Aseda dwom.
100 Asaase nyinaa, mommɔ ose mma Yehowa.+
2 Momfa anigyeɛ nsom Yehowa.+
Momfa anigyeɛ mmɛbɔ ose wɔ n’anim.
3 Monhu sɛ Yehowa ne Onyankopɔn.+
Ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne dea.+
Yɛyɛ ne man ne ne nnwan a ɔhwɛ yɛn so.+
4 Monwura n’apono mu nkɔda no ase,+
Na momfa ayeyie mmra ne fie adihɔ.+
Monna no ase; monyi ne din ayɛ.+
5 Ɛfiri sɛ Yehowa yɛ,+
Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa,
Na ne nokorɛdie kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.+