Luka Twerɛtohɔ
22 Afei, na Paanoo a Mmɔka* Nnim Afahyɛ, deɛ wɔfrɛ no Twam+ no rebɛn.+ 2 Ná asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no rehwehwɛ ɔkwampa a wɔbɛfa so aku no,+ ɛfiri sɛ na wɔsuro nkurɔfoɔ no.+ 3 Ɛnna Satan wuraa Yuda mu, deɛ wɔfrɛ no Iskariot a na ɔka Dumienu no+ ho no, 4 na ɔkɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no ne asɔrefie ahwɛfoɔ no hɔ, na ɔne wɔn kɔkaa ɛkwan a ɔbɛfa so ayi no ama wɔn no+ ho asɛm. 5 Wɔn ani gyee ho paa, enti wɔpenee so sɛ wɔbɛma no dwetɛ sika.+ 6 Ɛnna ɔgye toom, na ɔfirii aseɛ hwehwɛɛ berɛ a ɛfata a ɔde bɛyi no ama wɔn, berɛ a nnipadɔm biara nni hɔ.
7 Na da a ɛdi kan a wɔdi Paanoo a Mmɔka Nnim no duruiɛ, ɛda a ɛsɛ sɛ wɔde Twam aboa no bɔ afɔreɛ no.+ 8 Enti Yesu somaa Petro ne Yohane, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ na monkɔsiesie Twam no mma yɛmmɛdi.”+ 9 Na wɔbisaa no sɛ: “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔsiesie?” 10 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwɛ! Sɛ mowura kuro no mu a, ɔbarima bi a ɔso ahina bɛhyia mo. Monni n’akyi nkɔ fie a ɔbɛkɔ mu no mu.+ 11 Na monka nkyerɛ fiewura no sɛ, ‘Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no se yɛmmisa wo sɛ: “Ahɔhodan a me ne m’asuafoɔ bɛdi Twam no wom no, ɛhe na ɛwɔ?”’ 12 Na ɔbarima no bɛkyerɛ mo dan kɛseɛ bi a ɛwɔ aborosan so a wɔasiesie mu. Monyɛ Twam no ho ntotoeɛ wɔ hɔ.” 13 Enti wɔkɔe, na wɔkɔhuu deɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ, na wɔyɛɛ Twam no ho ntotoeɛ.
14 Enti berɛ soeɛ no, ɔne asomafoɔ no kɔtenaa didipono ho.+ 15 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mepɛ paa sɛ me ne mo di Twam yi ansa na mahunu amane; 16 na mereka akyerɛ mo sɛ, merenni bi bio kɔsi sɛ ɛbɛba mu wɔ Onyankopɔn Ahennie mu.” 17 Ɛnna ɔgyee kuruwa no, na ɔdaa ase kaa sɛ: “Monnye wei, na momfa mma mo mu biara mma ɔnnom bi, 18 na mereka akyerɛ mo sɛ, ɛfiri nnɛ rekɔ, merennom bobesa bio kɔsi sɛ Onyankopɔn Ahennie bɛba.”
19 Afei nso, ɔfaa paanoo,+ na ɔdaa ase, na ɔbubuu mu de maa wɔn, na ɔkaa sɛ: “Wei gyina hɔ ma me nipadua+ a mo nti wɔde bɛma.+ Monkɔ so nyɛ wei mfa nkae me.”+ 20 Afei ɔyɛɛ kuruwa no saa ara berɛ a wɔdii anwummerɛ aduane no wieeɛ no, na ɔkaa sɛ: “Kuruwa yi gyina hɔ ma apam foforɔ+ a ɛnam me mogya+ so, deɛ wɔbɛhwie agu ama mo+ no.
