Luka Twerɛtohɔ
9 Na ɔfrɛɛ Dumienu no hyiae, na ɔmaa wɔn ahoɔden ne tumi a wɔde bɛtu ahonhommɔne+ nyinaa, ɛne tumi a wɔde bɛsa yareɛ.+ 2 Ɛnna ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn Ahennie ho asɛm na wɔnsa yareɛ, 3 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommfa hwee nntu kwan no; mommfa poma anaa aduane kotokuo, paanoo anaa sika;* mommfa ntaadeɛ+ mmienu nso. 4 Na baabiara a mobɛkɔ no, sɛ mokɔ fie bi mu a, montena hɔ nkɔsi sɛ mobɛfiri hɔ akɔ.+ 5 Na baabiara a nnipa annye mo no, sɛ morefiri kuro no mu akɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo mma ɛnyɛ adanseɛ ntia wɔn.”+ 6 Na wɔsiim kɔfaa asaase no so, na wɔkɔɔ akuraa biara ase. Na wɔkaa asɛmpa no, na wɔsaa nyarewa wɔ baabiara.+
7 Na Herode* a ɔyɛ ɔmantam sodifoɔ* no tee nneɛma a na ɛrekɔ so no nyinaa, na n’adwene tu frae, ɛfiri sɛ na ebinom rekeka sɛ wɔanyane Yohane afiri awufoɔ mu,+ 8 na ebinom nso kaa sɛ Elia na aba, ɛnna ebinom nso se tete adiyifoɔ no mu baako na asɔre.+ 9 Herode kaa sɛ: “Matwa Yohane ti.+ Ɛnneɛ hwan na meretete ne ho asɛm sei yi?” Enti, na ɔpɛ sɛ ɔhu no.+
10 Berɛ a asomafoɔ no san baeɛ no, wɔkaa nneɛma a wɔayɛ nyinaa kyerɛɛ Yesu.+ Enti ɔfaa wɔn ne wɔn kɔhyɛɛ baabi a ate ne ho, wɔ kuro bi a wɔfrɛ no Betsaida+ mu. 11 Nanso berɛ a nnipadɔm no hunuiɛ no, wɔdii n’akyi. Na ɔgyee wɔn fɛ so, na ɔfirii aseɛ kaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm kyerɛɛ wɔn, na ɔsaa wɔn a wɔhia ayaresa no yareɛ.+ 12 Afei na adeɛ resa. Ɛnna Dumienu no ba bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Gya nnipadɔm no kwan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi akɔ nkuraa ne mfuo a atwa ahyia yi mu akɔpɛ daberɛ ne nneɛma a wɔbɛhia, ɛfiri sɛ baabi a yɛwɔ yi ate ne ho.”+ 13 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara momma wɔn biribi nni.”+ Ɛnna wɔkaa sɛ: “Yɛnni hwee sɛ paanoo nnum ne mpataa mmienu. Gye sɛ ebia yɛn ankasa yɛkɔtɔ aduane brɛ nnipa yi nyinaa.” 14 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, na nnipa a ɛwɔ hɔ no bɛyɛ mmarima 5,000. Nanso ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Momma wɔntenatena ase akuakuo; Ekuo biara mu nnipa nyɛ bɛyɛ 50.” 15 Na wɔyɛɛ saa maa wɔn nyinaa tenatenaa ase. 16 Ɛnna ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro, na ɔhyiraa so. Afei ɔbubuu mu, na ɔfirii aseɛ de maa asuafoɔ no sɛ wɔmfa nsisi nnipadɔm no anim. 17 Enti wɔn nyinaa didi mee, na berɛ a wɔsesaa deɛ ɛkaa aseɛ no, wɔnyaa nkɛntɛn 12.+
18 Akyire yi, berɛ a ɔno nko ara rebɔ mpaeɛ no, asuafoɔ no baa ne nkyɛn, na ɔbisaa wɔn sɛ: “Nnipadɔm no se mene hwan?”+ 19 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ebinom se Yohane Suboni, ebinom se Elia, ɛnna ebinom nso se tete adiyifoɔ no mu baako na asɔre.”+ 20 Afei ɔbisaa wɔn sɛ: “Na mo nso ɛ, mose meyɛ hwan?” Petro buaa sɛ: “Kristo a Onyankopɔn asoma no no.”+ 21 Na ɔkaa no dendeenden kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara,+ 22 na ɔkaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ onipa Ba no hunu amane pii, na mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no po no, na wɔku no,+ na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wɔanyane no.”+
