Yohane Twerɛtohɔ
10 “Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔmfa ɛpono ano nkɔ nnwammuo no mu, na ɔforo fa baabi foforɔ no, saa onipa no yɛ korɔmfoɔ ne obi a ɔfom nneɛma.+ 2 Na deɛ ɔfa ɛpono ano ba mu no, ɔno ne nnwan no hwɛfoɔ.+ 3 Ɔno na ɛpono ano hwɛfoɔ no bue no,+ na nnwan no tie ne nne.+ Ɔbobɔ ɔno ara ne nnwan din frɛ wɔn, na ɔdi wɔn anim de wɔn pue. 4 Sɛ ɔde ne nnwan no nyinaa pue a, ɔdi wɔn anim, na nnwan no di n’akyi, ɛfiri sɛ wɔnim ne nne. 5 Ɔhɔhoɔ deɛ, wɔrenni n’akyi da. Mmom, wɔbɛdwane afiri ne nkyɛn, ɛfiri sɛ wɔnnim ahɔhoɔ nne.” 6 Yesu yɛɛ saa ntotoho yi kyerɛɛ wɔn, nanso wɔante asɛm a na ɔreka akyerɛ wɔn no ase.
7 Enti Yesu kaa bio sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, mene nnwan no pono no.+ 8 Wɔn a wɔde me din aba nyinaa yɛ awifoɔ ne akorɔmfo-werɛmfoɔ; na nnwan no antie wɔn. 9 Mene ɛpono no; obiara a ɔfa me so kɔ mu no, wɔbɛgye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu na waba na wanya adidibea.+ 10 Korɔmfoɔ remma, gye sɛ ɔrebɛwia adeɛ, adi awu, na wasɛe adeɛ.+ Me deɛ, maba sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya nkwa, na wɔanya ama aboro so. 11 Mene odwanhwɛfoɔ pa+ no; odwanhwɛfoɔ pa de ne nkwa* to hɔ ma nnwan no.+ 12 Ɔpaani a ɔnyɛ odwanhwɛfoɔ, a nnwan no nyɛ ne dea no, sɛ ɔhu sɛ pataku reba a, ɔgya nnwan no hɔ dwane, na pataku no kye nnwan no, na ɔbɔ wɔn hwete. 13 Deɛ enti a ɔpaani no dwane ne sɛ, paa na wɔabɔ no, enti nnwan no ho nhia no. 14 Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Menim me nnwan, na me nnwan nso nim me;+ 15 ɛte sɛ deɛ Agya no nim me, na me nso minim Agya no+ ara pɛ. Na mede me nkwa* to hɔ ma nnwan no.+
16 “Mewɔ nnwan foforɔ a wɔmfiri ban yi mu;+ wɔn nso, ɛsɛ sɛ mede wɔn ba mu. Wɔbɛtie me nne, na wɔabɛyɛ kuo baako anya ɔhwɛfoɔ baako.+ 17 Wei nti na Agya no dɔ me,+ ɛfiri sɛ mede me nkwa* to hɔ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me nsa bɛka bio. 18 Obiara rennye mfiri me nsam, na mmom me ara na mede to hɔ. Mewɔ tumi sɛ mede to hɔ, na mewɔ tumi nso sɛ mesan fa.+ M’Agya na ɔde saa ahyɛdeɛ yi maa me.”
19 Asɛm yi nti, Yudafoɔ no mu paapaee+ bio. 20 Wɔn mu pii kaa sɛ: “Ɔwɔ honhommɔne, na wabɔ dam. Adɛn nti na motie no?” 21 Ebinom nso kaa sɛ: “Wei nyɛ nsɛm a ɛfiri obi a ɔwɔ honhommɔne hɔ. Mohwɛ a, honhommɔne bɛtumi abue anifirafoɔ ani ama no ayɛ yie?”
22 Saa berɛ no, na Asɔrefie-So-Hyira Afahyɛ* no rekɔ so wɔ Yerusalem. Ná ɛyɛ awɔ berɛ, 23 na na Yesu nenam asɔrefie hɔ wɔ Solomon abrannaa+ no so. 24 Ɛnna Yudafoɔ no kɔtwaa ne ho hyiaeɛ, na wɔfirii aseɛ bisaa no sɛ: “Wobɛma yɛatwɛn* akɔsi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, ka no pen kyerɛ yɛn.” 25 Yesu buaa wɔn sɛ: “Maka akyerɛ mo, nanso monnye nni. Nnwuma a meyɛ wɔ m’Agya din mu no, ɛno na ɛdi me ho adanseɛ.+ 26 Nanso monnye nni, ɛfiri sɛ monyɛ me nnwan.+ 27 Me nnwan tie me nne, na menim wɔn, na wɔdi m’akyi.+ 28 Mɛma wɔn daa nkwa,+ na wɔrensɛe wɔn da, na obiara renhwim wɔn mfiri me nsam.+ 29 Nnwan a m’Agya de ama me no som bo sene ade foforɔ biara, na obiara rentumi nhwim wɔn mfiri Agya no nsam.+ 30 Me ne Agya no yɛ baako.”*+
31 Ɛnna Yudafoɔ no sesaa aboɔ bio sɛ wɔrebɛtoto aboro no. 32 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mayɛ nnwuma pa pii a ɛfiri Agya no nkyɛn akyerɛ mo. Nnwuma no mu deɛ ɛwɔ he nti na morebɛsi me aboɔ yi?” 33 Yudafoɔ no buaa no sɛ: “Ɛnyɛ adwuma pa bi nti na yɛrebɛsi wo aboɔ, na mmom abususɛm a woaka+ ntira; ɛfiri sɛ woyɛ onipa, nanso woyɛ wo ho onyame.” 34 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔntwerɛɛ wɔ mo Mmara mu sɛ, ‘Mekaa sɛ: “Moyɛ anyame”’?+ 35 Na yɛnim sɛ wosesa twerɛsɛm no a, ɛrenyɛ yie. Enti sɛ Onyankopɔn frɛɛ wɔn a n’asɛm kasa tiaa wɔn no mpo ‘anyame’+ a, 36 ɛnneɛ me a Agya no ate me ho, na wasoma me aba wiase no, adɛn nti na moka kyerɛ me sɛ, ‘Woka abususɛm’ ɛsiane sɛ mekaa sɛ, ‘Meyɛ Onyankopɔn Ba’+ nti? 37 Sɛ menyɛ m’Agya nnwuma a, monnnye me nnni. 38 Na sɛ meyɛ m’Agya nnwuma a, ɛnneɛ, sɛ me na monnye me nni a, monnye nnwuma+ no nni, na moahunu, na moakɔ so ahunu sɛ Agya no wɔ me mu na me nso mewɔ Agya no mu.”+ 39 Enti wɔsan yɛɛ sɛ wɔrekye no, nanso ɔfirii hɔ kɔe a wɔn nsa anka no.
40 Na ɔsiim bio kɔtwaa Yordan, na ɔkɔɔ baabi a kane no na Yohane bɔ nkurɔfoɔ asu+ no, na ɔtenaa hɔ. 41 Na nnipa bebree baa ne nkyɛn, na wɔfirii aseɛ kaa sɛ: “Yohane anyɛ sɛnkyerɛnne baako mpo, nanso deɛ Yohane ka faa ɔbarima yi ho nyinaa yɛ nokorɛ.”+ 42 Na nnipa pii gyee no dii wɔ hɔ.