Luka Twerɛtohɔ
20 Da koro bi a na ɔrekyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ wɔ asɔrefie hɔ a na ɔreka asɛmpa no, asɔfoɔ mpanimfoɔ no ne atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no bae, 2 na wɔbɛbisaa no sɛ: “Ka kyerɛ yɛn, tumi bɛn na wode yɛ weinom? Na hwan na ɔmaa wo saa tumi yi?”+ 3 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me nso, mɛbisa mo asɛm bi. Monka nkyerɛ me: 4 Tumi a Yohane de bɔɔ asu no, ɛfiri soro anaasɛ ɛfiri nnipa?”* 5 Ɛnna wɔsusuu ho sɛ: “Sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛfiri soro’ a, ɔbɛka sɛ, ‘Adɛn nti na moannye no anni?’ 6 Na sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛfiri nnipa’ a, nkurɔfoɔ no nyinaa bɛsi yɛn aboɔ, ɛfiri sɛ wɔgye tom* sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.”+ 7 Enti wɔbuaa sɛ wɔnnim baabi a ɛfire. 8 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnneɛ me nso, merenka tumi a mede yɛ weinom nkyerɛ mo.”
9 Afei ɔfirii aseɛ yɛɛ mfatoho yi kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Ɔbarima bi yɛɛ bobefuo*+ de gyaa akuafoɔ bi, na ɔtuu kwan kɔdii berɛ tenten.+ 10 Na berɛ* duruiɛ no, ɔsomaa akoa bi kɔɔ akuafoɔ no nkyɛn sɛ ɔnkɔgye bobefuo no mu aba no bi mmra. Nanso akuafoɔ no hwee no, na wɔpamoo no a wɔamma no hwee.+ 11 Na ɔsan somaa akoa foforɔ kɔɔ wɔn nkyɛn. Ɔno nso, wɔhwee no guu n’anim ase, na wɔpamoo no a wɔamma no hwee. 12 Afei ɔsan somaa deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa; wei nso wɔpirapiraa no, na wɔpamoo no. 13 Enti bobefuo wura no kaa sɛ, ‘Deɛn na menyɛ? Mɛsoma me ba a medɔ no no.+ Wei deɛ, ebia wɔbɛfɛre no.’ 14 Berɛ a akuafoɔ no ani bɔɔ ne so no, wɔfirii aseɛ susuu ho sɛ, ‘Wei na ɔbɛdi adeɛ no. Momma yɛnku no, na agyapadeɛ no bɛba abɛyɛ yɛn dea.’ 15 Ɛnna wɔtwee no firii bobefuo no mu kɔkum no.+ Enti deɛn na bobefuo wura no bɛyɛ wɔn? 16 Ɔbɛba abɛkunkum akuafoɔ no, na ɔde bobefuo no ama nnipa foforɔ.”
Berɛ a wɔtee wei no, wɔkaa sɛ: “Ɛremma saa da!” 17 Na ɔhwɛɛ wɔn anim kaa sɛ: “Ɛnneɛ, asɛm a wɔatwerɛ sɛ: ‘Ɛboɔ a adansifoɔ poeɛ no, ɛno na abɛyɛ ntwea so boɔ titire* no,’+ deɛn na ɛkyerɛ? 18 Obiara a ɔbɛhwe saa boɔ no so no, ɔbɛbubu pasapasa.+ Na obiara a ɛbɛhwe ne so deɛ, ɛbɛyam no.”
19 Ná atwerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no pɛ sɛ wɔkye no saa berɛ no ara, ɛfiri sɛ wɔhuu sɛ wɔn nti na ɔyɛɛ mfatoho yi,+ nanso na wɔsuro nkurɔfoɔ no. 20 Enti wɔtetɛɛ no.* Afei wɔsomaa mmarima bi a na wɔabɔ wɔn paa kokoam sɛ wɔnyɛ wɔn ho sɛ ateneneefoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛka asɛm bi ama wɔanya no,+ na wɔde no ahyɛ aban ne amrado no nsa. 21 Na wɔbisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ wo nsɛm ne wo nkyerɛkyerɛ yɛ nokorɛ; wonhwɛ nnipa anim, na deɛ wokyerɛkyerɛ fa Onyankopɔn ho no yɛ nokorɛ. 22 Mmara ma kwan* sɛ yɛtua toɔ ma Kaesare anaasɛ ɛmma kwan?”* 23 Nanso ɔhuu wɔn nnaadaasɛm no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 24 “Momfa denare* mmɛkyerɛ me. Hwan mfoni ne ne ntwerɛeɛ na ɛwɔ so yi?” Wɔkaa sɛ: “Kaesare dea.” 25 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnneɛ, sɛdeɛ ɛteɛ biara no, montua Kaesare deɛ mma Kaesare,+ na montua Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.”+ 26 Na wɔannya biribiara wɔ ne kasa mu amfa annya no wɔ nkurɔfoɔ no anim. Mmom ne mmuaeɛ no maa wɔn ho dwirii wɔn, na wɔyɛɛ komm.
