Yohane Twerɛtohɔ
18 Berɛ a Yesu kaa weinom wieeɛ no, ɔne n’asuafoɔ no pue kɔtwaa Kidron Bɔn+ no, na wɔkɔɔ baabi a turo bi wɔ. Na ɔne n’asuafoɔ no kɔɔ turo no mu.+ 2 Ná Yuda a ɔrebɛyi no ama no nso nim hɔ, ɛfiri sɛ na Yesu ne n’asuafoɔ no taa kɔhyia hɔ. 3 Enti Yuda de asraafoɔdɔm ne awɛmfoɔ a wɔfiri asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no nkyɛn baa hɔ, na na wɔkurakura tɛnee* ne nkanea ne akodeɛ.+ 4 Ná Yesu nim deɛ ɛrebɛto no nyinaa. Enti ɔbɛgyinaa animu, na ɔbisaa wɔn sɛ: “Hwan na morehwehwɛ no?” 5 Wɔbuaa no sɛ: “Nasaretni+ Yesu.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Menie.” Saa berɛ no, na Yuda a ɔrebɛyi no ama no ne wɔn na ɛgyina hɔ.+
6 Berɛ a Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Menie” no, wɔpinii wɔn akyi, na wɔhwehwee ase.+ 7 Enti ɔbisaa wɔn bio sɛ: “Hwan na morehwehwɛ no?” Ɛnna wɔkaa sɛ: “Nasaretni Yesu.” 8 Yesu buaa sɛ: “Maka akyerɛ mo sɛ menie. Enti sɛ me na morehwehwɛ me a, ɛnneɛ momma mmarima yi nkɔ.” 9 Wei maa asɛm a ɔkaeɛ no baa mu sɛ: “Wɔn a wode wɔn ama me no, memmaa wɔn mu baako mpo nyerae.”+
10 Ɛnna Simon Petro a na sekan hyɛ ne ho no tweeɛ, na ɔde twaa ɔsɔfo panin no akoa aso nifa firii hɔ.+ Ná akoa no din de Malko. 11 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Fa sekan no hyɛ ne bɔha* mu.+ Kuruwa a Agya no de ama me no, ɛnsɛ sɛ menom anaa?”+
12 Afei asraafoɔ no ne ɔsahene no ne Yudafoɔ awɛmfoɔ no kyee Yesu, na wɔkyekyeree no. 13 Wɔdii kan de no kɔɔ Anas hɔ, ɛfiri sɛ na n’ase ne Kaiafa+ a ɔyɛ ɔsɔfo panin saa afe no.+ 14 Nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ Kaiafa na ɔtuu Yudafoɔ no fo sɛ, ɛyɛ ma wɔn sɛ onipa baako bɛwu ama ɔman no.+
15 Saa berɛ no, na Simon Petro ne osuani foforɔ di Yesu akyi.+ Ná ɔsɔfo panin no nim saa osuani no, na osuani no ne Yesu kɔɔ ɔsɔfo panin no adihɔ hɔ. 16 Petro deɛ, na ɔgyina abɔnten pono no akyi.* Enti osuani a na ɔsɔfo panin no nim no no pueeɛ, na ɔne deɛ ɔhwɛ ɛpono no ano no kɔkasae, na ɔde Petro baa mu. 17 Na abaawa a ɔhwɛ ɛpono no ano no bisaa Petro sɛ: “Wo nso, sɛ́ woka ɔbarima yi asuafoɔ no ho? Anaa?” Ɔkaa sɛ: “Daabi, menka ho.”+ 18 Saa berɛ no, na awɔ wom. Ɛno nti, na nkoa ne awɛmfoɔ no de gyabidie asɔ gya gyinagyina ho reto. Ná Petro nso gyina wɔn nkyɛn reto gya no bi.
