Yesaia 11:6, 7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Pataku ne odwan ba bɛtena,*+Na ɔsebɔ ne apɔnkye ba ada faako,Na nantwie ba ne gyata* ne aboa a wadɔre sradeɛ bɛbom atena faako;*+Na abarimaa ketewa aka wɔn. 7 Nantwibedeɛ ne sisire bɛbom adidi,Na wɔn mma ada faako. Gyata bɛwe wura sɛ nantwinini.+ Yesaia 65:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Pataku ne odwan ba bɛbom adidi,Na gyata awe wura sɛ nantwie,+Na ɔwɔ deɛ, dɔteɛ na ɛbɛyɛ n’aduane. Wɔrenyɛ bɔne, na wɔrensɛe adeɛ, me bepɔ kronkron no nyinaa so,”+ Yehowa na aka. Hesekiel 34:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 “‘“Na me ne wɔn bɛyɛ asomdwoeɛ apam,+ na mɛpamo wuram mmoa bɔne afiri asaase no so,+ na wɔbɛtena serɛ so dwoodwoo na wɔadeda kwaeɛ mu.+ Hosea 2:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Saa da no, me ne wuram mmoa bɛyɛ apam ama wɔn,+Na me ne wiem nnomaa, ne mmoa a wɔwea fam bɛyɛ apam ama wɔn;+Mɛyi agyan ne sekan ne akodie afiri asaase no so,+Na mɛma wɔatena hɔ dwoodwoo.+
6 Pataku ne odwan ba bɛtena,*+Na ɔsebɔ ne apɔnkye ba ada faako,Na nantwie ba ne gyata* ne aboa a wadɔre sradeɛ bɛbom atena faako;*+Na abarimaa ketewa aka wɔn. 7 Nantwibedeɛ ne sisire bɛbom adidi,Na wɔn mma ada faako. Gyata bɛwe wura sɛ nantwinini.+
25 Pataku ne odwan ba bɛbom adidi,Na gyata awe wura sɛ nantwie,+Na ɔwɔ deɛ, dɔteɛ na ɛbɛyɛ n’aduane. Wɔrenyɛ bɔne, na wɔrensɛe adeɛ, me bepɔ kronkron no nyinaa so,”+ Yehowa na aka.
25 “‘“Na me ne wɔn bɛyɛ asomdwoeɛ apam,+ na mɛpamo wuram mmoa bɔne afiri asaase no so,+ na wɔbɛtena serɛ so dwoodwoo na wɔadeda kwaeɛ mu.+
18 Saa da no, me ne wuram mmoa bɛyɛ apam ama wɔn,+Na me ne wiem nnomaa, ne mmoa a wɔwea fam bɛyɛ apam ama wɔn;+Mɛyi agyan ne sekan ne akodie afiri asaase no so,+Na mɛma wɔatena hɔ dwoodwoo.+