Mateo Twerɛtohɔ
27 Na adeɛ kyeeɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ nyinaa hyiaam, na wɔhwɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so aku Yesu.+ 2 Wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔe, na wɔde no kɔmaa amrado Pilato.+
3 Berɛ a Yuda a ɔyii Yesu maeɛ no huu sɛ wɔabu Yesu kumfɔ no, ɔnuu ne ho, na ɔsan de nnwetɛbena 30 no kɔmaa asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no.+ 4 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mayɛ bɔne sɛ mayi onipa a ne ho nni asɛm ama.”* Wɔkaa sɛ: “Ɛfa yɛn ho bɛn? Ɛyɛ wo ara w’asɛm!” 5 Enti ɔtoo nnwetɛbena no guu asɔrefie hɔ, na ɔfirii hɔ kɔe. Na ɔkɔhyɛɛ ne ho akɔmfo.*+ 6 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no sesaa nnwetɛbena no, na wɔkaa sɛ: “Mmara mma kwan sɛ yɛde bɛgu sika akoraeɛ kronkron hɔ, ɛfiri sɛ ɛyɛ mogya sika.” 7 Berɛ a wɔhyia dwendwenee ho no, wɔde sika no tɔɔ asaase,* na wɔde yɛɛ baabi a wɔbɛsie ahɔhoɔ. 8 Enti ɛde bɛsi nnɛ, wɔfrɛ saa asaase no, Mogya Asaase.+ 9 Na deɛ wɔnam odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no baa mu sɛ: “Na wɔgyee nnwetɛbena 30 no, ɛboɔ a wɔtwa too onipa no so no, onipa a Israel mma binom twaa boɔ too ne so no, 10 na wɔde gyee asaase* sɛdeɛ na Yehowa* ahyɛ me no.”+
11 Afei Yesu bɛgyinaa amrado no anim, na amrado no bisaa no sɛ: “Wone Yudafoɔ Hene no anaa?” Yesu buaa sɛ: “Wo ara na woreka.”+ 12 Na berɛ a asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no rekeka nsɛm gu ne so no,* wanyi ano.+ 13 Ɛnna Pilato bisaa no sɛ: “Enti nsɛm bebrebe a wɔreka gu wo so yi, wonte?” 14 Nanso wammua no; wanka asɛm baako mpo. Enti ɛyɛɛ amrado no nwanwa paa.
15 Sɛ ɛduru afahyɛ biara a, deɛ na amrado no yɛ ne sɛ, ɔgyaa nnipa a wɔgu afiase no baako ma nnipadɔm no; deɛ nkurɔfoɔ no bɛka sɛ ɔnnyaa no no, na wagyaa no.+ 16 Berɛ no ara mu no, na obi da afiase a wɔfrɛ no Baraba. Ná wagye dimmɔne. 17 Enti berɛ a wɔhyiaam no, Pilato bisaa wɔn sɛ: “Hwan na mopɛ sɛ megyaa no ma mo, Baraba anaa Yesu a mose wɔfrɛ no Kristo no?” 18 Ná Pilato nim sɛ ahoɔyaa nti na wɔde Yesu abrɛ no. 19 Afei nso, berɛ a ɔte atemmuo adwa so no, ne yere soma baa ne nkyɛn sɛ: “Mfa wo ho nnye onipa tenenee yi asɛm mu koraa, na ne nti, mahunu amane pii wɔ daeɛ mu nnɛ.” 20 Nanso asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no tutu guu nnipadɔm no asom sɛ, wɔnka sɛ wɔpɛ Baraba,+ na wɔmma wɔnkum Yesu.+ 21 Ɛnna amrado no bisaa wɔn sɛ: “Nnipa mmienu no mu hwan na mopɛ sɛ meyi no ma mo?” Wɔkaa sɛ: “Baraba.” 22 Pilato bisaa wɔn sɛ: “Ɛnneɛ deɛn na menyɛ Yesu a mose wɔfrɛ no Kristo no?” Wɔn nyinaa kaa sɛ: “Bɔ no asɛndua mu!”*+ 23 Ɔbisaa wɔn sɛ: “Adɛn? Bɔne bɛn na wayɛ?” Nanso wɔkɔɔ so teateaam dendeenden sɛ: “Bɔ no asɛndua mu!”+
