Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 1 Korintofoɔ 12
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

1 Korintofoɔ Mu Nsɛntitire

      • Honhom mu akyɛdeɛ no (1-11)

      • Nipadua baako, akwaa bebree (12-31)

1 Korintofoɔ 12:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 14:1

1 Korintofoɔ 12:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, wɔn a wɔnnye nnie.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 115:5; Hab 2:18; 1Ko 8:4; Ga 4:8; 1Te 1:9

1 Korintofoɔ 12:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Yo 4:2, 3

1 Korintofoɔ 12:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Efe 4:4

1 Korintofoɔ 12:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Efe 4:11

1 Korintofoɔ 12:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Pe 4:11

1 Korintofoɔ 12:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 14:26

1 Korintofoɔ 12:8

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “nyansa-sɛnka.”

1 Korintofoɔ 12:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 13:2
  • +Aso 3:5-8; 28:8, 9

1 Korintofoɔ 12:10

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ahoɔdenneɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Heb 2:3, 4
  • +1Yo 4:1
  • +Aso 10:45, 46; 1Ko 14:18
  • +1Ko 14:26

1 Korintofoɔ 12:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 12:4, 5

1 Korintofoɔ 12:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Efe 4:16

1 Korintofoɔ 12:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 3:7, 21

1 Korintofoɔ 12:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 12:10; Ga 6:2; Efe 4:25

1 Korintofoɔ 12:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Heb 13:3
  • +Ro 12:15

1 Korintofoɔ 12:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Efe 1:22, 23
  • +Ro 12:4, 5

1 Korintofoɔ 12:28

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ahoɔdenneɛ.”

  • *

    Anaa “ɔsom.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Efe 2:20
  • +Aso 13:1
  • +Efe 4:11
  • +Ga 3:5
  • +Aso 5:16
  • +Heb 13:17
  • +Aso 2:6, 7

1 Korintofoɔ 12:29

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ahoɔdenneɛ.”

1 Korintofoɔ 12:30

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “kasa.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 14:4
  • +1Ko 14:5

1 Korintofoɔ 12:31

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Monkɔ so mfa nsi ne ahokeka.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 14:1
  • +1Ko 13:8

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

1 Kor. 12:11Ko 14:1
1 Kor. 12:2Dw 115:5; Hab 2:18; 1Ko 8:4; Ga 4:8; 1Te 1:9
1 Kor. 12:31Yo 4:2, 3
1 Kor. 12:4Efe 4:4
1 Kor. 12:5Efe 4:11
1 Kor. 12:61Pe 4:11
1 Kor. 12:71Ko 14:26
1 Kor. 12:91Ko 13:2
1 Kor. 12:9Aso 3:5-8; 28:8, 9
1 Kor. 12:10Heb 2:3, 4
1 Kor. 12:101Yo 4:1
1 Kor. 12:10Aso 10:45, 46; 1Ko 14:18
1 Kor. 12:101Ko 14:26
1 Kor. 12:12Ro 12:4, 5
1 Kor. 12:14Efe 4:16
1 Kor. 12:23Ge 3:7, 21
1 Kor. 12:25Ro 12:10; Ga 6:2; Efe 4:25
1 Kor. 12:26Heb 13:3
1 Kor. 12:26Ro 12:15
1 Kor. 12:27Efe 1:22, 23
1 Kor. 12:27Ro 12:4, 5
1 Kor. 12:28Efe 2:20
1 Kor. 12:28Aso 13:1
1 Kor. 12:28Efe 4:11
1 Kor. 12:28Ga 3:5
1 Kor. 12:28Aso 5:16
1 Kor. 12:28Heb 13:17
1 Kor. 12:28Aso 2:6, 7
1 Kor. 12:301Ko 14:4
1 Kor. 12:301Ko 14:5
1 Kor. 12:311Ko 14:1
1 Kor. 12:311Ko 13:8
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
1 Korintofoɔ 12:1-31

Krataa a Ɛdi Kan a Ɔde Kɔmaa Korintofoɔ

12 Anuanom, honhom mu akyɛdeɛ+ no ho deɛ, mempɛ sɛ biribiara hinta mo. 2 Monim sɛ berɛ a moyɛ amanaman mufoɔ* no, wɔdaadaa mo maa mofom kwan kɔsom saa abosom a wɔnkasa+ no, na modii wɔn akyi kɔɔ baabiara a wɔpɛ sɛ wɔde mo kɔ. 3 Afei, mepɛ sɛ mohu sɛ obiara nni hɔ a ɔde Onyankopɔn honhom kasa a ɔbɛka sɛ: “Yesu yɛ abusudeɛ!” Na obiara rentumi nka sɛ: “Yesu ne Awurade!” gye sɛ ɛnam honhom kronkron so.+

