerɛ wɔn. Wɔyɛɛ saa de sɔɔ no hwɛe.+ 12 Wei nti, ne werɛ hoo paa, na ɔkaa sɛ: “Adɛn nti na awoɔ ntoatoasoɔ yi+ hwehwɛ sɛnkyerɛnne?+ Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, wɔremma awoɔ ntoatoasoɔ yi sɛnkyerɛnne biara.” 13 Ɛnna ɔgyaa wɔn hɔ san kɔtenaa kodoɔ no mu, na ɔfirii hɔ kɔɔ asuogya.
14 Wɔn werɛ fii sɛ wɔbɛfa paanoo. Ná wɔnni hwee wɔ wɔn ho wɔ kodoɔ no mu, gye paanoo baako.+ 15 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn pen sɛ: “Momma mo ani nna hɔ, na monhwɛ yie wɔ Farisifoɔ ne Herode mmɔka* ho.”+ 16 Enti wɔfirii aseɛ kasakasaa wɔ paanoo a wɔamfa no ho. 17 Berɛ a Yesu huu saa no, ɔbisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na paanoo a moamfa nti morekasakasa? Enti deɛ mereka ho asɛm no, monnya nhunui? Monnya ntee aseɛ? 18 ‘Mowɔ ani, nso monhunu adeɛ, na mowɔ aso, nso monte asɛm.’ Adɛn, monkae? 19 Berɛ a mebubuu paanoo nnum+ mu maa nnipa 5,000 no, aseɛ mporoporowaa nkɛntɛn dodoɔ sɛn na mosesaeɛ?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Dumienu.”+ 20 “Berɛ a mebubuu paanoo nson mu maa nnipa 4,000 no, aseɛ mporoporowaa nkɛntɛn akɛseɛ dodoɔ sɛn na mosesaeɛ?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nson.”+ 21 Ɛnna ɔbisaa wɔn sɛ: “Monnya nhuu deɛ ɛkyerɛ?”
22 Afei wɔkɔduruu Betsaida. Ɛha na wɔde ɔbarima bi a n’ani afira brɛɛ no, na wɔpaa no kyɛw sɛ ɔmfa ne nsa nka no.+ 23 Ɛnna ɔsɔɔ nifirani no nsa de no kɔɔ kuro no akyi. Na ɔtee ntasuo guu n’ani so,+ na ɔde ne nsa guu ne so bisaa no sɛ: “Deɛn na wohunu?” 24 Ɔbarima no maa n’ani so, na ɔkaa sɛ: “Mehunu sɛ nnipa nenam hɔ, nanso wɔte sɛ nnua.” 25 Ɛnna ɔsan de ne nsa too ɔbarima no ani so, na ɔbarima no huu adeɛ yie. N’ani no bueeɛ, na ɔhuu biribiara kann. 26 Enti Yesu maa no kɔɔ fie, na ɔkaa sɛ: “Nkɔ kuro no mu.”
27 Ɛnna Yesu ne n’asuafoɔ no firii hɔ kɔɔ Kaesarea Filipi nkuraaseɛ. Berɛ a wɔnam kwan so no, ɔfirii aseɛ bisaa n’asuafoɔ no sɛ: “Nkurɔfoɔ se mene hwan?”+ 28 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ebinom se Yohane Suboni,+ ebinom se Elia,+ ɛnna ebinom nso se adiyifoɔ no mu baako.” 29 Ɛnna ɔsan bisaa wɔn sɛ: “Na mo nso ɛ, mose meyɛ hwan?” Petro buaa no sɛ: “Wone Kristo no.”+ 30 Ɛnna ɔbaraa wɔn dendeenden sɛ wɔnnka ne ho asɛm nnkyerɛ obiara.+ 31 Afei nso, ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ, ɛsɛ sɛ onipa Ba no hunu amane pii na mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no po no, na wɔku no,+ na ne nnansa so wasɔre.+ 32 Nokorɛm no, ɔkaa saa asɛm no maa obiara tee. Na Petro de no kɔɔ nkyɛn, na ɔfirii aseɛ kaa n’anim.+ 33 Ɛnna Yesu danee ne ho hwɛɛ n’asuafoɔ no, na ɔkaa Petro anim sɛ: “Firi me so, Satan! ɛfiri sɛ wonnwene Onyankopɔn adwene, na mmom nnipa adwene.”+
34 Ɛnna ɔfrɛɛ nnipakuo no ne n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi m’akyi a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ deɛ ɔno ara pɛ bio. Mmom ɔmfa n’asɛndua* na ɔnni m’akyi daa.+ 35 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔkora ne nkwa* so no, ɛbɛfiri ne nsa, na obiara a me ne asɛmpa no nti ɔbɛhwere ne nkwa* no, ne nsa bɛka.+ 36 Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne nkwa* a, mfasoɔ bɛn paa na ɔbɛnya?+ 37 Ɛdeɛn koraa na onipa de bɛsesa ne nkwa?*+ 38 Na obiara a ɔbɛma n’ani awu me ne me nsɛm ho wɔ saa awoɔ ntoatoasoɔ awaresɛefoɔ* ne abɔnefoɔ yi mu no, ɔno nso, sɛ onipa Ba no ba n’Agya animuonyam mu a abɔfo kronkron+ ka ne ho a, ne ho bɛyɛ onipa Ba no aniwu.”+