Yohane Twerɛtohɔ
12 Berɛ a aka nnansia ama Twam no aduru no, Yesu baa Betania; ɛhɔ na na Lasaro+ a Yesu nyanee no firii awufoɔ mu no teɛ. 2 Enti wɔyɛɛ anwummerɛ aduane maa no wɔ hɔ, na na Marta resom wɔn.+ Lasaro deɛ, na ɔka wɔn a wɔne no redidi no ho.* 3 Ɛnna Maria faa ngo hwamhwam a ne boɔ yɛ den paa, nardo ngo hwamhwam papa bi, bɛyɛ toa baako.* Na ɔhwie guu Yesu nan ho, na ɔde ne tiri nwi pepae. Na ngo hwamhwam+ no gyee efie hɔ nyinaa. 4 Nanso Yuda Iskariot+ a na ɔyɛ asuafoɔ no mu baako, a na ɔrebɛyi no ama no kaa sɛ: 5 “Adɛn nti na wɔantɔn ngo hwamhwam yi annye denare* 300 amfa amma ahiafoɔ?” 6 Ɛnyɛ sɛ na ɔdwene ahiafoɔ ho nti na ɔkaa saa, mmom na ɔyɛ korɔmfoɔ. Ná sika adaka no wɔ ne nkyɛn, na na ɔtaa wiawia sika a wɔde gu mu no bi. 7 Ɛnna Yesu kaa sɛ: “Monnyaa no mma ɔnyɛ amanneɛ yi mma da a wɔbɛsie me.+ 8 Ahiafoɔ deɛ, wɔwɔ mo nkyɛn daa,+ na me deɛ, ɛnyɛ daa na mɛwɔ mo nkyɛn.”+
9 Na nnipadɔm bi a wɔyɛ Yudafoɔ huu sɛ Yesu wɔ hɔ, na wɔbaa hɔ. Ɛnyɛ Yesu nko ara nti na wɔbaa hɔ, na mmom wɔbɛhwɛɛ Lasaro a ɔnyanee no firii awufoɔ mu+ no nso. 10 Afei asɔfoɔ mpanimfoɔ no bɔɔ pɔ sɛ wɔbɛku Lasaro nso, 11 ɛfiri sɛ ɔno nti, Yudafoɔ bebree kɔɔ hɔ, na wɔgyee Yesu dii.+
12 Ɛda a ɛdi hɔ no, nnipadɔm kɛseɛ a wɔbaa afahyɛ no ase no tee sɛ Yesu reba Yerusalem. 13 Enti wɔfaa berɛ, na wɔpue kɔhyiaa no. Ɛnna wɔfirii aseɛ teateaam sɛ: “Yɛsrɛ wo gye no! Nhyira ne deɛ ɔba wɔ Yehowa* din mu!+ Nhyira ne Israel Hene+ no!” 14 Na Yesu huu afunumu ba bi, na ɔtenaa ne so,+ sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: 15 “Sion babaa, nsuro. Hwɛ! Wo hene reba; ɔte afunumu ba so.”+ 16 Mfitiaseɛ no, n’asuafoɔ no ante weinom ase. Nanso berɛ a wɔhyɛɛ Yesu animuonyam+ no, wɔkaee sɛ, na wɔatwerɛ weinom afa ne ho, na wɔyɛ maa no.+
17 Na nnipadɔm a na wɔka ne ho berɛ a ɔfrɛɛ Lasaro firii ɛda+ no mu na ɔnyanee no firii awufoɔ mu no kɔɔ so dii adanseɛ.+ 18 Ɛno nso nti na nnipadɔm no kɔhyiaa Yesu no, ɛfiri sɛ na wɔate sɛ wayɛ saa sɛnkyerɛnne yi. 19 Ɛnna Farisifoɔ no kekaa sɛ: “Moahunu? Morentumi nyɛ ho hwee. Hwɛ! Wiase nyinaa atu adi n’akyi.”+
20 Yɛreka yi, nnipa a na wɔaba sɛ wɔrebɛsom wɔ afahyɛ no ase no, na Greecefoɔ bi ka ho. 21 Saa Greecefoɔ yi baa Filipo+ nkyɛn, Filipo a na ɔfiri Betsaida a ɛwɔ Galilea no, na wɔfirii aseɛ srɛɛ no sɛ: “Owura, yɛpɛ sɛ yɛhu Yesu.” 22 Filipo kɔka kyerɛɛ Andrea, na Andrea ne Filipo kɔka kyerɛɛ Yesu.