24 Pilato huu sɛ ɛrenkɔsi hwee, na mmom basabasa na ɛde reba. Enti ɔfaa nsuo de hohoroo ne nsa wɔ nnipadɔm no anim, na ɔkaa sɛ: “Menni ɔbarima yi mogya ho fɔ. Mo ara monyɛ deɛ mobɛyɛ.” 25 Ɛnna ɔmanfoɔ no nyinaa kaa sɛ: “Ne mogya mmra yɛne yɛn mma so.”+ 26 Ɛnna ɔgyaa Baraba maa wɔn. Afei ɔmaa wɔhwee Yesu,+ na ɔde no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛndua mu.+
27 Afei amrado no asraafoɔ de Yesu kɔɔ amrado no fie hɔ, na wɔboaboaa asraafoɔdɔm no nyinaa ano bɛtwaa ne ho hyiae.+ 28 Na wɔworɔɔ n’ataadeɛ, na wɔde ntoma kɔkɔɔ bi firaa no.*+ 29 Afei wɔde nkasɛɛ nwenee ahenkyɛ de hyɛɛ ne ti, na wɔde demmire* hyɛɛ ne nsa nifa mu. Na wɔkotoo n’anim dii ne ho agorɔ sɛ: “Asomdwoeɛ nka wo, Yudafoɔ Hene!”* 30 Na wɔtetee ntasuo guu ne so.+ Afei wɔgyee demmire* no, na wɔfirii aseɛ de hwehwee ne tirim. 31 Berɛ a wɔdii ne ho agorɔ wieeɛ no, wɔyii ataade tenten no firii ne ho de n’ataadeɛ ngugusoɔ hyɛɛ no, na wɔde no kɔɔ sɛ wɔnkɔbɔ no asɛndua mu.+
32 Berɛ a wɔrepue akɔ no, wɔhuu Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon. Saa ɔbarima yi na wɔhyɛɛ no sɛ ɔnsoa Yesu asɛndua* no.+ 33 Na berɛ a wɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota a ɛkyerɛ Tikwankoraa+ no, 34 wɔde adeɛ nwonwoonwono bi fraa nsã* sɛ ɔnnom;+ nanso berɛ a ɔde kaa n’ano no, wannom. 35 Berɛ a wɔbɔɔ no asɛndua mu no, wɔbɔɔ ntonto kyɛɛ n’ataadeɛ ngugusoɔ mu,+ 36 na wɔtenatenaa ase wɔ hɔ hwɛɛ ne so. 37 Bio nso, wɔtwerɛɛ deɛ enti a wɔretwe n’aso no bɔɔ n’atifi sɛ: “Wei ne Yesu, Yudafoɔ Hene No.”+
38 Na wɔbɔɔ akorɔmfo-werɛmfoɔ mmienu bi asɛndua mu kaa ne ho, baako wɔ ne nifa, ɛnna baako wɔ ne benkum.+ 39 Na wɔn a wɔretwam no kasa tiaa no.+ Wɔwosoo wɔn ti,+ 40 na wɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ wo na wokaa sɛ wobɛdwiri asɔrefie no agu na wode nnansa asi no?+ Gye wo ho ɛ! Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, si firi asɛndua* no so!”+ 41 Asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no nso firii aseɛ dii ne ho agorɔ saa ara. Wɔkaa sɛ:+ 42 “Ɔgyee nkurɔfoɔ, nanso ɔntumi nnye ne ho! Ɔyɛ Israel Hene;+ ma no nsi mfiri asɛndua* no so, na yɛbɛgye no adi. 43 Ɔde ne ho ato Onyankopɔn so; sɛ Ɔpɛ n’asɛm a, ma Ɔnnye no,+ ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ, ‘Meyɛ Onyankopɔn Ba.’”+ 44 Saa ara na akorɔmfo-werɛmfoɔ a wɔbɔɔ wɔn asɛndua mu kaa ne ho no mpo didii no atɛm.+