23 Afei ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi m’akyi a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ deɛ ɔno ara pɛ bio.+ Mmom ɔmfa n’asɛndua* da biara da na ɔnni m’akyi daa.+ 24 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔkora ne nkwa* so no, ɛbɛfiri ne nsa, na obiara a me nti ɔbɛhwere ne nkwa* no, ɔno na ne nsa bɛka.+ 25 Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne nkwa* anaa ɔsɛe no a, mfasoɔ bɛn paa na ɔbɛnya?+ 26 Na obiara a ɔbɛma n’ani awu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso, sɛ onipa Ba no ba ɔne n’Agya ne abɔfo kronkron no animuonyam mu a, ne ho bɛyɛ onipa Ba no aniwu.+ 27 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn a wɔgyina ha yi mu bi wɔ hɔ a, wɔrenka owuo nhwɛ kɔsi sɛ wɔbɛhunu Onyankopɔn Ahennie+ no.”
28 Ampa ara, berɛ a ɔkaa saa nsɛm yi akyi bɛyɛ nnawɔtwe no, ɔfaa Petro ne Yohane ne Yakobo kaa ne ho, na ɔforo kɔɔ bepɔ so kɔbɔɔ mpaeɛ.+ 29 Berɛ a ɔgu so rebɔ mpaeɛ no, n’anim sesae, na n’ataadeɛ yɛɛ hyɛnn te sɛ hann. 30 Na hwɛ! ná mmarima mmienu, Mose ne Elia, ne no rekasa. 31 Mmarima mmienu no de animuonyam na ɛbaeɛ, na wɔfirii aseɛ kaa ne nkɔeɛ ho asɛm, deɛ na ɔbɛma aba mu wɔ Yerusalem no.+ 32 Ná nna wɔ Petro ne wɔn a wɔka ne ho no ani so. Berɛ a wɔn ani so tetee wɔn no, wɔhuu Yesu animuonyam+ ne mmarima mmienu a wɔne no gyina hɔ no. 33 Na berɛ a Mose ne Elia regya Yesu hɔ akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha. Enti ma yɛnsi ntomadan mmiɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, Elia nso deɛ baako.” Petro deɛ, na ɔnnim deɛ ɔreka. 34 Na berɛ a ɔreka weinom no, mununkum bi bae, na ɛfirii aseɛ kataa wɔn so. Berɛ a mununkum no kataa wɔn so no, wɔsuroeɛ. 35 Na nne bi+ firi mununkum no mu baa sɛ: “Wei ne me Ba, deɛ mayi no no.+ Montie no.”+ 36 Na berɛ a ɛnne no baeɛ no, wɔhuu sɛ aka Yesu nko ara. Na wɔyɛɛ komm, na wɔanka deɛ wɔhunuiɛ yi mu biara ankyerɛ obiara wɔ saa nna no mu.+
37 Adeɛ kyeeɛ no, wɔfirii bepɔ no so sianee, na nnipadɔm kɛseɛ bi bɛhyiaa no.+ 38 Na hwɛ! ɔbarima bi firi nnipa no mu teaam sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mesrɛ wo, hwɛ me babarima yi, ɛfiri sɛ ɔyɛ me ba baako pɛ.+ 39 Na hwɛ! honhom bi ba ne so, na ɔteam prɛko pɛ, na ɛtwa no hwe fam ma ɔsensene, na n’ano pu ahuro. Na sɛ ɛpira no wie mpo a, ɛmpɛ sɛ ɛfiri ne so. 40 Mesrɛɛ w’asuafoɔ no sɛ wɔntu honhom no, nanso wɔantumi.” 41 Yesu kaa sɛ: “O awoɔ ntoatoasoɔ+ abɔnefoɔ* a monni gyidie, me ne mo ntena na mennya mo ho aboterɛ nkɔsi da bɛn? Fa wo ba no bra ha.”+ 42 Na berɛ a abarimaa no rebɛn Yesu no, honhommɔne no maa ɔtwa hwee fam, na ɔsensenee. Nanso Yesu kaa honhom fĩ no anim, na ɔsaa abarimaa no yareɛ, na ɔsan de no maa ne papa. 43 Na Onyankopɔn ahoɔden kɛseɛ a wɔhunuiɛ no maa wɔn nyinaa ho dwirii wɔn.
