Marko Twerɛtohɔ
15 Na ahomakye no ara, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no, kyerɛ sɛ, Sanhedrin no nyinaa, hyia faa adwene, na wɔkyekyeree Yesu nsa de no kɔe, na wɔde no kɔmaa Pilato.+ 2 Ɛnna Pilato bisaa no sɛ: “Wone Yudafoɔ Hene no anaa?”+ Na ɔbuaa no sɛ: “Wo ara na woreka.”+ 3 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no kekaa nsɛm bebree guu ne so. 4 Afei Pilato firii aseɛ bisabisaa no nsɛm bio sɛ: “Wonni anoyie biara a wode bɛma?+ Hwɛ sɛdeɛ wɔreka nsɛm bebree gu wo so.”+ 5 Nanso Yesu amma no mmuaeɛ biara bio, na ɛyɛɛ Pilato nwanwa.+
6 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, ɛduru afahyɛ biara a, na ɔgyaa nnipa a wɔgu afiase no baako ma wɔn; deɛ nkurɔfoɔ no bɛka sɛ ɔnnyaa no no, na wagyaa no.+ 7 Saa berɛ no, na obi a wɔfrɛ no Baraba ne nnipa bi a wɔasɔre atia aban gu afiase. Ná saa atuatefoɔ no nam wɔn atuateɛ no so adi awu. 8 Enti nnipadɔm no foro bae, na wɔfirii aseɛ srɛɛ Pilato sɛ ɔnyɛ deɛ ɔtaa yɛ ma wɔn no. 9 Pilato bisaa wɔn sɛ: “Mopɛ sɛ megyaa Yudafoɔ Hene no ma mo anaa?”+ 10 Ná Pilato nim sɛ ahoɔyaa nti na asɔfoɔ mpanimfoɔ no de no abrɛ no.+ 11 Nanso asɔfoɔ mpanimfoɔ no tutu guu nnipadɔm no asom sɛ wɔmma ɔnyi Baraba mmom mma wɔn.+ 12 Na Pilato san bisaa wɔn sɛ: “Ɛnneɛ deɛn na menyɛ deɛ mofrɛ no Yudafoɔ Hene no?”+ 13 Na wɔsan teateaam sɛ: “Bɔ no asɛndua mu!”*+ 14 Na Pilato toaa so bisaa wɔn sɛ: “Adɛn? Bɔne bɛn na wayɛ?” Nanso wɔkɔɔ so teateaam dendeenden sɛ: “Bɔ no asɛndua mu!”*+ 15 Ɛsiane sɛ na Pilato pɛ sɛ ɔsɔ nnipadɔm no ani nti, ɔgyaa Baraba maa wɔn; afei ɔmaa wɔhwee Yesu,+ na ɔde no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛndua mu.+
16 Na asraafoɔ no de no firii hɔ kɔɔ adihɔ hɔ, kyerɛ sɛ, amrado no fie hɔ; na wɔfrɛfrɛɛ asraafoɔdɔm no nyinaa bɛhyiae.+ 17 Na wɔhyɛɛ no ataadeɛ afasebire, na wɔde nkasɛɛ nwenee ahenkyɛ* de hyɛɛ no; 18 na wɔfirii aseɛ kyeaa no sɛ: “Asomdwoeɛ nka wo, Yudafoɔ Hene!”*+ 19 Afei nso, wɔde demmire* hwehwee ne tirim tetee ntasuo guu ne so, na wɔbuu nkotodwe kotoo no. 20 Berɛ a wɔdii ne ho agorɔ wieeɛ no, wɔyii ataadeɛ afasebire no firii ne ho de n’ataadeɛ ngugusoɔ no hyɛɛ no. Na wɔde no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛndua mu.+ 21 Bio nso, wɔhyɛɛ obi a ɔretwam, Kireneni Simon, Aleksandro ne Rufo papa, a ɔnam kwan so reba kurom hɔ sɛ ɔnsoa Yesu asɛndua* no.+
