Mateo Twerɛtohɔ
8 Berɛ a ɔsiane firii bepɔ no so no, nnipadɔm bebree dii n’akyi. 2 Na hwɛ! kwatani bi bae, na ɔbɛkotoo no kaa sɛ: “Awurade, sɛ wopɛ a, wobɛtumi asa me yareɛ.”*+ 3 Enti ɔtenee ne nsa kaa no, na ɔkaa sɛ: “Mepɛ! Wo ho ntɔ wo.”*+ Na amonom hɔ ara ne kwata no kɔe.+ 4 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ na woanka ankyerɛ obiara;+ mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ no,+ na fa akyɛdeɛ* a Mose hyɛ too hɔ no ma,+ na ayɛ adanseɛ ama wɔn.”
5 Berɛ a ɔkɔɔ Kapernaum no, ɔsraani panin bi baa ne nkyɛn bɛpaa no kyɛw+ 6 sɛ: “Owura, m’akoa abubu da fie, na ɔrehunu amane papaapa.” 7 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ meduru hɔ a, mɛsa no yareɛ.” 8 Ɔsraani panin no ka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, memfata sɛ woba me fie. Wo deɛ, ka biribi, na m’akoa no ho bɛtɔ no. 9 Ɛfiri sɛ me nso mehyɛ obi ase, na mewɔ asraafoɔ hyɛ m’ase. Meka kyerɛ wei sɛ, ‘Kɔ!’ na ɔkɔ, na meka kyerɛ ɔfoforɔ sɛ ‘Bra!’ na waba, na meka kyerɛ m’akoa sɛ ‘Yɛ wei!’ na wayɛ.” 10 Berɛ a Yesu tee saa no, ɛyɛɛ no nwanwa. Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔdi n’akyi no sɛ: “Mereka nokorɛ akyerɛ mo: obiara nni Israel a mahunu gyidie a ɛso saa wɔ ne mu.+ 11 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ nnipa bebree firi apueeɛ ne atɔeɛ bɛba, na wɔne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena pono ho adidi wɔ ɔsoro Ahennie mu.+ 12 Na Ahennie mma no deɛ, wɔbɛto wɔn agu sum mu wɔ abɔnten. Ɛhɔ na wɔbɛsu na wɔaka wɔn se asi so dendeenden.”*+ 13 Afei Yesu ka kyerɛɛ ɔsraani panin no sɛ: “Kɔ. Sɛdeɛ woagye adi no, ɛmmra mu saa ara mma wo.”+ Na akoa no ho tɔɔ no saa berɛ no ara.+
14 Na berɛ a Yesu baa Petro fie no, ɔhunuu sɛ n’asebaa+ da hɔ a ɔyare atiridii.+ 15 Enti ɔsɔɔ ne nsa,+ na atiridii no gyaee. Afei ɔbaa no sɔree, na ɔfirii aseɛ som Yesu. 16 Na ɛduruu anwummerɛ no, nkurɔfoɔ de nnipa bebree a wɔwɔ ahonhommɔne brɛɛ no, na ɔkaa asɛm de tuu ahonhom no, na ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yareɛ, 17 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ wɔnam odiyifoɔ Yesaia so kaeɛ no bɛba mu sɛ: “Ɔno na ɔfaa yɛn nyarewa na ɔsoaa yɛn yea.”*+
18 Berɛ a Yesu huu nnipadɔm a atwa ne ho ahyia no, ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ wɔntwa nkɔ asuogya.+ 19 Na ɔtwerɛfoɔ bi bae, na ɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi w’akyi.”+ 20 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sakraman* wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mprebuo, na onipa Ba no deɛ, ɔnni baabi a ɔde ne ti to.”+ 21 Na osuani foforɔ ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, ma me kwan ma menkɔsie me papa ansa.”+ 22 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ so di m’akyi, na ma awufoɔ nsie wɔn awufoɔ.”+
23 Na berɛ a ɔforoo kodoɔ no, n’asuafoɔ no dii n’akyi.+ 24 Afei, hwɛ! mframa kɛseɛ bi bɔɔ wɔ po no so, enti na asorɔkye no rekata kodoɔ no so; nanso ɔno deɛ, na wada.+ 25 Na wɔbaa ne nkyɛn bɛnyanee no. Na wɔkaa sɛ: “Awurade, gye yɛn na yɛrebɛwuwu!” 26 Nanso ɔbisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na ehu aka mo* saa, mo a mo gyidie sua?”+ Afei ɔsɔree, na ɔteateaa mframa ne po no, na ɛyɛɛ dinn.+ 27 Enti mmarima no ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: “Onipa bɛn koraa nie? Mframa ne ɛpo mpo tie no.”
28 Berɛ a ɔduruu asuogya wɔ Gadarafoɔ asaase so no, mmarima mmienu a wɔwɔ ahonhommɔne firi asieeɛ* bɛhyiaa no.+ Ná wɔn ani so yɛ krakra paa, enti na obiara nni akokoɔduro a ɔde bɛtwam afa saa kwan no so. 29 Na hwɛ! wɔteateaam kaa sɛ: “Deɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Onyankopɔn Ba?+ Wobaa ha sɛ worebɛha yɛn+ ansa na berɛ a wɔahyɛ no aduru anaa?”+ 30 Ná mprako bebree bi redidi wɔ akyirikyiri baabi.+ 31 Enti ahonhommɔne no firii aseɛ paa no kyɛw sɛ: “Sɛ wotu yɛn a, ma yɛnkɔhyɛ mprako yi mu.”+ 32 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ!” Ɔkaa saa no, wɔpueeɛ, na wɔkɔwurawuraa mprako no mu, na hwɛ! mprako no nyinaa de mmirika firii bepɔ* no so kɔguu po no mu, na wɔwuwuu wɔ nsuo no mu. 33 Na wɔn a wɔhwɛ mmoa no dwanee, na wɔkɔɔ kuro no mu kɔkaa deɛ asie nyinaa; wɔkaa mmarima a wɔwɔ ahonhommɔne no asɛm no nso kaa ho. 34 Na hwɛ! kuro no mufoɔ nyinaa puee sɛ wɔrekɔhyia Yesu. Berɛ a wɔhuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfiri wɔn mantam mu hɔ nkɔ.+