Mateo Twerɛtohɔ
24 Berɛ a Yesu firii asɔrefie hɔ a ɔrekɔ no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛkyerɛɛ no adan a ɛwɔ asɔrefie hɔ no. 2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moahu weinom nyinaa? Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ adeɛ a wɔbɛgya ɛboɔ a ɛda boɔ so wɔ ha; wɔbɛdwiri ne nyinaa agu fam.”+
3 Berɛ a ɔte Ngodua Bepɔ* so no, asuafoɔ no baa ne nkyɛn kokoam bɛkaa sɛ: “Ka kyerɛ yɛn, berɛ bɛn na weinom bɛba mu, na deɛn na ɛbɛyɛ wo mmaeɛ*+ ho sɛnkyerɛnne, na sɛ wiase yi* awieeɛ berɛ no duru a, ɛdeɛn na ɛbɛyɛ ho sɛnkyerɛnne?”+
4 Ɛnna Yesu buaa wɔn sɛ: “Monhwɛ yie na obiara annaadaa mo,+ 5 ɛfiri sɛ nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ, ‘Mene Kristo no,’ na wɔbɛdaadaa nnipa bebree.+ 6 Mobɛte ɛko, ne ɛko ho nsɛm.* Monhwɛ na moammɔ hu, ɛfiri sɛ ɛsɛ sɛ weinom sisi, nanso na awieeɛ no nnya nnurui.+
7 “Na ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahennie asɔre atia ahennie,+ na ɛkɔm+ ne asaasewosoɔ bɛba mmeammea.+ 8 Weinom nyinaa yɛ awoɔ mu yea* mfitiaseɛ.
9 “Na nkurɔfoɔ bɛteetee mo*+ na wɔaku mo,+ na me din nti aman nyinaa bɛtan mo.+ 10 Afei nso, nnipa bebree gyidie bɛsa,* na wɔbɛyiyi wɔn ho ama, na wɔatentan wɔn ho. 11 Atorɔ adiyifoɔ bebree bɛsɔre, na wɔbɛdaadaa nnipa pii;+ 12 na amumuyɛ* a ɛbɛdɔɔso nti, nnipa dodoɔ no ara dɔ ano bɛdwo. 13 Na deɛ ɔbɛmia n’ani agyina mu akɔsi awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.+ 14 Na wɔbɛka Ahennie no ho asɛmpa yi wɔ asaase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanseɛ;+ ɛno ansa na awieeɛ no bɛba.
15 “Enti sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man a odiyifoɔ Daniel kaa ho asɛm no sɛ ɛgyina kronkronbea hɔ a+ (ma deɛ ɔkenkan no mfa nhunumu nyɛ adwuma), 16 ɛnneɛ momma wɔn a wɔwɔ Yudea mfiri aseɛ nnwane nkɔ mmepɔ so.+ 17 Mma deɛ ɔwɔ ɛdan atifi no nnsi fam mmmɛfa ne nneɛma wɔ ne fie, 18 na mma deɛ ɔwɔ afuo mu no nnsan mmma sɛ ɔrebɛfa n’ataadeɛ ngugusoɔ. 19 Saa nna no mu no, mmaa a wɔanyinsɛn ne wɔn a wɔma nufoɔ nnue! 20 Monkɔ so mmɔ mpaeɛ na berɛ a mode bɛdwane no ansi awɔ berɛ mu anaa Homeda, 21 ɛfiri sɛ ahohiahia kɛseɛ+ a ɛfiri wiase mfitiaseɛ bɛsi nnɛ, ebi mmaa da, na ebi nso remma bio bɛba.+ 22 Nokorɛm no, sɛ wɔantwa nna no so a, ɔhonam biara nni hɔ a wɔbɛgye no nkwa; nanso wɔn a wɔayi wɔn no nti, wɔbɛtwa nna no so.+
23 “Na sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Hwɛ! Kristo no wɔ ha,’+ anaa ‘Ɛhɔ!’ a, monnnye nnni.+ 24 Na atorɔ Kristo ne atorɔ adiyifoɔ bɛsɔre,+ na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne akɛseɛ ne anwanwadeɛ de adaadaa nkurɔfoɔ,+ na sɛ ɛbɛyɛ yie a, wɔadaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo. 25 Hwɛ! madi kan abɔ mo kɔkɔ. 26 Enti sɛ nkurɔfoɔ ka kyerɛ mo sɛ, ‘Hwɛ! Ɔwɔ serɛ so’ a, monnkɔ; wɔka sɛ, ‘Hwɛ! Ɔwɔ dan mu’ a, monnnye nnni.+ 27 Na sɛdeɛ anyinam pae firi apueeɛ na ɛhyerɛn kɔ atɔeɛ no, saa ara na onipa Ba no mmaeɛ* bɛyɛ.+ 28 Baabiara a efunu wɔ no, ɛhɔ na akɔdeɛ bɛboaboa wɔn ho ano.+