22 Enti wɔde no baa baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota, a sɛ wɔkyerɛ aseɛ a, ɛkyerɛ “Tikwankoraa.”+ 23 Ɛha na wɔyɛɛ sɛ wɔbɛma no nsã* a wɔde kurobo* afra,+ nanso wannom. 24 Na wɔbɔɔ no asɛndua mu, na wɔbɔɔ ntonto kyɛɛ n’ataadeɛ ngugusoɔ mu huu deɛ ɛsɛ sɛ obiara fa.+ 25 Saa berɛ yi, na ɛyɛ dɔn a ɛtɔ so mmiɛnsa;* saa berɛ no na wɔbɔɔ no asɛndua mu. 26 Na wɔtwerɛɛ deɛ enti a wɔretwe n’aso no sɛ: “Yudafoɔ Hene No.”+ 27 Bio nso, wɔbɔɔ akorɔmfo-werɛmfoɔ mmienu bi asɛndua mu kaa ne ho, baako wɔ ne nifa, ɛnna baako wɔ ne benkum.+ 28 *—— 29 Na wɔn a wɔretwam no kasa tiaa no. Wɔwosoo wɔn ti,+ na wɔkaa sɛ: “Ɔtwea! Ɛnyɛ wo na wokaa sɛ wobɛdwiri asɔrefie no agu na wode nnansa asi no?+ 30 Si firi asɛndua* no so, na gye wo ho.” 31 Asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no nso dii ne ho agorɔ saa ara. Wɔkaa sɛ: “Ɔgyee nkurɔfoɔ, nanso ɔntumi nnye ne ho!+ 32 Afei ma Kristo no, Israel Hene no, nsi mfiri asɛndua* no so na yɛnhunu na yɛnnye no nni.”+ Wɔn a wɔbɔɔ wɔn asɛndua* mu kaa ne ho no mpo didii no atɛm.+
33 Berɛ a ɛduruu dɔn a ɛtɔ so nsia* no, esum baa asaase no nyinaa so kɔsii dɔn a ɛtɔ so nkron.*+ 34 Na dɔn a ɛtɔ so nkron* no, Yesu de nne kɛseɛ teaam sɛ: “Eli, Eli, lama sabaktani?” Asekyerɛ ne sɛ: “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagya me?”+ 35 Na berɛ a wɔn a wɔgyinagyina hɔ no teeɛ no, ebinom firii aseɛ kaa sɛ: “Hwɛ! Ɔrefrɛ Elia.” 36 Ɛnna obi tuu mmirika de sapɔ* kɔbɔɔ nsã* a emu ka mu de tuaa demmire* ano, na ɔde kɔmaa no sɛ ɔnnom,+ na ɔkaa sɛ: “Monnyaa no! Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛyi no asi fam anaa.” 37 Na Yesu teaam dendeenden, na ɔwuiɛ.*+ 38 Na ntwamutam a ɛwɔ kronkronbea+ hɔ no mu tee mmienu firi soro bɛsii fam.+ 39 Saa berɛ no, na ɔsraani panin no gyina hɔ a n’ani tua Yesu. Berɛ a ɔhuu nsɛm a ɛsisiiɛ, na afei ɔhuu sɛ Yesu awu no, ɔkaa sɛ: “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba.”+
40 Ná mmaa bi nso gyinagyina akyirikyiri rehwɛ. Wɔn mu bi ne Maria Magdalene, ne Yakobo Kumaa ne Yose maame Maria, ne Salome+ 41 a na wɔtaa ne Yesu nante som no+ berɛ a na ɔwɔ Galilea no, ɛne mmaa foforɔ pii a wɔkaa ne ho kɔɔ Yerusalem no.
42 Ná aduru anwummerɛ, na ɛsiane sɛ na ɛyɛ Ahoboaboa Da, kyerɛ sɛ, ɛda a ɛdi Homeda anim nti, 43 Yosef a ɔfiri Arimatea, Badwa* no muni a nkurɔfoɔ bu no paa,* a na ɔno nso retwɛn Onyankopɔn Ahennie no bae. Ɔde akokoɔduro kɔɔ Pilato anim kɔsrɛɛ sɛ ɔmfa Yesu amu no mma no.+ 44 Ná Pilato ntumi nhunu sɛ Yesu awu anaa, enti ɔfrɛɛ ɔsraani panin no, na ɔbisaa no sɛ Yesu awu anaa. 45 Berɛ a ɔte firii ɔsraani panin no hɔ sɛ Yesu awu no, ɔde amu no maa Yosef. 46 Ɛnna Yosef tɔɔ nwera pa, na ɔyii no too hɔ de nwera pa no kyekyeree no, na ɔde no kɔtoo ɛda+ a watwa ato ɔbotan mu no mu; na ɔpiaa ɛboɔ de tweree ɛda no ano.+ 47 Na Maria Magdalene ne Yose maame Maria kɔɔ so hwɛɛ faako a wɔde no ato no.+