27 Nanso Sadukifoɔ a wɔka sɛ owusɔreɛ nni hɔ+ no mu bi baa ne nkyɛn, na wɔbisaa no sɛ:+ 28 “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mose twerɛ maa yɛn sɛ, ‘Sɛ ɔbarima bi nua wu gya ne yere na sɛ ɔnni ba a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no ware ne nua a wawuo no yere no, na ɔne no wo ma ne nua no.’+ 29 Ná anuanom nson* bi wɔ hɔ. Deɛ ɔdi kan no waree, nanso ɔwui a wanwo ba. 30 Enti deɛ ɔtɔ so mmienu 31 ne deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no waree ɔbaa no bi. Nson no nyinaa yɛɛ saa ara; wɔwuwui a wɔannya mma wɔ wɔn akyi. 32 Awieeɛ koraa no, ɔbaa no nso wuiɛ. 33 Enti, owusɔreɛ mu no, wɔn mu hwan na ɔbaa no bɛyɛ ne yere? Ɛfiri sɛ nnipa nson no nyinaa waree no bi.”
34 Yesu buaa wɔn sɛ: “Wiase yi* mma deɛ, wɔware na wɔde wɔn ma awareɛ, 35 na wɔn a wɔabu wɔn sɛ wɔfata sɛ wɔtena wiase a ɛreba no mu ne wɔn a wɔbɛnyane afiri awufoɔ mu no deɛ, wɔrenware, na wɔremfa wɔn mma awareɛ.+ 36 Nokwasɛm ne sɛ, wɔrentumi nwu bio, ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ sɛ abɔfoɔ, na ɛsiane sɛ wɔyɛ owusɔreɛ mma nti, wɔbɛyɛ Onyankopɔn mma. 37 Mose mpo daa no adi sɛ awufoɔ bɛsɔre, ɛfiri sɛ nwura* no ho asɛm no mu no, ɔfrɛɛ Yehowa* sɛ ‘Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’+ 38 Ɔnyɛ awufoɔ Nyankopɔn, na mmom ateasefoɔ deɛ, ɛfiri sɛ n’ani so deɛ, wɔn nyinaa te ase.”*+ 39 Ɛnna atwerɛfoɔ no bi kaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, woaka no yie.” 40 Na wɔannya akokoɔduro ammisa no asɛm biara bio.
41 Afei ɔno nso bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na wɔka sɛ Kristo no yɛ Dawid ba?+ 42 Ɛfiri sɛ Dawid ankasa kaa wɔ Nnwom nwoma no mu sɛ, ‘Yehowa* ka kyerɛɛ me Wura sɛ: “Tena me nsa nifa 43 kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.”’+ 44 Enti, sɛ Dawid frɛɛ no Owura a, ɛnneɛ ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba?”
45 Berɛ a nnipa no nyinaa retie no no, ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: 46 “Monhwɛ yie wɔ atwerɛfoɔ no ho. Deɛ wɔpɛ ne sɛ wɔbɛhyɛ ntaadeɛ atenten de akyinkyini, na wɔagye nkyea wɔ dwa so. Wɔpɛ nkonnwa a ɛwɔ animu* wɔ hyiadan mu ne mpanimfoɔ tenabea wɔ apontoɔ* ase.+ 47 Wɔn na wɔgye* akunafoɔ afie,* na wɔbɔ mpaeɛ atenten sɛdeɛ nnipa bɛhu wɔn.* Saa nkurɔfoɔ yi bɛnya atemmuo a emu yɛ den.”*