29 “Ahohiahia a ɛbɛba saa nna no mu akyi pɛɛ no, awia bɛduru sum,+ na bosome renhyerɛn, na nsoromma bɛfiri soro ahwehwe fam, na wɔbɛwoso ɔsoro ahoɔden.+ 30 Na onipa Ba no ho sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro, na asaase so mmusuakuo nyinaa bɛdi awerɛhoɔ,+ na wɔbɛhunu sɛ onipa Ba+ no nam ɔsoro mununkum mu de tumi ne animuonyam kɛseɛ reba.+ 31 Na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ ama wɔde totorobɛnto nnyegyeeɛ kɛseɛ aba, na wɔbɛboaboa wɔn a wayi wɔn no ano afiri mframa nnan no mu, afiri ɔsoro ano akɔsi ano nohoa.+
32 “Afei monsua biribi mfiri borɔdɔma dua ho mfatoho yi mu: Sɛ ɛnya fefɛ na ɛyiyi nhaban ara pɛ a, na monim sɛ ahuhuro berɛ abɛn.+ 33 Saa ara na mo nso, sɛ mohunu weinom nyinaa a, monhunu sɛ wabɛn, na waduru pono ano.+ 34 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, saa awoɔ ntoatoasoɔ yi rentwam da kɔsi sɛ weinom nyinaa bɛba mu. 35 Ɔsoro ne asaase bɛtwam, nanso me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.+
36 “Ɛdefa saa da no ne dɔn no ho deɛ, obiara nnim,+ ɔsoro abɔfoɔ ne Ɔba no nso nnim, gye Agya no nko ara.+ 37 Na sɛdeɛ na Noa nna no teɛ no,+ saa ara na onipa Ba no mmaeɛ* bɛyɛ.+ 38 Nna a ɛdii Nsuyire no anim no, wɔdidii na wɔnomee, mmarima warewaree, na wɔde mmaa memaa awareɛ kɔsii da a Noa kɔɔ adaka no mu,+ 39 na wɔanhunu kɔsii sɛ Nsuyire no ba bɛpraa wɔn nyinaa kɔeɛ.+ Saa ara na onipa Ba no mmaeɛ nso bɛyɛ. 40 Ɛnna mmarima mmienu bɛkɔ afuo mu; wɔbɛfa baako akɔ na wɔagya baako. 41 Mmaa mmienu bɛyam adeɛ wɔ ɛboɔ* so; wɔbɛfa baako akɔ na wɔagya baako.+ 42 Enti monkɔ so nwɛn, ɛfiri sɛ monnim da ko a mo Wura bɛba.+
43 “Na monhunu wei: Sɛ efiewura nim berɛ korɔ a ɔkorɔmfoɔ bɛba anadwo a,+ anka ɔwɛnee na wannya kwan ammɛbu ne fie amma mu.+ 44 Wei nti, mo nso monyɛ krado,*+ ɛfiri sɛ berɛ* a monhwɛ kwan na onipa Ba no bɛba.
45 “Hwan koraa ne akoa nokwafoɔ ne ɔbadwemma* a ne wura de no asi n’asomfoɔ so sɛ ɔmma wɔn aduane berɛ a ɛsɛ mu no?+ 46 Anigyeɛ ne akoa a ne wura bɛba abɛhu no sɛ ɔreyɛ saa!+ 47 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, ɔde no bɛsi deɛ ɔwɔ nyinaa so.
48 “Nanso sɛ saa akoa bɔne no ka no n’akomam sɛ, ‘Me wura akyɛ,’+ 49 na sɛ ɔfiri aseɛ hwe ne mfɛfoɔ nkoa no, na ɔne akɔwensafoɔ didi nom nsã a, 50 saa akoa no wura bɛba ɛda a ɔnhwɛ kwan ne berɛ* a ɔnnim,+ 51 na ɔbɛtwe n’aso dendeenden, na ɔde no aka nyaatwomfoɔ ho. Ɛhɔ na ɔbɛsu na waka ne se asi so dendeenden.*+