19 Ɛnna ɔsɔfo panin no bisaa Yesu asɛm faa n’asuafoɔ ne ne nkyerɛkyerɛ ho. 20 Yesu buaa no sɛ: “Mekasa kyerɛɛ wiase no wɔ badwam. Mekyerɛkyerɛɛ daa wɔ hyiadan mu ne asɔrefie,+ baabi a Yudafoɔ nyinaa hyia, na manka biribiara wɔ kokoam. 21 Adɛn nti na worebisa me? Bisa wɔn a wɔtee deɛ meka kyerɛɛ wɔn no. Hwɛ! Weinom nim deɛ mekaeɛ.” 22 Berɛ a ɔkaa saa no, awɛmfoɔ no mu baako a na ɔgyina hɔ no bɔɔ Yesu asom+ kaa sɛ: “Saa na ɛsɛ sɛ wobua ɔsɔfo panin?” 23 Yesu buaa no sɛ: “Sɛ manka no yie a, kyerɛ me deɛ mekaeɛ a manka no yie; na sɛ mekaa no yie a, adɛn nti na wobɔɔ me?” 24 Afei Anas maa wɔkyekyeree no de no kɔmaa ɔsɔfo panin Kaiafa.+
25 Saa berɛ no, na Simon Petro gyina hɔ reto gya. Ɛnna wɔbisaa no sɛ: “Wo nso, sɛ́ woka n’asuafoɔ no ho? Anaa?” Wannye antom, na ɔkaa sɛ: “Daabi, menka ho.”+ 26 Ɛnna ɔsɔfo panin no akoa baako, deɛ Petro twaa n’aso no busuani,+ kaa sɛ: “Mehuu sɛ woka ne ho wɔ turom hɔ, meboa?” 27 Nanso Petro kaa bio sɛ ɛnte saa, na ɛhɔ ara na akokɔ bɔneeɛ.+
28 Afei wɔdii Yesu anim firii Kaiafa hɔ kɔɔ amrado no fie.+ Saa berɛ no, na ɛyɛ anɔpatutuutu. Wɔn ankasa deɛ, wɔanwura amrado no fie hɔ, ɛfiri sɛ na wɔmpɛ sɛ wɔn ho gu fĩ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi adi Twam no bi. 29 Ɛnna Pilato pue baa wɔn nkyɛn, na ɔbisaa sɛ: “Soboɔ bɛn na mode bɔ ɔbarima yi?” 30 Wɔbuaa no sɛ: “Sɛ ɔbarima yi nyɛ ɔbɔnefoɔ a, anka yɛamfa no ammrɛ wo.” 31 Ɛnna Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara momfa no nkɔ nkɔbu no atɛn sɛdeɛ mo mmara teɛ.”+ Na Yudafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Mmara mma kwan sɛ yɛkum obiara.”+ 32 Ná wei bɛma Yesu asɛm a ɔka de kyerɛɛ owuo korɔ a na ɔrebɛwuo no aba mu.+
33 Enti Pilato san wuraa amrado fie hɔ, na ɔfrɛɛ Yesu bisaa no sɛ: “Wone Yudafoɔ Hene no anaa?”+ 34 Yesu buaa sɛ: “Wo ara na woabɔ wo tirim reka wei, anaa nkurɔfoɔ na aka me ho asɛm akyerɛ wo?” 35 Pilato buaa sɛ: “Wohwɛ a meyɛ Yudani? Wo ara wo manfo ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no na wɔde wo brɛɛ me. Ɛdeɛn na woyɛeɛ?” 36 Yesu buaa sɛ:+ “M’Ahennie mfiri wiase.+ Sɛ m’Ahennie firi wiase a, anka m’asomfoɔ bɛko na wɔamfa me amma Yudafoɔ no.+ Nanso m’Ahennie mfiri ha.” 37 Ɛnna Pilato bisaa no sɛ: “Enti woyɛ ɔhene anaa?” Yesu buaa sɛ: “Wo ara na woreka sɛ meyɛ ɔhene.+ Wei nti na wɔwoo me, na wei nti na mebaa wiase, sɛ merebɛdi nokorɛ no ho adanseɛ.+ Obiara a ɔwɔ nokorɛ no afã no tie me nne.” 38 Pilato bisaa no sɛ: “Deɛn ne nokorɛ?”
Berɛ a ɔkaa wei no, ɔsan pue kɔɔ Yudafoɔ no hɔ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Menhu mfomsoɔ biara wɔ ne ho.+ 39 Bio nso, mowɔ amanneɛ bi sɛ ɛduru Twam a,+ megyaa onipa baako ma mo. Enti mopɛ sɛ megyaa Yudafoɔ Hene no ma mo anaa?” 40 Wɔteaam bio kaa sɛ: “Nnyaa ɔbarima yi, gyaa Baraba mmom!” Ná saa Baraba yi yɛ korɔmfo-werɛmfoɔ.+