35 Asaase pradadaa ne asaase a ɛso awo ani bɛgye,+
Na anweatam bɛdi ahurisie na apae sɛ nhwiren.+
2 Sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɛbɛgu nhwiren;+
Ɛbɛbɔ ose na adi ahurisie.
Wɔde Lebanon animuonyam bɛma no,+
Ɛne Karmel+ ne Saron+ ahoɔfɛ.
Wɔbɛhunu Yehowa animuonyam, yɛn Nyankopɔn kɛseyɛ.
3 Nsa a emu ago no, monhyɛ no den;
Nkotodwe a ahodwo no, mommia mu.+
4 Wɔn a wɔn akoma atu no, monka nkyerɛ wɔn sɛ:
“Monhyɛ mo ho den. Monnsuro.
Hwɛ! Mo Nyankopɔn de awerɛdie bɛba,
Onyankopɔn bɛba abɛtua mo atamfo ka.+
Ɔbɛba abɛgye mo.”+
5 Saa berɛ no, anifirafoɔ ani bɛbue,+
Na wɔn a wɔn aso asi aso ate asɛm.+
6 Saa berɛ no, apakye bɛhuri sɛ wansane,+
Na mum kɛtrɛma de anigyeɛ abɔ ose.+
Nsuo bɛtue serɛ so,
Na nsubɔnten asene asaase pradadaa so.
7 Na asaase a ɛso awo bɛdane tadeɛ,
Na asaase a akyene ayɛ nsuwansuwa.+
Baabi a na ɛyɛ sakraman ahomegyebea no,+
Ɛserɛ mono, demmire, ne mmɛwa bɛfifi wɔ hɔ.
8 Na kwantempɔn bi bɛda hɔ.+
Saa kwan no, wɔbɛfrɛ no Ɛkwan Kronkron.
Deɛ ne ho nteɛ remfa so.+
Wɔn a wɔfata sɛ wɔfa kwan no so na wɔbɛfa so,
Na kwasea biara remfom mmɛfa so.
9 Gyata biara remma hɔ,
Na wuram mmoa a wɔn ho yɛ hu biara remfa so.
Wɔrenhunu bi wɔ hɔ;+
Wɔn a wɔatɔ wɔn afiri nkoasom mu no nko ara na wɔbɛfa so.+
10 Wɔn a Yehowa agye wɔn no bɛsan aba;+ wɔde osebɔ bɛba Sion.+
Wɔbɛnya anigyeɛ a ɛnni awieeɛ.+
Wɔbɛdi ahurisie na wɔasɛpɛ wɔn ho,
Na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.+