4 Akyɛdeɛ no gu ahodoɔ, nanso honhom korɔ+ no ara na ɛwɔ hɔ; 5 na ɔsom adwuma gu ahodoɔ,+ nanso Awurade korɔ no ara na ɔwɔ hɔ; 6 na dwumadie gu ahodoɔ, nanso Onyankopɔn korɔ no ara na ɔyɛ ne nyinaa wɔ obiara mu.+ 7 Na biribi pa bi nti na wɔama honhom no ada adi wɔ obiara mu.+ 8 Obi wɔ hɔ a, wɔnam honhom no so ma no nyansa-kasa;* obi nso wɔ hɔ a, wɔnam honhom korɔ no ara so ma no nimdeɛ-kasa; 9 obi foforɔ nso nam honhom korɔ no ara so nya gyidie;+ na onipa foforɔ nso nam honhom baako no ara so nya ayaresa akyɛdeɛ;+ 10 na obi nso, ɛma no tumi yɛ anwanwadeɛ;*+ obi foforɔ nso, ɛma no tumi hyɛ nkɔm; obi nso, ɛma no tumi hu honhom mu nsɛm mu;+ obi foforɔ nso, ɛma no tumi ka kasa hodoɔ;+ na obi nso, ɛma no tumi kyerɛ kasa hodoɔ ase.+ 11 Nanso honhom korɔ no ara na ɛdi dwuma yi nyinaa, na ɛde obiara deɛ ma no sɛdeɛ ɛpɛ.

12 Nipadua no yɛ baako, nanso ɛwɔ akwaa pii. Na sɛdeɛ nipadua no akwaa dɔɔso nanso ne nyinaa yɛ nipadua korɔ+ no, saa ara na Kristo nso teɛ. 13 Asɛm no ne sɛ, Yudafoɔ oo, Greecefoɔ oo, nkoa oo, adehyeɛ oo, wɔnam honhom baako so na ɛbɔɔ yɛn nyinaa asu kɔɔ nipadua baako mu, na yɛn nyinaa nom honhom baako.

14 Nokorɛm no, nipadua no nyɛ kwaa baako; mmom akwaa no dɔɔso.+ 15 Sɛ ɛnan ka sɛ, “Menyɛ nsa nti menka nipadua no ho” a, ɛno nkyerɛ sɛ ɛnka nipadua no ho. 16 Na sɛ aso ka sɛ, “Menyɛ ani nti menka nipadua no ho” a, ɛno nkyerɛ sɛ ɛnka nipadua no ho. 17 Sɛ nipadua nyinaa yɛ ani a, anka ɛbɛyɛ dɛn na ate asɛm? Sɛ ne nyinaa yɛ deɛ wɔde te asɛm a, anka ɛbɛyɛ dɛn na ate hwa? 18 Nanso sɛdeɛ ɛteɛ no, Onyankopɔn ahyehyɛ nipadua akwaa no biara sɛdeɛ ɔpɛ.

19 Sɛ ne nyinaa yɛ kwaa baako a, anka ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ nipadua? 20 Nanso akwaa pii na ɛwɔ hɔ, na nipadua no deɛ, ɛyɛ baako. 21 Ani rentumi nka nkyerɛ nsa sɛ, “Menhia wo,” na saa ara na etire rentumi nka nkyerɛ ɛnan sɛ, “Menhia wo.” 22 Mmom deɛ ɛteɛ ne sɛ, nipadua akwaa a ayɛ sɛ deɛ ɛyɛ mmerɛ no, ɛno na ɛho hia, 23 na nipadua akwaa a yɛsusu sɛ ɛnni anidie no, ɛno na yɛde anidie pii ma no,+ na akwaa a ɛnyɛ fɛ no, ɛno na yɛhwɛ ma no yɛ fɛ paa, 24 na yɛn akwaa a ɛyɛ fɛ no deɛ, ɛnhia hwee. Ne nyinaa mu no, sɛdeɛ Onyankopɔn hyehyɛɛ nipadua no ne sɛ, kwaa a ɛnni anidie no, ɔde anidie pii ama no, 25 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mpaapaemu biara remma nipadua no mu, na mmom akwaa no biara ho ahia ne yɔnko.+ 26 Na sɛ kwaa baako hunu amane a, akwaa a aka no nyinaa hunu amane bi;+ na sɛ wɔhyɛ kwaa bi animuonyam a, akwaa a aka no nyinaa ne no di ahurisie.+

27 Mo nso, moyɛ Kristo nipadua,+ na mo mu biara yɛ kwaa.+ 28 Na Onyankopɔn ayi asafo no mufoɔ ama ebinom ayɛ: deɛ ɛdi kan, asomafoɔ;+ deɛ ɛtɔ so mmienu, adiyifoɔ;+ deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa, akyerɛkyerɛfoɔ;+ afei anwanwadeɛ;*+ afei ayaresa akyɛdeɛ;+ nnwuma* a wɔde boa afoforɔ; sɛdeɛ wɔdi nneɛma anim;+ ne kasa hodoɔ.+ 29 Wɔn nyinaa na wɔyɛ asomafoɔ anaa? Wɔn nyinaa na wɔyɛ adiyifoɔ anaa? Wɔn nyinaa na wɔyɛ akyerɛkyerɛfoɔ anaa? Wɔn nyinaa na wɔyɛ anwanwadeɛ* anaa? 30 Wɔn nyinaa na wɔwɔ ayaresa akyɛdeɛ anaa? Wɔn nyinaa na wɔka kasa hodoɔ anaa?+ Wɔn nyinaa na wɔkyerɛ nsɛm* ase anaa?+ 31 Monkɔ so nyere mo ho* nhwehwɛ akyɛdeɛ akɛseɛ+ no. Nanso mɛkyerɛ mo ɛkwan bi a ɛkyɛn so.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane