Marko Twerɛtohɔ
14 Ná aka nnanu ama Twam+ ne Paanoo a Mmɔka* Nnim Afahyɛ+ no aduru.+ Ná asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no rehwehwɛ nyansakwan bi afa so akye no aku no;+ 2 na wɔkaa sɛ: “Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ afahyɛ no ase; anyɛ saa a ɔmanfoɔ no bɛyɛ basabasa.”
3 Na berɛ a Yesu wɔ Simon kwatani no fie wɔ Betania redidi* no, ɔbaa bi de alabasta toa a ngo hwamhwam wom bae, nardo ngo hwamhwam papa bi a ne boɔ yɛ den paa. Ɔbɔɔ alabasta toa no, na ɔfirii aseɛ hwiee ngo hwamhwam no guu Yesu tirim.+ 4 Ɛnna ebinom bo fuiɛ, na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Adɛn nti na wɔasɛe ngo hwamhwam yi saa? 5 Anka wɔbɛtumi atɔn ngo hwamhwam yi agye bɛboro denare* 300 na wɔde sika no ama ahiafoɔ!” Na wɔn bo fuu* ɔbaa no paa. 6 Ɛnna Yesu kaa sɛ: “Monnyaa no. Adɛn nti na mopɛ sɛ moha no? Adepa na wayɛ ama me.+ 7 Ahiafoɔ deɛ, wɔwɔ mo nkyɛn daa,+ na berɛ biara a mopɛ no, mobɛtumi ayɛ wɔn papa, na me deɛ, ɛnyɛ daa na mɛwɔ mo nkyɛn.+ 8 Wayɛ deɛ ɔbɛtumi; wadi kan ahwie ngo hwamhwam agu me ho de asiesie me nipadua ama da a wɔbɛsie me.+ 9 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, baabiara a wɔbɛka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa no,+ deɛ ɔbaa yi ayɛ yi nso, wɔbɛka de akae no.”+
10 Na Yuda Iskariot a ɔyɛ Dumienu no mu baako no kɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛyi no ama wɔn.+ 11 Berɛ a wɔteeɛ no, wɔn ani gyee paa, na wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wɔbɛma no dwetɛ sika.+ Enti ɔfirii aseɛ hwehwɛɛ kwan a ɔbɛfa so ayi no ama.
12 Na da a ɛdi kan a wɔdi Paanoo a Mmɔka Nnim,+ a wɔde Twam aboa no bɔ afɔreɛ no,+ n’asuafoɔ no bisaa no sɛ: “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔsiesie ma wo na wodi Twam no?”+ 13 Ɛnna ɔsomaa n’asuafoɔ no mu mmienu, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ kuro no mu, na ɔbarima bi a ɔso ahina bɛhyia mo. Monni n’akyi,+ 14 na baabiara a ɔbɛkɔ akɔwura no, mommisa efiewura no sɛ, ‘Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no se: “Ahɔhodan a me ne m’asuafoɔ bɛdi Twam no wom no, ɛhe na ɛwɔ?”’ 15 Na ɔbɛkyerɛ mo dan kɛseɛ bi a ɛwɔ aborosan so a wɔasiesie mu ayɛ hɔ kama. Monyɛ Twam no ho ntotoeɛ wɔ hɔ mma yɛn.” 16 Na asuafoɔ no siim kɔɔ kuro no mu, na wɔkɔhuu deɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ, na wɔyɛɛ Twam no ho ntotoeɛ.
17 Na ɛduruu anwummerɛ no, ɔne Dumienu no+ bae. 18 Na berɛ a wɔtete pono ho redidi no, Yesu kaa sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, mo a mo ne me redidi yi mu baako bɛyi me ama.”+ 19 Wɔn werɛ firii aseɛ hoe, na wɔbisaa no mmaako mmaako sɛ: “Ɛyɛ me anaa?” 20 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ Dumienu no mu baako, deɛ ɔne me to nsa didi ayowa mu no.+ 21 Na onipa Ba no rekɔ sɛdeɛ wɔatwerɛ afa ne ho no, nanso onipa a wɔnam ne so bɛyi onipa Ba no ama no nnue!+ Saa onipa no, sɛ wɔanwo no mpo a anka ɛyɛ.”+
22 Na berɛ a wɔgu so redidi no, ɔfaa paanoo hyiraa so, na ɔbubuu mu de maa wɔn, na ɔkaa sɛ: “Monnye; wei gyina hɔ ma me nipadua.”+ 23 Afei ɔfaa kuruwa, na berɛ a ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn, na wɔn nyinaa nom ano.+ 24 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wei gyina hɔ ma me ‘mogya+ a wɔde yɛ apam no,’+ deɛ wɔbɛhwie agu ama nnipa bebree+ no. 25 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, merennom bobesa bio da kɔsi da a mɛnom no foforɔ wɔ Onyankopɔn Ahennie mu.” 26 Berɛ a wɔtoo ayeyi nnwom wieeɛ no, wɔpue kɔɔ Ngodua Bepɔ* no so.+
27 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ ɛbɛba no bɛto mo nyinaa suntidua, ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: ‘Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no,+ na nnwan no abɔ ahwete.’+ 28 Na sɛ wɔnyane me firi awufoɔ mu a, mɛdi mo anim akɔ Galilea.”+ 29 Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ ɛto wɔn nyinaa suntidua mpo a, me deɛ, ɛrento me suntidua.”+ 30 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ wo sɛ, ɛnnɛ, anadwo yi ara, ansa na akokɔ bɛbɔn mprenu no, na woaka no mprɛnsa sɛ wonnim me.”*+ 31 Nanso Petro kaa no mprɛ pii sɛ: “Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wu mpo a, merenka da sɛ mennim wo.”* Wɔn a wɔaka no nyinaa nso kaa saa ara.+
32 Enti wɔkɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane, na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Montena ha na menkɔbɔ mpaeɛ mmra.”+ 33 Na ɔfaa Petro ne Yakobo ne Yohane kaa ne ho,+ na ɔfirii aseɛ yɛɛ basaa paa, na ne ho yeraa no yie. 34 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me werɛ aho* paa+ de rekɔ owuo mu. Montena ha, na monkɔ so nwɛn.”+ 35 Berɛ a ɔkɔɔ n’anim kakra no, ɔbutuu fam, na ɔfirii aseɛ bɔɔ mpaeɛ sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yie a, anka berɛ* no ntwa ne ho nkɔ. 36 Na ɔkaa sɛ: “Abba,* Agya,+ wotumi yɛ adeɛ nyinaa; yi kuruwa yi firi me so. Nanso ɛnyɛ deɛ mepɛ, na mmom deɛ wopɛ.”+ 37 Na ɔba bɛhuu sɛ wɔadeda, na ɔbisaa Petro sɛ: “Simon, woada? Enti woannya ahoɔden anwɛn dɔnhwere baako mpo?+ 38 Monkɔ so nwɛn na mommɔ mpaeɛ daa, na moankɔ sɔhwɛ mu.+ Honhom no deɛ, ɛpɛ, nanso honam no yɛ mmerɛ.”+ 39 Na ɔfirii hɔ kɔɔ bio kɔbɔɔ mpaeɛ, na ɔkaa asɛm korɔ no ara.+ 40 Na ɔsan ba bɛhunuu sɛ wɔadeda, ɛfiri sɛ na wɔn ani kum paa. Ɛno nti, na wɔnhunu deɛ wɔnka nkyerɛ no. 41 Na ɔbaa ne mprɛnsa so, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Saa berɛ yi na moada regye mo ahome? Ayɛ yie! Berɛ no aso!+ Hwɛ! Wɔreyi onipa Ba no ahyɛ abɔnefoɔ nsa. 42 Monsɔre, momma yɛnkɔ. Hwɛ! Deɛ ɔbɛyi me ama no aduru ha awie.”+
43 Na amonom hɔ ara, berɛ a ɔgu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ Dumienu no mu baako no bae, na na nnipadɔm bi a wɔfiri asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no nkyɛn a wɔkurakura sekan ne nkontimmaa* ka ne ho.+ 44 Ná deɛ ɔbɛyi no ama no ama wɔn sɛnkyerɛnne bi dada sɛ: “Onipa a mɛfe n’ano no, ɔne no; monkye no na monhwɛ ne so yie mfa no nkɔ.” 45 Na ɔkɔɔ Yesu nkyɛn tẽẽ, na ɔbɛn no kaa sɛ, “Rabi!” Ɛnna ɔfee n’ano. 46 Na wɔsɔɔ ne mu kyee no kɔe. 47 Nanso wɔn a wɔgyinagyina hɔ no mu baako twee ne sekan, na ɔde twaa ɔsɔfo panin no akoa aso firii hɔ.+ 48 Ɛnna Yesu bisaa wɔn sɛ: “Mode sekan ne nkontimmaa* aba rebɛkye me te sɛ korɔmfo-werɛmfoɔ?+ 49 Ná me ne mo wɔ asɔrefie hɔ a mekyerɛkyerɛ daa,+ nso moankye me. Nanso aba saa na ama Twerɛnsɛm no aba mu.”+
50 Na asuafoɔ no nyinaa gyaa no hɔ dwanee.+ 51 Na aberanteɛ bi a ɔfira nwera pa de akata n’adagya so firii aseɛ dii n’akyi, na wɔyɛɛ sɛ wɔrekye no, 52 nanso ɔgyaa ne ntoma no hɔ, na ɔde adagya dwane kɔe.*
53 Afei wɔde Yesu kɔmaa ɔsɔfo panin no,+ na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no nyinaa bɛhyiae.+ 54 Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri kɔduruu ɔsɔfo panin no adihɔ;* na ɔne efie hɔ asomfoɔ no tenaa egya ho toe.+ 55 Ná asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Sanhedrin no nyinaa rehwehwɛ adanseɛ bi atia Yesu, na ama wɔagyina so aku no, nanso na wɔnnya bi.+ 56 Nokorɛm no, nnipa bebree dii adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ tiaa no,+ nanso na wɔn adanseɛ no nhyia. 57 Afei nso, ebinom sɔre dii adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ tiaa no sɛ: 58 “Yɛtee sɛ ɔreka sɛ, ‘Mɛdwiri asɔrefie a wɔde nsa siiɛ yi agu, na mede nnansa bɛsi foforɔ a wɔamfa nsa ansi.’”+ 59 Ɛno ho mpo, wɔn adanseɛ no anhyia.
60 Afei ɔsɔfo panin no sɔre gyinaa wɔn mfimfini, na ɔbisaa Yesu sɛ: “Wonka biribiara nyi w’ano? Enti deɛ nnipa yi reka atia wo yi, wonte?”+ 61 Nanso ɔyɛɛ dinn, na wamma mmuaeɛ biara.+ Afei ɔsɔfo panin no firii aseɛ bisaa no asɛm bio. Ɔbisaa no sɛ: “Wone Kristo no, Deɛ Wɔahyira No no Ba no anaa?” 62 Na Yesu kaa sɛ: “Mene no; na mobɛhunu onipa Ba no+ sɛ ɔte Otumfoɔ* no nsa nifa so+ na ɔfiri ɔsoro mununkum mu reba.”+ 63 Ɛnna ɔsɔfo panin no suan n’ataadeɛ mu, na ɔkaa sɛ: “Adansefoɔ bɛn bio na yɛhia?+ 64 Moate abususɛm no. Modwene ho sɛn?”* Wɔn nyinaa buu no fɔ sɛ, ɛsɛ sɛ ɔwu.+ 65 Na ebinom firii aseɛ tetee ntasuo guu ne so,+ na wɔkataa n’ani bobɔɔ no akuturuku, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wose woyɛ odiyifoɔ a, kyerɛ yɛn deɛ ɔbɔɔ wo!” Na asɛnnibea awɛmfoɔ* no bobɔɔ n’ani so faa no kɔeɛ.+
66 Berɛ a Petro wɔ aseɛ hɔ wɔ adihɔ hɔ no, ɔsɔfo panin no mmaawa no mu baako bae.+ 67 Na berɛ a ɔhuu sɛ Petro reto gya no, ɔhwɛɛ no hãã, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo nso, na woka saa Nasaretni Yesu yi ho.” 68 Nanso wannye antom, na ɔkaa sɛ: “Mennim no, na deɛ woreka yi nso, mente aseɛ.” Ɛnna Petro pue kɔɔ efie no kwan ano.* 69 Ɛhɔ nso, abaawa no huu no, na ɔfirii aseɛ ka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina hɔ no bio sɛ: “Wei ka wɔn ho.” 70 Saa berɛ yi nso, wannye antom. Na ɛyɛɛ kakra no, wɔn a wɔgyinagyina hɔ no firii aseɛ ka kyerɛɛ Petro bio sɛ: “Ampa woka wɔn ho. Nokwasɛm ne sɛ, woyɛ Galileani.” 71 Na ɔfirii aseɛ dii nse kaa ntam sɛ: “Mennim onipa yi a moreka ne ho asɛm no!” 72 Na ɛhɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu so;+ na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no sɛ: “Ansa na akokɔ bɛbɔn mprenu no, na woaka no mprɛnsa sɛ wonnim me.”*+ Ne werɛ hoe, na ɔfirii aseɛ sui.