Na nneɛma a na Yesu reyɛ nyinaa yɛɛ nkurɔfoɔ no nyinaa nwanwa. Ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: 44 “Monwɛn mo aso ntie saa nsɛm yi na monkae, ɛfiri sɛ wɔbɛyi onipa Ba no ahyɛ nnipa nsa.”+ 45 Ná wɔnte n’asɛm no ase. Nokwasɛm ne sɛ, ná wɔde ahinta wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrente aseɛ, na na wɔsuro sɛ wɔbɛbisa no asɛm a ɔkaeɛ no ho biribi.
46 Na akyinnyeɛ bi sɔree wɔn mu sɛ, hwan na ɔyɛ ɔkɛseɛ wɔ wɔn mu?+ 47 Berɛ a Yesu huu deɛ wɔredwene ho wɔ wɔn akoma mu no, ɔfaa abɔfra kumaa bi de no gyinaa ne nkyɛn, 48 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Obiara a ɔbɛgye abɔfra kumaa yi me din mu no, na wagye me nso; na obiara a ɔbɛgye me no, na wagye Deɛ ɔsomaa me no nso.+ Na deɛ ɔyɛ ne ho kumaa wɔ mo nyinaa mu no, ɔno na ɔyɛ ɔkɛseɛ.”+
49 Na Yohane ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛhuu obi a ɔde wo din retu ahonhommɔne, na yɛyɛɛ sɛ yɛbɛsi no kwan, ɛfiri sɛ ɛnyɛ yɛne no na ɛdi w’akyi.”+ 50 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Monnyɛ sɛ mobɛsi no kwan, ɛfiri sɛ obiara a ɔnsɔre ntia mo no, na ɔwɔ mo afã.”
51 Berɛ a nna no rebɛn ama wɔafa no akɔ soro no,+ ɔde sii n’ani so dendeenden sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem. 52 Enti ɔsomaa nnipa dii n’anim. Na wɔsiim kɔɔ Samariafoɔ akuraa bi ase sɛ wɔrekɔsiesie hɔ ama no. 53 Nanso wɔannye no,+ ɛfiri sɛ na wasi n’adwene pi* sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem. 54 Berɛ a asuafoɔ mmienu, Yakobo ne Yohane+ hunuu wei no, wɔkaa sɛ: “Awurade, wopɛ sɛ yɛka ma egya firi soro bɛhye wɔn ase anaa?”+ 55 Nanso ɔdanee ne ho, na ɔkaa wɔn anim. 56 Ɛno nti, wɔkɔɔ akuraa foforɔ ase.
57 Berɛ a wɔnam kwan so rekɔ no, obi ka kyerɛɛ no sɛ: “Baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi w’akyi.” 58 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sakraman* wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mprebuo, na onipa Ba no deɛ, ɔnni baabi a ɔde ne ti to.”+ 59 Na ɔka kyerɛɛ ɔfoforɔ sɛ: “Di m’akyi.” Ɔbarima no kaa sɛ: “Awurade, ma me kwan ma menkɔsie me papa ansa.”+ 60 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma awufoɔ nsie wɔn awufoɔ,+ na wo deɛ, kɔ na kɔka Onyankopɔn Ahennie ho asɛm wɔ baabiara.”+ 61 Na obi foforɔ nso kaa sɛ: “Awurade, mɛdi w’akyi, nanso ma me kwan ma menkɔkra me fiefoɔ ansa.” 62 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Obiara a ɔde ne nsa sɔ dadeɛ a wɔde funtum asaase mu na ɔhwɛ nneɛma a ɛwɔ n’akyi+ no, ɔmfata sɛ ɔkɔ Onyankopɔn Ahennie mu.”+