45 Ɛfiri dɔn a ɛtɔ so nsia* rekɔ no, esum baa asaase no nyinaa so kɔsii dɔn a ɛtɔ so nkron.*+ 46 Bɛyɛ dɔn a ɛtɔ so nkron* no, Yesu de nne kɛseɛ teaam sɛ: “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ɛkyerɛ, “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagya me?”+ 47 Berɛ a wɔn a wɔgyinagyina hɔ no tee wei no, ebinom firii aseɛ kaa sɛ: “Ɔbarima yi refrɛ Elia.”+ 48 Ɛhɔ ara na wɔn mu baako tuu mmirika kɔfaa sapɔ,* na ɔde bɔɔ nsã* a emu ka mu de tuaa demmire* ano, na ɔde kɔmaa no sɛ ɔnnom.+ 49 Na wɔn a aka no kaa sɛ: “Monnyaa no! Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛgye no anaa.” 50 Yesu san de nne kɛseɛ teaam, na ɔgyaa ne honhom mu.*+
51 Na hwɛ! ntwamutam a ɛwɔ kronkronbea hɔ+ no mu tee mmienu+ firi soro bɛsii fam,+ asaase wosoe, na abotan mu paapaee. 52 Na adamena* so buebueeɛ, na akronkronfoɔ a wɔadeda no afunu* bebree puepueeɛ, 53 na nnipa bebree huu afunu no. (Ne wusɔreɛ akyi no, nnipa bi a wɔkɔɔ asieeɛ hɔ no bi kɔɔ kuro kronkron no mu.) 54 Berɛ a ɔsraani panin no ne wɔn a ɔne wɔn rehwɛ Yesu so no huu asaasewosoɔ no ne deɛ ɛrekɔ so no, wɔbɔɔ hu kɛse, na ɔkaa sɛ: “Ampa ara, Onyankopɔn Ba nie.”+
55 Ná mmaa bebree wɔ hɔ a wɔgyinagyina akyirikyiri rehwɛ; wɔn na na wɔdi Yesu akyi firi Galilea resom no.+ 56 Wɔn mu bi ne Maria Magdalene ne Yakobo ne Yose maame Maria, ne Sebedeo mma+ no maame.
57 Ɛsiane sɛ na aduru anwummerɛ nti, sikani bi a ɔfiri Arimatea a wɔfrɛ no Yosef baa hɔ. Ná ɔno nso abɛyɛ Yesu suani.+ 58 Saa ɔbarima yi kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ sɛ ɔmfa Yesu amu+ no mma no. Na Pilato kaa sɛ wɔmfa mma no.+ 59 Yosef faa amu no, na ɔde nwera pa a ani teɛ kyekyeree no.+ 60 Ná watwa ɛda foforɔ+ ato abotan mu a ɛyɛ ne dea. Enti ɔde amu no kɔtoo mu. Afei ɔpiaa ɛboɔ kɛseɛ bi tweree ɛda no ano, na ɔgyaa hɔ kɔe. 61 Na Maria Magdalene ne Maria baako no deɛ, wɔkaa hɔ, na wɔtenaa ɛda no anim.+
62 Da a ɛdi hɔ a ɛyɛ Ahoboaboa Da+ no akyi no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no bɛhyiaa wɔ Pilato anim, 63 na wɔkaa sɛ: “Owura, yɛakae sɛ berɛ a nkontomponi no te ase no, ɔkaa sɛ, ‘Nnansa akyi no, mɛsɔre.’+ 64 Enti ka ma wɔnkɔbɔ ɛda no ho ban nkɔsi ne nnansa so, na n’asuafoɔ no ammɛwia no+ anka ankyerɛ nkurɔfoɔ sɛ, ‘Wasɔre afiri awufoɔ mu!’ Anka nkontomposɛm a ɛdi akyire yi bɛsene deɛ ɛdi kan no.” 65 Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa asraafoɔ nkɔ, na monkɔwɛn ɛda no sɛdeɛ mobɛtumi.” 66 Enti wɔkɔe, na wɔde boɔ kataa ɛda no ano dendeenden, na wɔmaa asraafoɔ wɛn hɔ.