21 “Nanso hwɛ! deɛ ɔbɛyi me ama no ne me te pono ho.*+ 22 Ampa, onipa Ba no rekɔ sɛdeɛ wɔahyɛ ato hɔ no;+ nanso, onipa a wɔnam ne so bɛyi no ama no nnue!”+ 23 Enti wɔfirii aseɛ bisabisaa sɛ, wɔn mu hwan paa na ɔrebɛyɛ wei.+
24 Na akasakasa bi nso sɔree wɔn mu sɛ, wɔn mu hwan na ɔyɛ kɛseɛ.*+ 25 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Amanaman no ahemfo di wɔn nkurɔfoɔ so sɛ awuranom, na awuranom a wɔdi wɔn so tumi no, wɔfrɛ wɔn Adɛɛfoɔ.*+ 26 Na mo deɛ, ɛnsɛ sɛ moyɛ saa.+ Na mmom momma deɛ ɔyɛ mo mu kɛseɛ no nyɛ sɛ kumaa koraa,+ na deɛ ɔdi animu no nyɛ ɔsomfoɔ. 27 Hwan na ɔyɛ kɛseɛ, deɛ ɔredidi* anaa deɛ ɔresom? Ɛnyɛ deɛ ɔredidi* no? Na me deɛ, mewɔ mo mu sɛ deɛ ɔresom.+
28 “Nanso, mo na moda so bata me ho+ wɔ me sɔhwɛ mu;+ 29 na me ne mo reyɛ ahennie ho apam,+ sɛdeɛ m’Agya ne me ayɛ apam no, 30 na moadidi anom me pono so wɔ m’Ahennie mu,+ na moatena nhennwa so+ abu Israel mmusuakuo 12 no atɛn.+
31 “Simon, Simon, hwɛ! Satan pɛ sɛ ɔnya kwan hu mo nyinaa mo so sɛ hwiit.+ 32 Nanso masrɛ ama wo, na wo gyidie ansa.+ Na wo, sɛ wosan ba a, hyɛ wo nuanom den.”+ 33 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, mayɛ krado sɛ me ne wo bɛkɔ afiase ne owuo mu mpo.”+ 34 Nanso ɔkaa sɛ: “Petro, mereka akyerɛ wo sɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn nnɛ no, na woaka no mprɛnsa sɛ wonnim me.”*+
35 Afei ɔbisaa wɔn sɛ: “Berɛ a mesomaa mo a moamfa sika kotokuo ne aduane bɔtɔ ne mpaboa+ no, biribi hiaa mo anaa?” Wɔkaa sɛ: “Daabi!” 36 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Seesei deɛ, deɛ ɔwɔ sika kotokuo no, ɔmfa, na deɛ ɔwɔ aduane bɔtɔ no nso nyɛ saa ara, na deɛ ɔnni sekan no ntɔn n’ataadeɛ ngugusoɔ na ɔntɔ bi. 37 Na mereka akyerɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ deɛ wɔatwerɛ yi ba mu wɔ me so sɛ, ‘Wɔkan no fraa mmaratofoɔ.’+ Na deɛ wɔatwerɛ wɔ me ho no reba mu.”+ 38 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Awurade, hwɛ! sekan mmienu nie.” Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ.”
39 Berɛ a ɔpueeɛ no, ɔkɔɔ Ngodua Bepɔ* no so sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, na asuafoɔ no nso dii n’akyi.+ 40 Berɛ a wɔduruu hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommɔ mpaeɛ na moankɔ sɔhwɛ mu.”+ 41 Na ɔtwee ne ho firii wɔn ho kɔɔ animu kakra,* na ɔbuu nkotodwe, na ɔfirii aseɛ bɔɔ mpaeɛ. 42 Ɔkaa sɛ: “Agya, sɛ wopɛ a, yi kuruwa yi firi me so. Nanso, ɛnyɛ deɛ mepɛ, na mmom deɛ wopɛ na ɛnyɛ hɔ.”+ 43 Ɛnna ɔbɔfoɔ bi firi soro yii ne ho adi kyerɛɛ no, na ɔhyɛɛ no den.+ 44 Ná ne ho yera no paa, enti ɔkɔɔ so bɔɔ mpaeɛ dendeenden;+ na ne ho mfifire yɛɛ sɛ mogya a ɛresosɔ gu fam. 45 Na berɛ a ɔwiee mpaebɔ no, ɔkɔɔ asuafoɔ no nkyɛn kɔhunuu sɛ wɔretɔ nko, ɛfiri sɛ awerɛhoɔ nti na wɔabrɛ.+ 46 Na ɔbisaa wɔn sɛ: “Adɛn na morededa? Monsɔre na monkɔ so mmɔ mpaeɛ, na moankɔ sɔhwɛ mu.”+
