Mateo Twerɛtohɔ
14 Saa berɛ no, Herode a ɔyɛ ɔmantam sodifoɔ* no tee Yesu ho asɛm,+ 2 na ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Ɛyɛ Yohane Suboni. Wɔanyane no afiri awufoɔ mu, na ɛno nti na ɔtumi yɛ anwanwadeɛ ahodoɔ yi.”+ 3 Ná Herode* akye Yohane de nkɔnsɔnkɔnsɔn agu no de no ato afiase, ne nua Filipo yere Herodia nti.+ 4 Ná Yohane ka kyerɛ no daa sɛ: “Mmara mma kwan sɛ wobɛware no.”+ 5 Ná ɔpɛ sɛ ɔku no, nanso na ɔsuro nnipadɔm no, ɛfiri sɛ na wɔbu Yohane sɛ odiyifoɔ.+ 6 Berɛ a wɔredi Herode awoda no,+ Herodia babaa saa wɔ aseɛ maa ɛyɛɛ Herode fɛ yie,+ 7 enti Herode hyɛɛ bɔ kaa ntam sɛ, deɛ ɔbɛbisa biara, ɔde bɛma no. 8 Ɛnna abaayewa no maame tutu guu n’asom maa no kaa sɛ: “Fa Yohane Suboni ti to apampaa so ma me ha yi ara.”+ 9 Asɛm no haa ɔhene no, nanso ntam a na waka ne wɔn a wɔne no redidi* no nti, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa mma no. 10 Enti ɔsoma maa wɔkɔtwaa Yohane ti wɔ afiase. 11 Na wɔde ne ti no too apampaa so brɛɛ abaayewa no, na ɔde kɔmaa ne maame. 12 Akyire yi, n’asuafoɔ no bɛyii ne funu* no kɔsieeɛ. Ɛnna wɔbɛbɔɔ Yesu amanneɛ. 13 Berɛ a Yesu tee asɛm no, ɔkɔtenaa kodoɔ mu firii hɔ sɛ ɔrekɔ baabi a ate ne ho akɔhyɛ hɔ komm. Nanso nnipadɔm no tee, na wɔfirii nkuro no mu faa fam toaa no wɔ hɔ.+
14 Berɛ a ɔpue baa mpoano no, ɔhuu nnipadɔm kɛseɛ bi. Wɔyɛɛ no mmɔbɔ,+ na ɔsaa ayarefoɔ a ɛwom no yareɛ.+ 15 Ɛduruu anwummerɛ no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛha ate ne ho, na adeɛ nso resa. Gya nnipadɔm no kwan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi akɔ nkuraa no ase akɔtɔ aduane adi.”+ 16 Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wɔkɔ; mo ara momma wɔn biribi nni.” 17 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛnni hwee wɔ ha, gye paanoo nnum ne mpataa mmienu.” 18 Ɔkaa sɛ: “Momfa mmrɛ me.” 19 Afei ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no maa wɔtenatenaa serɛ no so. Ɛnna ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so.+ Afei ɔbubuu paanoo no mu kyekyɛ maa asuafoɔ no, na asuafoɔ no nso kyekyɛ maa nnipadɔm no. 20 Enti wɔn nyinaa didi mee. Na berɛ a wɔsesaa deɛ ɛkaa aseɛ no, ɛyɛɛ nkɛntɛn 12 mama.+ 21 Wɔn a wɔdii aduane no bɛyɛ mmarima 5,000; wɔankan mmaa ne mmɔfra nkumaa no anka ho.+ 22 Afei ntɛm ara, ɔmaa n’asuafoɔ no tenaa kodoɔ no mu sɛ wɔnni kan ntwa nkɔ asuogya, na ɔgyaa nnipadɔm no kwan maa wɔkɔe.+
23 Berɛ a ɔgyaa nnipadɔm no kwan maa wɔkɔeɛ no, ɔno nko ara kɔɔ bepɔ so kɔbɔɔ mpaeɛ.+ Ɛduruu anwummerɛ no, na ɔno nko ara na ɔwɔ hɔ. 24 Saa berɛ yi, na ɛfiri baabi a kodoɔ no wɔ reba asaase so yɛ mita bebree,* na na asorɔkye no ama ayɛ den ama wɔn, ɛfiri sɛ na mframa no bɔ hyia wɔn. 25 Na ɛduruu ahomakye* no, ɔnantee po so baa wɔn nkyɛn. 26 Berɛ a asuafoɔ no huu no sɛ ɔnam po no so no, wɔn akoma tui, na wɔkaa sɛ: “Ɛyɛ daeɛ anaa?” Na ehu maa wɔteateaam. 27 Ɛhɔ ara na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo bo ntɔ mo yam! Ɛyɛ me a; monnsuro.”+ 28 Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, sɛ ɛyɛ wo ampa a, ka ma memfa nsuo no so mmra wo nkyɛn.” 29 Ɔkaa sɛ: “Bra!” Ɛnna Petro si firii kodoɔ no mu nantee nsuo no so, na ɔde n’ani kyerɛɛ baabi a Yesu wɔ no. 30 Nanso berɛ a ɔhuu sɛdeɛ mframa no rebɔ no, ehu kaa no. Na berɛ a ɔfirii aseɛ sɛ ɔremem no, ɔteaam sɛ: “Awurade, gye me!” 31 Ɛhɔ ara na ɔtenee ne nsa, na Yesu sɔɔ ne mu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo a wo gyidie sua, adɛn nti na womaa w’adwene hinhimiiɛ?”+ 32 Berɛ a wɔforo tenaa kodoɔ no mu no, mframa no gyaee. 33 Na wɔn a wɔwɔ kodoɔ no mu no kotoo no kaa sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn Ba ampa.” 34 Na wɔtwa baa Genesaret asaase so.+
35 Berɛ a mmarima a wɔwɔ hɔ huu no no, wɔsoma kɔɔ nkuro a atwa ahyia nyinaa mu, na nkurɔfoɔ de ayarefoɔ nyinaa brɛɛ no. 36 Na wɔpaa no kyɛw sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka n’ataadeɛ ngugusoɔ ano kɛkɛ,+ na wɔn a wɔde wɔn nsa kaeɛ nyinaa ho tɔɔ wɔn koraa.