Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Galatifoɔ 2
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Galatifoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Paul ne asomafoɔ no kɔhyiaa wɔ Yerusalem (1-10)

      • Paul tenee Petro (Kefa) so (11-14)

      • Gyidie nko ara na ɛtumi bu yɛn bem (15-21)

Galatifoɔ 2:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 9:27
  • +Aso 15:1, 2

Galatifoɔ 2:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔntwa ne dua.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 2:13
  • +Aso 16:3

Galatifoɔ 2:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 15:1, 24
  • +2Ko 3:17; Ga 5:1
  • +Ga 4:9

Galatifoɔ 2:5

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “dɔnhwere baako.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ga 2:14

Galatifoɔ 2:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ga 2:9

Galatifoɔ 2:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 22:21; Ro 11:13; 1Ti 2:7

Galatifoɔ 2:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 9:15

Galatifoɔ 2:9

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɔno ara na wɔfrɛ no Petro no.

  • *

    Anaa “de kyerɛɛ ayɔnkofa.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 15:13
  • +Efe 3:8
  • +Aso 13:2; 15:25

Galatifoɔ 2:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 11:29, 30; 1Ko 16:1

Galatifoɔ 2:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɔno ara na wɔfrɛ no Petro no.

  • *

    Anaa “ɛma no di fɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 1:42
  • +Aso 11:25, 26; 15:35

Galatifoɔ 2:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 12:17
  • +Aso 10:26, 28; 11:2, 3
  • +Aso 21:20, 21

Galatifoɔ 2:14

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɔno ara na wɔfrɛ no Petro no.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 10:34, 35
  • +Aso 15:10, 28, 29

Galatifoɔ 2:16

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “ɔhonam biara.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 13:39; Ro 5:17; 1Ko 6:11
  • +Ro 1:17; Yak 2:23
  • +Ro 3:20-22

Galatifoɔ 2:19

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “mawu ama mmara no.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 7:9

Galatifoɔ 2:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 6:6; Ga 5:24
  • +1Pe 4:1, 2
  • +2Ko 5:15
  • +1Ti 2:5, 6

Galatifoɔ 2:21

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “merentumi mpia nto nkyɛn.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 1:17
  • +Ga 3:21; Heb 7:11

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Gal. 2:1Aso 9:27
Gal. 2:1Aso 15:1, 2
Gal. 2:32Ko 2:13
Gal. 2:3Aso 16:3
Gal. 2:4Aso 15:1, 24
Gal. 2:42Ko 3:17; Ga 5:1
Gal. 2:4Ga 4:9
Gal. 2:5Ga 2:14
Gal. 2:6Ga 2:9
Gal. 2:7Aso 22:21; Ro 11:13; 1Ti 2:7
Gal. 2:8Aso 9:15
Gal. 2:9Aso 15:13
Gal. 2:9Efe 3:8
Gal. 2:9Aso 13:2; 15:25
Gal. 2:10Aso 11:29, 30; 1Ko 16:1
Gal. 2:11Yoh 1:42
Gal. 2:11Aso 11:25, 26; 15:35
Gal. 2:12Aso 12:17
Gal. 2:12Aso 10:26, 28; 11:2, 3
Gal. 2:12Aso 21:20, 21
Gal. 2:14Aso 10:34, 35
Gal. 2:14Aso 15:10, 28, 29
Gal. 2:16Aso 13:39; Ro 5:17; 1Ko 6:11
Gal. 2:16Ro 1:17; Yak 2:23
Gal. 2:16Ro 3:20-22
Gal. 2:19Ro 7:9
Gal. 2:20Ro 6:6; Ga 5:24
Gal. 2:201Pe 4:1, 2
Gal. 2:202Ko 5:15
Gal. 2:201Ti 2:5, 6
Gal. 2:21Yoh 1:17
Gal. 2:21Ga 3:21; Heb 7:11
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Galatifoɔ 2:1-21

Ɔde Kɔmaa Galatifoɔ

2 Ɛno akyi mfeɛ 14 no, mesan ne Barnaba kɔɔ Yerusalem,+ na mefaa Tito nso kaa me ho.+ 2 Menyaa yikyerɛ sɛ menkɔ hɔ nti na mekɔeɛ, na mede asɛmpa a meka no amanaman mu no ho asɛm too mpanimfoɔ a anuanom bu wɔn no nko ara anim, ɛfiri sɛ na mempɛ sɛ mmirika a matu anaa meretu no yɛ kwa. 3 Tito+ a na ɔka me ho no mpo, wɔanhyɛ no sɛ ɔntwa twetia,*+ ɛmfa ho sɛ ɔyɛ Greeceni no. 4 Deɛ ɛkɔfaa asɛm no baeɛ ne anuanom atorofoɔ a wɔayɛ kodɛɛ aba asafo no mu;+ wɔn na wɔawiawia wɔn ho aba mu sɛ wɔrebɛsɛe ahofadie+ a Kristo Yesu nti yɛwɔ no, na wɔde yɛn ayɛ nkoa koraa.+ 5 Deɛ ɛbɛyɛ a mobɛtena asɛmpa no ho nokorɛ no mu nti, yɛango yɛn ho amma saa nnipa no;+ yɛango yɛn ho kakraa bi* mpo.

