Mateo Twerɛtohɔ
26 Berɛ a Yesu kaa nsɛm yi nyinaa wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: 2 “Sɛdeɛ monim no, aka nnanu ama Twam no aduru,+ na wɔbɛyi onipa Ba no ama na wɔabɔ no asɛndua mu.”+
3 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ boaboaa wɔn ho ano wɔ ɔsɔfo panin a wɔfrɛ no Kaiafa+ no adihɔ. 4 Na wɔbɔɔ pɔ+ sɛ wɔbɛfa nyansakwan bi so akye Yesu, na wɔaku no. 5 Nanso wɔkaa sɛ: “Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ afahyɛ no ase, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔmanfoɔ no renyɛ basabasa.”
6 Berɛ a na Yesu wɔ Simon kwatani no fie wɔ Betania no,+ 7 ɔbaa bi a ɔkura alabasta toa baa ne nkyɛn. Ná ngo hwamhwam a ne boɔ yɛ den wɔ toa no mu. Na berɛ a Yesu redidi* no, ɔbaa no firii aseɛ hwiee ngo hwamhwam no guu Yesu tirim. 8 Berɛ a asuafoɔ no hunuu wei no, wɔn bo fui, na wɔkaa sɛ: “Adɛn nti na ɔresɛe no saa? 9 Anka wɔbɛtumi atɔn agye sika pii, na wɔde ama ahiafoɔ.” 10 Berɛ a Yesu hunuu wei no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na mopɛ sɛ moha ɔbaa no? Adepa na wayɛ ama me. 11 Ahiafoɔ deɛ, wɔwɔ mo nkyɛn daa,+ na me deɛ, ɛnyɛ daa na mɛwɔ mo nkyɛn.+ 12 Berɛ a ɔbaa yi de ngo hwamhwam yi guu me ho no, na ɔresiesie me nipadua ama da a wɔbɛsie me.+ 13 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi wɔ wiase nyinaa no, deɛ ɔbaa yi ayɛ yi nso, wɔbɛka de akae no.”+
14 Ɛnna Dumienu no mu baako, deɛ wɔfrɛ no Yuda Iskariot+ no, kɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn.+ 15 Ɔbisaa wɔn sɛ: “Deɛn na mode bɛma me na mayi no ama mo?”+ Na wɔkaa sɛ wɔbɛma no nnwetɛbena 30.+ 16 Enti ɛfiri saa berɛ no, ɔhwehwɛɛ berɛ a ɛfata a ɔde bɛyi no ama.
17 Da a ɛdi kan a wɔdi Paanoo a Mmɔka* Nnim+ no, asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa sɛ: “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔsiesie ma wo na wodi Twam no?”+ 18 Ɔkaa sɛ: “Monkɔ Asomasi nkyɛn wɔ kuro no mu nkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no se: “Me berɛ abɛn; me ne m’asuafoɔ bɛdi Twam no wɔ wo fie.”’” 19 Na asuafoɔ no yɛɛ sɛdeɛ Yesu hyɛɛ wɔn no, na wɔyɛɛ Twam no ho ntotoeɛ.
20 Na ɛduruu anwummerɛ no,+ ɔne asuafoɔ 12 no tenaa didipono ho.+ 21 Berɛ a wɔredidi no, ɔkaa sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, mo mu baako bɛyi me ama.”+ 22 Ɛyɛɛ wɔn awerɛho paa, na wɔfirii aseɛ bisaa no mmaako mmaako sɛ: “Awurade, ɛyɛ me anaa?” 23 Ɔbuaa sɛ: “Deɛ ɔne me to nsa didi ayowa mu no, ɔno na ɔbɛyi me ama.+ 24 Ampa, onipa Ba no rekɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ afa ne ho no, nanso onipa a wɔnam ne so bɛyi onipa Ba no ama+ no nnue!+ Saa onipa no, sɛ wɔanwo no mpo a anka ɛyɛ.”+ 25 Yuda a na ɔrebɛyi no ama no kaa sɛ: “Rabi, ɛyɛ me anaa?” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara woaka.”
