Mateo Twerɛtohɔ
2 Berɛ a wɔwoo Yesu wɔ Betlehem+ a ɛwɔ Yudea, Ɔhene Herode*+ nna no mu no, hwɛ! nsoromma mu ahwɛfoɔ bi firi Apueeɛ fam baa Yerusalem, 2 na wɔbisaa sɛ: “Ɛhe na deɛ wɔawo no a ɔbɛyɛ Yudafoɔ hene+ no wɔ? Berɛ a yɛwɔ Apueeɛ fam na yɛhuu ne nsoromma, enti yɛaba sɛ yɛrebɛkoto no.” 3 Berɛ a Ɔhene Herode tee wei no, n’akoma tui, ɔne Yerusalemfoɔ nyinaa. 4 Na ɔfrɛfrɛɛ ɔman no mu asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ nyinaa boaa ano, na ɔbisaa wɔn faako a wɔbɛwo Kristo* no. 5 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Betlehem+ a ɛwɔ Yudea, ɛfiri sɛ wei ne deɛ wɔnam odiyifoɔ no so atwerɛ: 6 ‘Na wo, Betlehem a wowɔ Yuda asaase so, wonyɛ kuro ketewa wɔ Yuda atitire mu, ɛfiri sɛ wo mu na sodifoɔ bi bɛfiri aba; ɔno na ɔbɛhwɛ me man Israel.’”+
7 Ɛnna Herode frɛɛ nsoromma mu ahwɛfoɔ no kodɛɛ, na ɔtoo ne bo ase bisaa wɔn berɛ a nsoromma no pueeɛ. 8 Na ɔsomaa wɔn kɔɔ Betlehem, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ na monto mo bo ase nhwehwɛ abɔfra kumaa no, na sɛ mohu no a, mommɛbɔ me amanneɛ, na me nso menkɔ nkɔkoto no.” 9 Berɛ a wɔtiee ɔhene no asɛm wieeɛ no, wɔsiim kɔe, na hwɛ! nsoromma a wɔhunuiɛ berɛ a na wɔwɔ Apueeɛ fam+ no dii wɔn anim kɔsii sɛ ɛkɔgyinaa faako a abɔfra kumaa no wɔ no atifi. 10 Berɛ a wɔhuu nsoromma no, wɔn ani gyee papaapa. 11 Na berɛ a wɔkɔɔ fie no mu no, wɔhuu abɔfra kumaa no ne ne maame Maria, na wɔbɔɔ wɔn mu ase kotoo no. Afei nso, wɔbuebuee wɔn nneɛma so kyɛɛ no adeɛ—sika kɔkɔɔ ne ɛhyɛ* ne kurobo.* 12 Nanso, na Onyankopɔn abɔ wɔn kɔkɔ wɔ daeɛ mu+ sɛ wɔnnsan nnkɔ Herode nkyɛn. Enti wɔfirii hɔ kɔfaa kwan foforɔ so kɔɔ wɔn kurom.
13 Berɛ a wɔfirii hɔ kɔeɛ no, hwɛ! Yehowa* bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef wɔ daeɛ mu,+ na ɔkaa sɛ: “Sɔre, fa abɔfra kumaa no ne ne maame na dwane kɔ Egypt, na tena hɔ kɔsi sɛ me ne wo bɛkasa, ɛfiri sɛ Herode rebɛhwehwɛ abɔfra kumaa no aku no.” 14 Enti Yosef sɔree, na ɔfaa abɔfra kumaa no ne ne maame anadwo, na wɔkɔɔ Egypt. 15 Ɔtenaa hɔ kɔsii sɛ Herode wuiɛ. Wei maa deɛ Yehowa* nam ne diyifoɔ so kaeɛ no baa mu sɛ: “Egypt na mefrɛɛ me ba firiiɛ.”+
16 Afei berɛ a Herode huu sɛ nsoromma mu ahwɛfoɔ no adaadaa no no, ne bo fuu dendeenden. Enti ɔsoma maa wɔkɔkunkum mmarimaa a wɔwɔ Betlehem ne ne mpɔtamu hɔ nyinaa, ɛfiri wɔn a wɔawo wɔn foforɔ so kɔsi wɔn a wɔadi mfeɛ mmienu so, sɛdeɛ berɛ a ɔhunu firii nsoromma mu ahwɛfoɔ+ no hɔ teɛ no. 17 Wei maa deɛ wɔnam odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no baa mu. Ɔkaa sɛ: 18 “Wɔtee nne bi wɔ Rama, esu ne nteateamu pii. Ɛyɛ Rahel+ na ɔresu ne mma, na sɛ wɔkyekye ne werɛ a ɔmpene, ɛfiri sɛ wɔnni hɔ bio.”+
19 Berɛ a Herode wuiɛ no, hwɛ! Yehowa* bɔfoɔ yii ne ho adi wɔ daeɛ mu+ kyerɛɛ Yosef wɔ Egypt 20 na ɔkaa sɛ: “Sɔre, fa abɔfra kumaa no ne ne maame na si mu kɔ Israel asaase so, ɛfiri sɛ wɔn a na wɔrehwehwɛ abɔfra kumaa no aku no no* awuwu.” 21 Enti ɔsɔree, na ɔfaa abɔfra kumaa no ne ne maame kɔɔ Israel asaase so. 22 Nanso berɛ a ɔtee sɛ Arkelao asi ne papa Herode ananmu redi Yudea so hene no, na ɔsuro sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Afei nso, Onyankopɔn bɔɔ no kɔkɔ wɔ daeɛ mu,+ enti ɔfirii hɔ kɔɔ Galilea+ mantam mu. 23 Na ɔkɔtenaa kuro bi a wɔfrɛ no Nasaret+ mu, na ama deɛ wɔnam adiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ: “Wɔbɛfrɛ no Nasaretni.”*+