Krataa a Ɛdi Kan a Ɔde Kɔmaa Korintofoɔ
11 Monsuasua me sɛdeɛ me nso mesuasua Kristo no.+
2 Mekamfo mo, ɛfiri sɛ mokae me adeɛ nyinaa mu, na deɛ mo nsa kaeɛ no, mokura mu pɛpɛɛpɛ sɛdeɛ mede gyaa mo no ara. 3 Nanso mepɛ sɛ mohu sɛ ɔbarima biara ti ne Kristo;+ ɔbaa nso ti ne ɔbarima;+ Kristo nso ti ne Onyankopɔn.+ 4 Ɔbarima biara a ɔbɔ mpaeɛ anaa ɔhyɛ nkɔm a biribi kata ne ti no, ɔhyɛ ne ti aniwuo; 5 na ɔbaa biara a ɔbɔ mpaeɛ anaa ɔhyɛ nkɔm+ na ɔnkata ne ti no, ɔhyɛ ne ti aniwuo, na ɔte sɛ ɔbaa a wayi ne tiri nwi nyinaa.* 6 Sɛ ɔbaa ankata ne ti a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ ɔtwitwa ne tiri nwi nyinaa gu. Na sɛ ɛyɛ aniwu sɛ ɔbaa bɛtwitwa ne tiri nwi agu anaa ɔbɛyi ne tiri nwi nyinaa a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ ɔkata ne ti.
7 Na ɛnsɛ sɛ ɔbarima kata ne ti, ɛfiri sɛ ɔyɛ Onyankopɔn suban+ ne n’animuonyam, na ɔbaa deɛ, ɔyɛ ɔbarima animuonyam. 8 Na ɔbarima mfiri ɔbaa mu; ɔbaa mmom na ɔfiri ɔbarima mu.+ 9 Bio nso, ɛnyɛ ɔbaa nti na wɔbɔɔ ɔbarima, na mmom ɔbarima nti na wɔbɔɔ ɔbaa.+ 10 Ɛno nti na ɛsɛ sɛ ɔbaa nya biribi wɔ ne tiri so de kyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase hyɛ tumi ase, abɔfoɔ no nti.+
11 Deɛ ɛka ho bio no, Awurade mu no, ɔbaa nni hɔ a, ɔbarima nni hɔ, na ɔbarima nso nni hɔ a, ɔbaa nni hɔ. 12 Na sɛdeɛ ɔbaa firi ɔbarima mu+ no, saa ara na ɔbarima nso nam ɔbaa so baeɛ; nanso nneɛma nyinaa firi Onyankopɔn.+ 13 Mo ara mommu atɛn: Ɛfata sɛ ɔbaa bɔ Onyankopɔn mpaeɛ berɛ a ɔnkataa ne ti anaa? 14 Mohwɛ sɛdeɛ wɔbɔɔ nnipa a, mo ara monhu sɛ, sɛ ɔbarima gya ne tiri nwi kusuu a, ɛnyɛ anidie mma no? 15 Na monnim sɛ ɔbaa deɛ, sɛ ne tiri nwi dɔɔso a, ɛhyɛ no animuonyam anaa? Ɛfiri sɛ wɔde ne tiri nwi ama no sɛ nkatasoɔ. 16 Nanso sɛ obi pɛ sɛ ɔpo amanneɛ yi* na ɔgye foforɔ tom a, yɛn deɛ, yɛnni foforɔ biara; Onyankopɔn asafo hodoɔ no nso saa ara.
17 Nanso, berɛ a merema mo akwankyerɛ yi, merenkamfo mo, ɛfiri sɛ sɛ mohyiam a, ɛnyɛ adepa na moyɛ, na mmom adebɔne. 18 Deɛ ɛdi kan no, mate sɛ mohyiam sɛ asafo a, mpaapaemu wɔ mo mu; na ɛkwan bi so no, megye di. 19 Na deɛ ɛteɛ biara, mate-me-ho kuo ahodoɔ nso bɛwɔ mo mu,+ na ama wɔahu mo a mofata no.
20 Sɛ mohyiam faako a, ɛnyɛ Awurade Anwummerɛ Aduane+ a morebɛdi ntira. 21 Ɛfiri sɛ berɛ so sɛ morebɛdi a, obiara di kan di ɔno ara n’anwummerɛ aduane ansa. Enti berɛ a ɛkɔm de obi no, na ɔfoforɔ nso aboro. 22 Monni afie a modidi na monom wom anaa? Anaasɛ mobu Onyankopɔn asafo animtia, na mopɛ sɛ mohyɛ wɔn a wɔnni hwee no aniwuo? Ɛdeɛn na menka nkyerɛ mo? Menkamfo mo anaa? Wei mu deɛ, merenkamfo mo.
23 Deɛ menya firii Awurade hɔ no ara na me nso mede maa mo. Ɛne sɛ, anadwo+ a wɔrebɛyi Awurade Yesu ama no, ɔfaa paanoo, 24 na berɛ a ɔdaa ase wieeɛ no, ɔbubuu mu, na ɔkaa sɛ: “Wei gyina hɔ ma me nipadua+ a wɔde bɛma mo. Monkɔ so nyɛ wei mfa nkae me.”+ 25 Ɔyɛɛ kuruwa no+ nso saa ara berɛ a wɔdii anwummerɛ aduane no wieeɛ no, na ɔkaa sɛ: “Kuruwa yi gyina hɔ ma apam foforɔ+ a ɛnam me mogya+ so no. Berɛ biara a mobɛnom kuruwa yi ano no, monkɔ so nyɛ wei mfa nkae me.”+ 26 Na berɛ biara a mobɛdi paanoo yi na moanom kuruwa yi ano no, na morepae mu aka Awurade wuo no akɔsi sɛ ɔbɛba.
27 Ɛno nti, obiara a ɔdi paanoo no anaa ɔnom Awurade kuruwa no ano wɔ kwan a ɛmfata so no, ɔbɛdi Awurade nipadua ne ne mogya ho fɔ. 28 Ma onipa nni kan nhwehwɛ ne mu nhwɛ sɛ ɔfata+ ansa na wadi paanoo no na wanom kuruwa no ano. 29 Na deɛ ɔdi na ɔnom a ɔnnim deɛ nipadua no kyerɛ no, ɔdi nom de atemmuo ba ɔno ara ne so. 30 Ɛno nti na mo mu bebree ayɛ mmerɛ na wɔyareyare, na pii nso awuwuo*+ no. 31 Na sɛ yɛhwehwɛ yɛn mu hu nipa ko a yɛyɛ a, ɛnneɛ wɔremmu yɛn atɛn. 32 Nanso sɛ wɔbu yɛn atɛn a, Yehowa* de tene yɛn so,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔremmu yɛn fɔ nka wiase no ho.+ 33 Ne saa nti me nuanom, sɛ mohyiam sɛ morebɛdi a, montwɛn mma obiara mmra. 34 Sɛ ɛkɔm de obi a, ma no nnidi wɔ fie, na moammɛhyiam ammɛnya atemmuo.+ Na nsɛm a aka no deɛ, sɛ meba hɔ a, mɛtoto no yie.