23 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Berɛ no aso sɛ wɔhyɛ onipa Ba no animuonyam.+ 24 Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ hwiit* aba baako antɔ fam anwu a, ɛda so ara yɛ baako; na sɛ ɛwu+ a, ɛso aba pii. 25 Obiara a ɔpɛ ne nkwa* no, ɔsɛe no, na deɛ ɔtan ne nkwa*+ wɔ wiase yi mu no, ɔbɛbɔ ho ban de akɔ daa nkwa+ mu. 26 Sɛ obi pɛ sɛ ɔsom me a, ma onni m’akyi. Na baabi a mewɔ no, ɛhɔ na me somfoɔ nso bɛba.+ Sɛ obi pɛ sɛ ɔsom me a, Agya no bɛdi no ni. 27 Seesei me ho yera me,*+ na deɛn na menka? Agya, gye me firi saa berɛ* yi mu.+ Nanso wei nti na maba berɛ* yi mu. 28 Agya, hyɛ wo din animuonyam.” Ɛnna nne+ bi firi soro baa sɛ: “Mahyɛ no animuonyam, na mɛsan ahyɛ no animuonyam bio.”+
29 Nnipadɔm a wɔgyina hɔ no tee, na wɔfirii aseɛ kaa sɛ aprannaa abom. Ebinom nso kaa sɛ: “Ɔbɔfoɔ akasa akyerɛ no.” 30 Yesu kaa sɛ: “Ɛnyɛ me nti na nne yi baeɛ, na mmom mo ntira. 31 Seesei wɔrebu wiase yi atɛn; seesei wɔrebɛyi deɛ ɔdi wiase yi so+ no afiri hɔ.+ 32 Na me deɛ, sɛ wɔma me so firi asaase so+ a, mɛtwe nnipa ahodoɔ nyinaa bi aba me nkyɛn.” 33 Ɔkaa wei de kyerɛɛ owuo korɔ a na ɔrebɛwuo.+ 34 Enti nnipadɔm no ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛte firii Mmara no mu sɛ Kristo no wɔ hɔ daa.+ Adɛn nti na woreka sɛ ɛsɛ sɛ wɔma onipa Ba no so?+ Onipa Ba bɛn na woreka ne ho asɛm yi?” 35 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hann no bɛtena mo mu kakra. Berɛ a mowɔ hann yi, monnante, na esum anni mo so; obiara a ɔnam sum mu no nnim baabi a ɔrekɔ.+ 36 Berɛ a mowɔ hann yi, monnye hann no nni, na moayɛ hann no mma.”+
Berɛ a Yesu kaa weinom no, ɔfirii hɔ kɔe, na ɔde ne ho siee wɔn. 37 Ɛwom sɛ na wayɛ nsɛnkyerɛnne bebree wɔ wɔn anim, nanso na wɔnnye no nni. 38 Ɛmaa asɛm a odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no baa mu. Ɔkaa sɛ: “Yehowa,* hwan na wagye deɛ wate afiri yɛn nkyɛn no adi?+ Na hwan na wɔayi Yehowa* basa akyerɛ no?”+ 39 Yesaia san kaa deɛ enti a wɔantumi annye anni no. Ɔkaa sɛ: 40 “Wafira wɔn ani, na wama wɔn akoma ayɛ den, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔremfa wɔn ani nhunu, na wɔremfa wɔn akoma nte aseɛ, na wɔansakra amma mansa wɔn yareɛ.”+ 41 Yesaia kaa weinom ɛfiri sɛ ɔhuu Kristo no animuonyam, na ɔkaa ne ho asɛm.+ 42 Wei nyinaa akyi no, nnipa pii, a sodifoɔ mpo ka ho, gyee no dii,+ nanso Farisifoɔ no nti, wɔampae mu anka, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrentu wɔn mfiri hyiadan no mu;+ 43 ɛfiri sɛ na wɔpɛ nnipa animuonyam mmom sene Onyankopɔn animuonyam.+
44 Na Yesu maa ne nne so kaa sɛ: “Obiara a ɔgye me di no, ɛnyɛ me nko na ɔgye me di, na mmom ɔgye deɛ ɔsomaa me no nso di;+ 45 na obiara a ɔhu me no, ɔhu Deɛ ɔsomaa me no nso.+ 46 Maba sɛ hann wɔ wiase,+ na obiara a ɔgye me di no antena sum mu.+ 47 Sɛ obi te me nsɛm na wanni so a, memmu no atɛn; ɛfiri sɛ mamma sɛ merebɛbu wiase atɛn, na mmom mebaa sɛ merebɛgye wiase nkwa.+ 48 Obiara a ɔmmu me, na ɔnni m’asɛm so no wɔ obi a ɔbɛbu no atɛn. Asɛm a maka no, ɛno na ɛbɛbu no atɛn ɛda a ɛdi akyire no. 49 Ɛfiri sɛ ɛnyɛ me ara na mede me pɛ kasaeɛ, na mmom Agya a ɔsomaa me no, ɔno ara na wakyerɛ me deɛ menka ne deɛ menkyerɛkyerɛ.*+ 50 Afei nso, menim sɛ deɛ wakyerɛ me* no ma daa nkwa.+ Enti deɛ meka biara, ɛyɛ deɛ Agya no aka akyerɛ me sɛ menka no ara.”+