Berɛsosɛm Nwoma a Ɛdi Kan
28 Dawid boaboaa Israel mpanimfoɔ nyinaa ano wɔ Yerusalem; mmusuakuo mpanimfoɔ, akuakuo a wɔsom ɔhene no so mpanimfoɔ, apem apem ne ɔhaha so mpanimfoɔ,+ mpanimfoɔ a wɔhwɛ ɔhene ne ne mma nneɛma ne wɔn nyɛmmoa nyinaa so,+ nhenkwaa, akatakyie, ne mmarima akantinka nyinaa.+ 2 Ɛnna Ɔhene Dawid sɔre gyinaa ne nan so kaa sɛ:
“Me nuanom ne me man, montie me. Ná ɛda m’akoma so sɛ mɛsi efie a ɛbɛyɛ homebea ama Yehowa apam adaka no na ayɛ yɛn Nyankopɔn nan ntiasoɔ,+ na mesiesiee me ho sɛ mɛsi.+ 3 Nanso nokorɛ Nyankopɔn no ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ɛnyɛ wo na wobɛsi efie ama me din;+ woadi ako pii, na woahwie mogya agu.’+ 4 Israel Nyankopɔn Yehowa yii me firii me papa fiefoɔ nyinaa mu sɛ menyɛ Israel hene afebɔɔ;+ Yuda na ɔyii no ɔkannifoɔ,+ na Yuda abusua mu nso, ɔyii me papa fie,+ na me papa mma mu nso, me na ɔgyee me toom sɛ memmɛyɛ Israel nyinaa hene.+ 5 Me mma nyinaa mu no (mma nso deɛ, Yehowa de pii adom me),+ me ba Solomon na ɔyii no+ sɛ ɔmmɛtena Yehowa ahennie adwa a ɛwɔ Israel no so.+
6 “Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Wo ba Solomon na ɔbɛsi me fie ne m’adihɔ; ɛfiri sɛ mede no ayɛ me ba, na mɛyɛ n’agya.+ 7 Sɛ ɔsi ne bo pintinn di me mmara nsɛm ne m’atemmusɛm so+ sɛdeɛ ɔreyɛ no nnɛ yi a, me nso mɛma n’ahennie atim afebɔɔ.’+ 8 Enti megyina Israel, Yehowa asafo nyinaa anim, ka no yɛn Nyankopɔn anim sɛ, monhwɛ nni Yehowa mo Nyankopɔn mmara nsɛm nyinaa so pɛpɛɛpɛ, na monhwehwɛ akyire kwan na moanya asaase pa no so atena,+ na mode ayɛ agyapadeɛ agya mo mma a wɔbɛdi mo akyi aba no daa.
9 “Na wo, me ba Solomon, hunu Onyankopɔn a wo papa som no no, na fa akoma a ɛdi mu ne ɔkra* mu anigyeɛ* som no;+ ɛfiri sɛ Yehowa hwehwɛ akoma nyinaa mu,+ na yɛn tirim adwene nyinaa, ɔhunu.+ Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no,+ na sɛ wogyaa no a, ɔbɛto wo atwene koraa.+ 10 Hwɛ, Yehowa na wayi wo sɛ si fie ma no nyɛ tenabea kronkron. Nya akokoɔduro na firi adwuma no ase.”
11 Afei Dawid de abantenten+ no ne ɛho adan, n’adekora adan, n’aborosan so mpia, mpia foforɔ, ne mpata mmuasoɔ dan*+ no ho plan maa ne ba Solomon.+ 12 Ɔde biribiara a Onyankopɔn nam honhom so de maa no ho plan maa no: Yehowa fie adihɔ,+ adidibea a ɛwowɔ ho nyinaa, nokorɛ Nyankopɔn no fie akoraeɛ, ne akoraeɛ a wɔde nneɛma a wɔayɛ no kronkron*+ gu hɔ no; 13 ɛne akwankyerɛ a ɛfa asɔfoɔ ne Lewifoɔ nkyekyɛmu ho,+ ne Yehowa fie adwuma nyinaa, ne nneɛma a wɔde yɛ adwuma wɔ Yehowa fie nyinaa; 14 ɛne sika kɔkɔɔ dodoɔ a wɔnkari, sika kɔkɔɔ a wɔmfa nyɛ ɔsom ho nneɛma nyinaa, ne dwetɛ deɛ a wɔnkari mfa nyɛ ɔsom ho nneɛma nyinaa; 15 ɛne sika kɔkɔɔ dodoɔ a wɔnkari mfa nyɛ nkaneadua+ ne ɛho nkanea, sɛdeɛ sika kaneadua ne sika kanea biara mu duro teɛ; ɛne dwetɛ dodoɔ a wɔnkari mfa nyɛ nkaneadua ne ɛho nkanea, sɛdeɛ wɔde kaneadua biara bɛyɛ adwuma; 16 ɛne sika kɔkɔɔ dodoɔ a wɔnkari mfa nyɛ apono a wɔhyehyɛ paanoo a wɔde taataa so no* wɔ so,+ ne dwetɛ dodoɔ a wɔmfa nyɛ dwetɛ apono; 17 ɛne adinam ne nkyɛnsee ne nkuruwa akɛseɛ a wɔde sika kɔkɔɔ amapa ayeyɛ ne sika kɔkɔɔ nkyɛnsee nketewa,+ sɛdeɛ kyɛnsee biara mu duro teɛ, ne dwetɛ nkyɛnsee nketewa, sɛdeɛ kyɛnsee biara mu duro teɛ; 18 ɛne sika kɔkɔɔ amapa dodoɔ a wɔmfa nyɛ aduhwam afɔrebukyia no,+ ne sika kɔkɔɔ kerubim+ a wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban mu akata Yehowa apam adaka so a wɔgyina hɔ ma teaseɛnam no.+ 19 Dawid kaa sɛ: “Yehowa nsa wɔ me so, na ɔmaa me nhunumu de twerɛɛ ɛdan no ho nneɛma nyinaa too hɔ sɛdeɛ ɛho plan teɛ.”+
20 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ne ba Solomon sɛ: “Nya akokoɔduro na ma wo ho nyɛ den na firi adwuma no ase. Nsuro, na mmɔ hu, ɛfiri sɛ Yehowa Nyankopɔn, me Nyankopɔn no ka wo ho.+ Ɔrempa wo na ɔrennya wo+ kɔsi sɛ wobɛwie Yehowa fie adwuma no nyinaa. 21 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔakyekyɛ wɔn mu no+ aboa wɔn ho sɛ wɔbɛba abɛyɛ wɔn adwuma wɔ nokorɛ Nyankopɔn no fie hɔ. Obiara a ɔwɔ adwuma biara ho nimdeɛ no, ɔfiri n’akoma mu bɛba abɛboa wo,+ na mpanimfoɔ+ ne ɔman no nyinaa bɛdi wo nsɛm nyinaa so.”