Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom. Ayeyi dwom.
65 O Onyankopɔn, ayeyie retwɛn wo wɔ Sion;+
Yɛahyɛ wo bɔ, na yɛbɛdi so.+
2 O mpaebɔ Tiefo, wo nkyɛn na nnipa a wɔfiri mmaa nyinaa bɛba.+
3 Me mfomsoɔ aboro me so,+
Nanso wokata yɛn mmarato so.+
4 Anigyeɛ ne onipa a woyi no na woma no ba wo nkyɛn
Bɛtena wo fie adihɔ.+
Wo fie nneɛma pa bɛmee yɛn+
Wɔ w’asɔrefie kronkron no mu.+
5 O yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn,
Wobɛyɛ tenenee nnwuma akɛseɛ+ de abua yɛn adesrɛ;
Wɔn a wɔtete asaase ano+
Ne wɔn a wɔwɔ po so akyirikyiri nyinaa, wone wɔn Ahotɔsoɔ.
6 Wode w’ahoɔden maa mmepɔ timii;
Woahyɛ tumi sɛ ataadeɛ.+
7 Woma ɛpo a ɛrehuru yɛ dinn,+
Na asorɔkye a ɛrebu fa so ne amanaman gyegyeegye nso brɛ ase.+
8 Wo nsɛnkyerɛnne bɛma wɔn a wɔtete akyirikyiri ho adwiri wɔn;+
Wobɛma wɔn a wɔtete apueeɛ ne atɔeɛ abɔ ose.
9 Woma asaase nya deɛ ɛhia;
Ɛso aba pii ma no yɛ frɔmfrɔm.+
Asutene a ɛfiri Onyankopɔn hɔ mu nsuo dɔɔso.
Woma nnipa nya aduane;+
Saa na woayɛ asaase no.
10 Woma nsuo yeyɛ n’aka ma, na asaase a wɔafuntum nso, woma no da so kama;
Woma nsuo tɔ gu so ma no yɛ mmerɛ; wohyira n’afifideɛ so ma no nyini.+
11 Wode wo papayɛ bɔ afe no abotire;
Baabi a wobɛfa biara, nneɛma pa nko ara na ɛdi w’akyi.+
12 Nneɛma pa abu so wɔ mmoa adidibea a ɛwɔ serɛ so,+
Na nkokoɔ ahyɛ ahurisidie sɛ ataadeɛ.+
13 Nnwan ayɛ ma wɔ wɔn adidibea,
Abɔn nyinaa, hwiit ayɛ mu ma.+
Asaase no nyinaa bɔ ose, ɛto dwom.+