6 Anuanom a wɔbu wɔn no deɛ,+ sɛdeɛ berɛ bi na wɔteɛ no, ɛnyɛ ɛno na ɛhia me, ɛfiri sɛ ɛnyɛ sɛdeɛ obi teɛ wɔ nnipa ani so na Onyankopɔn hwɛ. Deɛ ɛwom ne sɛ, saa anuanom a wɔdi nneɛma anim yi ankyerɛ me biribi foforɔ biara. 7 Mmom wɔbɛhuu sɛ wɔde ahyɛ me nsa sɛ menka asɛmpa no nkyerɛ wɔn a wɔntwaa twetia+ sɛdeɛ wɔde asɛmpa no hyɛɛ Petro nsa sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn a wɔatwa twetia no. 8 Deɛ ɔmaa Petro tumi a ɔde yɛɛ asomafoɔ adwuma maa wɔn a wɔatwa twetia no, ɔno ara na ɔmaa me nso tumi a mede reyɛ adwuma wɔ amanaman mufoɔ mu.+ 9 Enti berɛ a Yakobo+ ne Kefa* ne Yohane a wɔayɛ sɛ adum no huu adom a wɔde adom me+ no, wɔkyeaa me ne Barnaba+ nsam penee so* sɛ yɛnkɔ amanaman mufoɔ mu, na wɔn nso nkɔ wɔn a wɔatwa twetia no mu. 10 Adeɛ a wɔsrɛeɛ ara ne sɛ yɛnkae ahiafoɔ berɛ nyinaa, na mabɔ mmɔden paa nso de ayɛ adwuma.+

11 Nanso, berɛ bi a Kefa*+ baa Antiokia+ no, meka sii n’anim sɛ wayɛ biribi a ɛmfa kwan mu.* 12 Deɛ ɛbaeɛ ne sɛ, ansa na nnipa bi a wɔfiri Yakobo+ hɔ reba no, na ɔne amanaman mufoɔ didi,+ nanso berɛ a wɔbaeɛ no, ɛsiane sɛ na ɔsuro wɔn a wɔatwa twetia no+ nti, ɔgyaeeɛ, na ɔtwee ne ho firii amanaman mufoɔ no ho. 13 Yudafoɔ a aka no nso kɔkaa ne ho wɔ ne nyaatwom no mu, na Barnaba mpo kɔdii wɔn nyaatwom no akyi. 14 Nanso berɛ a mehuu sɛ wɔamfa asɛmpa no ho nokorɛ anyɛ adwuma no,+ meka kyerɛɛ Kefa* wɔ wɔn nyinaa anim sɛ: “Wo a woyɛ Yudani no, sɛ woanyɛ w’adeɛ sɛ Yudani na mmom wobɔ wo bra sɛ amanaman muni a, adɛn nti na worehyɛ amanaman mufoɔ sɛ wɔmmɔ wɔn bra sɛ Yudafoɔ?”+

15 Yɛn a yɛfiri awoɔ mu yɛ Yudafoɔ, na yɛnyɛ nnebɔneyɛfoɔ a wɔfiri amanaman mu no, 16 yɛnim sɛ ɛnyɛ mmara nnwuma na ɛbu onipa bem, na mmom Kristo Yesu+ mu gyidie+ nko ara na ɛbu obi bem. Enti yɛagye Kristo Yesu adi, na ama wɔafa Kristo mu gyidie so abu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara nnwuma, ɛfiri sɛ ɛkaa mmara nnwuma nko a, anka wɔremmu obiara* bem.+ 17 Afei sɛ yɛn nso wɔbu yɛn sɛ abɔnefoɔ a ɛhia sɛ wɔfa Kristo so bu yɛn bem a, ɛno kyerɛ sɛ Kristo yɛ ɔsomfoɔ a ɔboa bɔne anaa? Daabida! 18 Sɛ mesan si deɛ berɛ bi medwiri guiɛ no a, ɛno kyerɛ sɛ meyɛ mmaratofoɔ. 19 Ɛsiane sɛ medii mmara no so nti, made me ho afiri mmara no ho,*+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛtena ase wɔ Onyankopɔn mu. 20 Wɔabɔ me ne Kristo nyinaa asɛndua mu.+ Ɛnyɛ me na mete ase bio,+ na mmom ɛyɛ Kristo na ɔte me mu. Ampa, te a mete ase ɔhonam mu seesei yi, mete ase wɔ Onyankopɔn Ba no mu gyidie mu;+ ɔno na ɔdɔɔ me na ɔde ne ho too hɔ maa me.+ 21 Onyankopɔn adom+ deɛ, merempo,* ɛfiri sɛ sɛ tenenee nam mmara so na ɛba a, ɛnneɛ anka Kristo awu kwa.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane