Ɔde Kɔmaa Galatifoɔ
3 O Galatifoɔ a monni nteaseɛ, mo a wɔmaa mohunuu pefee sɛ wɔabɔ Yesu Kristo asɛndua mu+ no, hwan na ɔgyegyee mo kɔɔ bɔne mu saa?+ 2 Adeɛ baako a mepɛ sɛ mebisa mo* ne sɛ: Honhom a monyaeɛ no, monam mmara nnwuma so na ɛnyaeɛ, anaasɛ monam asɛm a motieeɛ na mogye diiɛ no so na ɛnyaeɛ?+ 3 Enti monni nteaseɛ koraa saa? Mfitiaseɛ no, momaa honhom no kyerɛɛ mo kwan;* afei deɛ ɔhonam na mode rewie anaa?+ 4 Amane bebrebe a mohunuiɛ no, mfasoɔ biara amma so anaa? Mennye nni sɛ mfasoɔ biara amma so. 5 Ɛnneɛ deɛ ɔma monya honhom, na ɔyɛ anwanwadeɛ+ wɔ mo mu no, mmara nnwuma a moyɛ nti na ɔyɛ saa anaasɛ asɛm a moteeɛ na mogye diiɛ no ntira? 6 Saa ara na Abraham “gyee Yehowa* dii, na wɔbuu no sɛ ɔyɛ ɔteneneeni.”+
7 Monim paa sɛ wɔn a wɔwɔ gyidie no, wɔn na wɔyɛ Abraham mma.+ 8 Afei ɛsiane sɛ Twerɛnsɛm no ka too hɔ sɛ ɛnam gyidie so na Onyankopɔn bɛbu amanaman mufoɔ bem nti, Onyankopɔn dii kan kaa asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ: “Aman nyinaa nam wo so bɛnya nhyira.”+ 9 Enti wɔn a wɔwɔ gyidie no, wɔne Abraham a ɔnyaa gyidie no+ nyinaa nya nhyira.
10 Wɔn a wɔde wɔn ho to mmara nnwuma so nyinaa hyɛ nnome ase; ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: “Nnome nka obiara a ɔmfa deɛ wɔatwerɛ wɔ Mmara nwoma yi mu nyinaa nyɛ adwuma na ɔnni so daa.”+ 11 Afei nso, ɛda adi pefee sɛ ɛkaa mmara nko a, anka wɔremmu obiara sɛ ɔtene wɔ Onyankopɔn anim,+ ɛfiri sɛ “ɔteneneeni deɛ, gyidie na ɛbɛma no anya nkwa.”+ 12 Mmara no nnyina gyidie so, na mmom “obiara a ɔdi so no nam so bɛnya nkwa.”+ 13 Kristo tɔɔ yɛn+ gyee yɛn+ firii Mmara nnome ase, na ɔsii yɛn ananmu bɛyɛɛ deɛ wɔadome no, ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: “Obiara a wɔasɛn no dua so no, nnome wɔ ne so.”+ 14 Ná atirimpɔ no ne sɛ Abraham nhyira bɛfa Yesu Kristo so aba amanaman no so,+ na yɛnam yɛn gyidie so anya honhom a wɔde ahyɛ bɔ+ no.
15 Anuanom, mede mfatoho a ɛfa nnipa asetena ho reka asɛm: Sɛ wɔhyɛ apam bi mu den na sɛ apam no yɛ onipa deɛ mpo a, obiara ntumi mmɔ ngu anaa ɔmfa bi nka ho. 16 Abraham ne n’aseni* na wɔhyɛɛ wɔn bɔ.+ Ɛnka sɛ, “w’asefoɔ,”* a ɛkyerɛ nnipa bebree, na mmom ɛka sɛ, “w’aseni,”* a ɛkyerɛ baako, kyerɛ sɛ, Kristo.+ 17 Bio nso meka wei: Apam a Onyankopɔn ahyɛ mu den no deɛ, Mmara a mfeɛ 430 akyi ɛbaeɛ+ no ntumi mmɔ ngu, na ɛrentumi ntwa bɔhyɛ no mu. 18 Na sɛ agyapadeɛ no gyina mmara so a, ɛnneɛ ɛnyɛ bɔhyɛ bio; nanso Onyankopɔn nam bɔhyɛ so na ɔde agyapadeɛ no adom Abraham.+
19 Ɛnneɛ Mmara no bɛyɛɛ dɛn? Wɔde kaa ho na mmarato ada adi+ akɔsi sɛ aseni* a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no bɛba;+ na wɔnam abɔfoɔ so+ de faa ntamgyinafoɔ bi so+ maa nnipa. 20 Ɔbaakofoɔ ka asɛm a, ntamgyinafoɔ mma mu. Saa ara na ɛteɛ wɔ Onyankopɔn fam; bɔhyɛ no yɛ ɔno nko ara anom asɛm. 21 Enti Mmara no tia Onyankopɔn bɔhyɛ anaa? Daabida! Na sɛ mmara a ɛtumi ma nkwa na wɔde maa nnipa a, ɛnneɛ anka tenenee nam mmara so na ɛbɛba. 22 Nanso Twerɛnsɛm no de nneɛma nyinaa hyɛɛ bɔne ase, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔnya gyidie no bɛnya bɔhyɛ a ɛgyina Yesu Kristo mu gyidie so.
23 Nanso ansa na gyidie no reba no, wɔde mmara wɛn yɛn de yɛn sieeɛ, na yɛtwɛn gyidie a na wɔrebɛyi no adi no.+ 24 Enti Mmara no bɛyɛɛ yɛn kwankyerɛfoɔ a ɛkyerɛ kwan kɔ Kristo so+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a gyidie nti wɔbɛbu yɛn bem.+ 25 Afei a gyidie no aba no,+ yɛnni kwankyerɛfoɔ ase bio.+
26 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, Kristo Yesu mu gyidie a mowɔ+ nti mo nyinaa yɛ Onyankopɔn mma.+ 27 Na mo a wɔbɔɔ mo asu kɔɔ Kristo mu nyinaa, moahyɛ Kristo.+ 28 Yudani nni hɔ na Greeceni nni hɔ,+ akoa nni hɔ na ɔdehyeɛ nni hɔ,+ ɔbarima nni hɔ na ɔbaa nni hɔ;+ ɛfiri sɛ mo nyinaa yɛ onipa baako wɔ Kristo Yesu mu.+ 29 Bio nso, sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnneɛ na moyɛ Abraham asefoɔ*+ ampa, adedifoɔ*+ a mo nsa bɛka Onyankopɔn bɔhyɛ.+