26 Berɛ a wɔgu so redidi no, Yesu faa paanoo, na berɛ a ɔhyiraa so wieeɛ no, ɔbubuu mu+ de maa asuafoɔ no kaa sɛ: “Monnye nni. Wei gyina hɔ ma me nipadua.”+ 27 Afei ɔfaa kuruwa, na berɛ a ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn kaa sɛ: “Mo nyinaa monnom ano,+ 28 na wei gyina hɔ ma me ‘mogya+ a wɔde yɛ apam+ no,’ deɛ wɔbɛhwie agu ama nnipa bebree+ anya bɔnefakyɛ+ no. 29 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ: Merennom bobesa yi bi bio kɔsi da a me ne mo bɛnom no foforɔ wɔ m’Agya Ahennie mu.”+ 30 Berɛ a wɔtoo ayeyi nnwom wieeɛ no, wɔpue kɔɔ Ngodua Bepɔ* no so.+
31 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ ɛbɛba me so no bɛto mo nyinaa suntidua anadwo yi, ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: ‘Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwankuo no mu nnwan abɔ ahwete.’+ 32 Na sɛ wɔnyane me firi awufoɔ mu a, mɛdi mo anim akɔ Galilea.”+ 33 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ deɛ ɛbɛba wo so no bɛto wɔn nyinaa suntidua mpo a, me deɛ, ɛrento me suntidua da!”+ 34 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ wo sɛ, anadwo yi, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woaka no mprɛnsa sɛ wonnim me.”*+ 35 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wu mpo a, merenka da sɛ mennim wo.”*+ Asuafoɔ a aka no nyinaa nso kaa saa ara.
36 Afei Yesu ne asuafoɔ no kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane,+ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montena ha, na merekɔ nohoa akɔbɔ mpaeɛ+ aba.” 37 Na ɔfaa Petro ne Sebedeo mma mmienu no kaa ne ho, na ne werɛ firii aseɛ hoe, na ne ho yeraa no yie.+ 38 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me werɛ aho* paa de rekɔ owuo mu. Montena ha, na monkɔ so ne me nwɛn.”+ 39 Berɛ a ɔkɔɔ n’anim kakra no, ɔde n’anim butuu hɔ bɔɔ mpaeɛ+ sɛ: “M’Agya, sɛ ɛbɛyɛ yie a, anka ma kuruwa yi+ ntwa me ho nkɔ. Nanso ɛnyɛ sɛdeɛ mepɛ, na mmom sɛdeɛ wopɛ.”+
40 Na ɔbaa asuafoɔ no nkyɛn bɛhuu sɛ wɔadeda, na ɔbisaa Petro sɛ: “Enti moantumi ne me anwɛn dɔnhwere baako mpo?+ 41 Monkɔ so nwɛn+ na mommɔ mpaeɛ daa,+ na moankɔ sɔhwɛ mu.+ Honhom no deɛ, ɛpɛ, nanso honam no yɛ mmerɛ.”+ 42 Ɔkɔɔ bio ne mprenu so kɔbɔɔ mpaeɛ sɛ: “M’Agya, sɛ ɛrentumi ntwa me ho nkɔ, na nom ara na ɛsɛ sɛ menom a, ma wo pɛ nyɛ hɔ.”+ 43 Na ɔsan ba bɛhuu sɛ wɔadeda, ɛfiri sɛ na wɔn ani kum paa. 44 Enti ɔgyaa wɔn hɔ san kɔbɔɔ mpaeɛ ne mprɛnsa so, na ɔkaa asɛm korɔ no ara bio. 45 Ɛnna ɔsan baa asuafoɔ no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Saa berɛ yi na moada regye mo ahome? Hwɛ! Berɛ aso sɛ wɔyi onipa Ba no hyɛ abɔnefoɔ nsa. 46 Monsɔre, momma yɛnkɔ. Hwɛ! Deɛ ɔbɛyi me ama no aduru ha awie.” 47 Berɛ a ɔgu so rekasa no, hwɛ! Yuda a ɔyɛ Dumienu no mu baako no bae, na na nnipadɔm bi a wɔfiri asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ nkyɛn a wɔkurakura sekan ne nkontimmaa* ka ne ho.+