47 Berɛ a ɔgu so rekasa no, hwɛ! nnipadɔm bi baa hɔ, na na Dumienu no mu baako a wɔfrɛ no Yuda di wɔn anim, na ɔbaa Yesu nkyɛn bɛfee n’ano.+ 48 Na Yesu bisaa no sɛ: “Yuda, mfeano na wode reyi onipa Ba no ama?” 49 Berɛ a wɔn a wɔka ne ho no hunuu deɛ ɛrebɛsi no, wɔkaa sɛ: “Awurade, yɛmfa sekan nkɔ wɔn so anaa?” 50 Wɔn mu baako mpo de sekan twaa ɔsɔfo panin akoa no aso nifa firii hɔ.+ 51 Na Yesu buaa sɛ: “Momma ɛnso ha yi ara.” Na ɔde ne nsa kaa n’aso no, na ɔmaa ne ho tɔɔ no. 52 Afei Yesu ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asɔrefie ahwɛfoɔ ne mpanimfoɔ a wɔaba rebɛfa no no sɛ: “Mode sekan ne nkontimmaa* aba sɛdeɛ moreba korɔmfo-werɛmfoɔ so?+ 53 Berɛ a na me ne mo wɔ asɔrefie hɔ daa no,+ moankye me.+ Nanso wei ne mo berɛ ne berɛ a esum di tumi.”+
54 Afei wɔkyee no de no kɔe,+ na wɔde no kɔɔ ɔsɔfo panin no fie, na na Petro di wɔn akyi wɔ akyiri.+ 55 Na wɔsɔɔ gya tenatenaa ho wɔ adihɔ no mfimfini, na na Petro te wɔn mu bi.+ 56 Ɛnna abaawa bi huu no sɛ ɔte gya no ho,* na ɔhwɛɛ no dinn kaa sɛ: “Ná ɔbarima yi nso ka ne ho.” 57 Nanso wannye antom, na ɔkaa sɛ: “Ɔbaa, mennim no.” 58 Na berɛ tiaa bi akyi no, obi foforɔ huu no kaa sɛ: “Wo nso woka wɔn ho.” Na Petro kaa sɛ: “Ɔbarima, menka wɔn ho.”+ 59 Na ɛno akyi bɛyɛ dɔnhwere baako no, ɔbarima foforɔ nso firii aseɛ kaa no dendeenden sɛ: “Ampa, na saa ɔbarima yi nso ka ne ho; nokwasɛm ne sɛ, ɔyɛ Galileani!” 60 Nanso Petro kaa sɛ: “Ɔbarima, mennim deɛ woreka no.” Na ɛhɔ ara, berɛ a ɔgu so rekasa no, akokɔ bɔnee. 61 Ɛnna Awurade danee ne ho, na ɔhwɛɛ Petro anim, na Petro kaee asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no sɛ: “Ansa na akokɔ bɛbɔn nnɛ no, na woaka no mprɛnsa sɛ wonnim me.”*+ 62 Na ɔpue kɔsuu pii.
63 Afei mmarima a wɔkyee Yesu no firii aseɛ dii ne ho agorɔ+ bobɔɔ no;+ 64 na wɔde adeɛ kataa n’ani, na wɔkeka kyerɛɛ no sɛ: “Wose woyɛ odiyifoɔ a, kyerɛ yɛn deɛ ɔbɔɔ wo!” 65 Na wɔkekaa abususɛm foforɔ pii tiaa no.
66 Berɛ a adeɛ kyeeɛ no, ɔman no mpanimfoɔ badwa no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no nyinaa hyiaeɛ,+ na wɔde no kɔgyinaa Sanhedrin no asa so, na wɔkaa sɛ: 67 “Sɛ wone Kristo no a, ka kyerɛ yɛn.”+ Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ meka kyerɛ mo mpo a, morennye nni da. 68 Na sɛ mebisa mo asɛm nso a, moremma me mmuaeɛ. 69 Nanso, ɛfiri saa berɛ yi rekɔ no, onipa Ba+ no bɛtena Onyankopɔn nsa nifa a tumi wom no so.”+ 70 Ɛnna wɔn nyinaa bisaa no sɛ: “Enti, wone Onyankopɔn Ba no?” Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ankasa na moreka sɛ mene no.” 71 Na wɔkaa sɛ: “Adanseɛ foforɔ bɛn bio na yɛhia? Yɛn ankasa yɛate afiri ɔno ara n’anom.”+