48 Ná deɛ ɔbɛyi no ama no ama wɔn sɛnkyerɛnne bi sɛ: “Onipa a mɛfe n’ano no, ɔne no; monkye no.” 49 Na ɔkɔɔ Yesu nkyɛn tẽẽ, na ɔkaa sɛ: “Rabi, asomdwoeɛ nka wo!” Ɛnna ɔfee n’ano. 50 Na Yesu bisaa no sɛ: “Damfo, woaba ha rebɛyɛ dɛn?”+ Ɛnna wɔbɛsɔɔ Yesu mu kyee no kɔeɛ. 51 Na hwɛ! wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako tenee ne nsa twee ne sekan, na ɔde twaa ɔsɔfo panin no akoa aso firii hɔ.+ 52 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “San fa wo sekan no hyɛ deɛ ɛhyɛ,+ na wɔn a wɔtwe sekan nyinaa bɛwu sekan ano.+ 53 Anaa wodwene sɛ mentumi nsrɛ m’Agya mma ɔmma me abɔfoɔ mpempem pii*+ seesei ara? 54 Anka ɛbɛyɛ dɛn na Twerɛnsɛm no aba mu sɛ, saa na ɛsɛ sɛ ɛba?” 55 Saa berɛ no, Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ: “Mode sekan ne nkontimmaa* aba rebɛkye me te sɛ korɔmfo-werɛmfoɔ? Ná metaa tena asɔrefie hɔ kyerɛkyerɛ daa,+ nanso moankye me.+ 56 Nanso weinom nyinaa asi na ama nsɛm a adiyifoɔ no twerɛeɛ* no aba mu.”+ Ɛnna asuafoɔ no nyinaa gyaa no hɔ dwaneeɛ.+
57 Wɔn a wɔkyee Yesu no de no kɔɔ ɔsɔfo panin Kaiafa+ nkyɛn, baabi a na atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no ahyiam no.+ 58 Na Petro kɔɔ so dii n’akyi wɔ akyirikyiri kɔduruu ɔsɔfo panin no adihɔ.* Na berɛ a ɔwuraa mu no, ɔkɔtenaa fie hɔ asomfoɔ no nkyɛn hwɛɛ deɛ ɛbɛsie.+
59 Ná asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Sanhedrin no nyinaa rehwehwɛ adanseɛ bi a ɛnyɛ nokorɛ de atia Yesu, na ama wɔagyina so aku no.+ 60 Nanso wɔannya bi, ɛwom sɛ nnipa bebree bɛdii adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ tiaa no.+ Akyire yi nnipa mmienu bae, 61 na wɔbɛkaa sɛ: “Ɔbarima yi kaa sɛ, ‘Mɛtumi adwiri Onyankopɔn asɔrefie agu na mede nnansa asi.’”+ 62 Ɛnna ɔsɔfo panin no sɔre gyinaeɛ, na ɔbisaa no sɛ: “Wonka biribiara nyi w’ano? Enti deɛ nnipa yi reka atia wo yi, wonte?”+ 63 Nanso Yesu yɛɛ dinn.+ Enti ɔsɔfo panin no ka kyerɛɛ no sɛ: “Meka kyerɛ wo sɛ, ka nokorɛ wɔ Onyankopɔn teasefoɔ no anim. Sɛ wone Kristo no, Onyankopɔn Ba+ no a, ka kyerɛ yɛn!” 64 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara woaka. Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, ɛfiri saa berɛ yi rekɔ no, mobɛhunu onipa Ba no+ sɛ ɔte Otumfoɔ* no nsa nifa+ so na ɔfiri ɔsoro mununkum mu reba.”+ 65 Ɛnna ɔsɔfo panin no suan n’ataadeɛ ngugusoɔ mu, na ɔkaa sɛ: “Waka abususɛm! Adansefoɔ bɛn bio na yɛhia? Hwɛ! Afei deɛ, moate abususɛm no. 66 Modwene ho sɛn?” Ɛnna wɔbuaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ ɔwu.”+ 67 Ɛnna wɔtetee ntasuo guu n’anim+ bobɔɔ no akuturuku.+ Ebinom nso bobɔɔ n’ani so,+ 68 na wɔkaa sɛ: “Kristo, sɛ wose woyɛ odiyifoɔ a, kyerɛ yɛn deɛ ɔbɔɔ wo!”
69 Ná Petro te adihɔ hɔ, ɛnna abaawa* bi baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: “Wo nso, na woka Galileani+ Yesu ho!” 70 Nanso wannye antom, na ɔkaa wɔ wɔn nyinaa anim sɛ: “Mennim deɛ woreka no ho hwee.” 71 Berɛ a ɔpue kɔɔ efie no kwan ano* no, abaayewa bi nso huu no, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no sɛ: “Ná saa ɔbarima yi ka Nasaretni Yesu ho.”+ 72 Wei nso wannye antom, na ɔkaa ntam sɛ: “Mennim onipa no!” 73 Ɛyɛɛ kakra no, wɔn a wɔgyinagyina hɔ no bɛka kyerɛɛ Petro sɛ: “Ampa, woka wɔn ho. Nokwasɛm ne sɛ, wo kasa koraa kyerɛ saa.” 74 Ɛnna ɔfirii aseɛ dii nse kaa ntam sɛ: “Mennim onipa no!” Na ɛhɔ ara na akokɔ bɔneeɛ. 75 Na Petro kaee asɛm a Yesu kaa sɛ: “Ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woaka no mprɛnsa sɛ wonnim me.”*+ Na ɔpue kɔsuu pii.