Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Ahemfo Mu Nsɛntitire 2 AHEMFO EMU NSƐNTITIRE 1 Elia hyɛɛ nkɔm sɛ Ahasia bɛwu (1-18) 2 Wɔde Elia faa ahum mu kɔeɛ (1-18) Odiyifoɔ Elia ataadeɛ kɔdii Elisa hɔ (13, 14) Elisa saa Yeriko nsuo no yareɛ (19-22) Asisire kunkum mmarimaa a wɔfiri Betel (23-25) 3 Israel hene Yehoram ahennie (1-3) Moab tee atua tiaa Israel (4-25) Wɔdii Moab so nkonim (26, 27) 4 Elisa maa okunafoɔ bi ngo yɛɛ bebree (1-7) Sunemni baa bi daa ahɔhoyɛ adi (8-16) Ɔbaa no woo ɔbabarima; abɔfra no wui (17-31) Elisa nyanee abarimaa no (32-37) Elisa yɛ maa wɔtumi dii forɔeɛ no (38-41) Elisa maa paanoo yɛɛ bebree (42-44) 5 Elisa saa Naaman kwata no (1-19) Gehasi adufudepɛ nti, kwata yɛɛ no (20-27) 6 Elisa maa akuma a ahɔn no bɛtɛɛ nsuo ani (1-7) Elisa ne Siriafoɔ de pem so (8-23) Elisa somfoɔ no ani bueeɛ (16, 17) Siriafoɔ no yɛɛ sɛ anifirafoɔ (18, 19) Wɔtwaa Samaria ho hyiaeɛ na ɛkɔm baa hɔ (24-33) 7 Elisa kaa sɛ ɛkɔm no to bɛtwa (1, 2) Wɔkɔpuee aduane pii so wɔ Siriafoɔ asoɛeɛ hɔ (3-15) Elisa nkɔmhyɛ no baa mu (16-20) 8 Wɔsan de Sunemni baa no asaase maa no (1-6) Elisa, Ben-Hadad, ne Hasael (7-15) Yuda hene Yehoram ahennie (16-24) Yuda hene Ahasia ahennie (25-29) 9 Wɔsraa Yehu sii no hene wɔ Israel so (1-13) Yehu kum Yehoram ne Ahasia (14-29) Wɔkum Yesebel; nkraman bɛdii ne nam (30-37) 10 Yehu kum Ahab fiefoɔ nyinaa (1-17) Yehonadab kɔkaa Yehu ho (15-17) Yehu kunkum Baal asomfoɔ (18-27) Deɛ ɛkɔɔ so wɔ Yehu ahennie mu (28-36) 11 Atalia gyee ahennie no kɛntɛn so (1-3) Wɔwiaa wɔn ho sii Yehoas hene (4-12) Wɔkum Atalia (13-16) Yehoiada pagyaa Onyankopɔn som (17-21) 12 Yuda hene Yehoas ahennie (1-3) Yehoas siesiee asɔrefie no (4-16) Siriafoɔ tuu wɔn ani sii Yuda so (17, 18) Wɔkum Yehoas (19-21) 13 Israel hene Yehoahas ahennie (1-9) Israel hene Yehoas ahennie (10-13) Elisa sɔɔ Yehoas hwɛɛ sɛ n’ani abere anaa (14-19) Elisa wui; ne nnompe nyanee ɔbarima bi (20, 21) Elisa nkɔmhyɛ a ɛtwa toɔ baa mu (22-25) 14 Yuda hene Amasia ahennie (1-6) Ɔne Edom koe, na ɔne Israel koe (7-14) Israel hene Yehoas wui (15, 16) Amasia wui (17-22) Israel hene Yeroboam a ɔtɔ so 2 (23-29) 15 Yuda hene Asaria ahennie (1-7) Israel ahemfo a wɔtwa toɔ: Sakaria (8-12), Salum (13-16), Menahem (17-22), Pekahia (23-26), Peka (27-31) Yuda hene Yotam ahennie (32-38) 16 Yuda hene Ahas ahennie (1-6) Ahas kɔtuaa adanmudeɛ maa Asiriafoɔ (7-9) Ahas hwɛɛ abosonsomfoɔ afɔrebukyia so yɛɛ bi (10-18) Ahas wui (19, 20) 17 Israel hene Hosea ahennie (1-4) Israel ahennie baa awieeɛ (5, 6) Israelfoɔ som anyame foforɔ, enti wɔtuu wɔn firii wɔn asaase so (7-23) Wɔde ahɔhoɔ bɛtenatenaa Samaria nkuro mu (24-26) Samariafoɔ som bɛyɛɛ afrafra som (27-41) 18 Yuda hene Hesekia ahennie (1-8) Sɛdeɛ Israel ahennie no baa awieeɛ (9-12) Senaherib bɛto hyɛɛ Yuda so (13-18) Rabsake buu Yehowa animtia (19-37) 19 Hesekia soma kɔɔ Yesaia hɔ kɔbisaa Onyankopɔn hɔ mmoa (1-7) Senaherib hunahunaa Yerusalemfoɔ (8-13) Hesekia mpaebɔ (14-19) Onyankopɔn nam Yesaia so maa no mmuaeɛ (20-34) Ɔbɔfoɔ baako kunkum Asiriafoɔ 185,000 (35-37) 20 Hesekia yaree na ne ho tɔɔ no (1-11) Nkurɔfoɔ firi Babilon bɛsraa no (12-19) Hesekia wui (20, 21) 21 Yuda hene Manase ahennie; ɔhwiee mogya gui (1-18) Wɔhyɛɛ Yerusalem sɛeɛ ho nkɔm (12-15) Yuda hene Amon ahennie (19-26) 22 Yuda hene Yosia ahennie (1, 2) Wɔkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔnsiesie asɔrefie no (3-7) Wɔkɔhuu Mmara nwoma no (8-13) Hulda hyɛɛ mmusuo ho nkɔm (14-20) 23 Yosia pagyaa Onyankopɔn som (1-20) Wɔdii Twam (21-23) Nneɛma foforɔ a Yosia de totoo yie (24-27) Yosia wui (28-30) Yuda hene Yehoahas ahennie (31-33) Yuda hene Yehoiakim ahennie (34-37) 24 Yehoiakim tee atua, na ɔwui (1-7) Yuda hene Yehoiakin ahennie (8, 9) Wɔdii kan soaa ebinom kɔɔ Babilon (10-17) Yuda hene Sedekia ahennie; n’atuateɛ (18-20) 25 Nebukadnesar bɛtwaa Yerusalem ho hyiaeɛ (1-7) Wɔsɛee Yerusalem ne n’asɔrefie; wɔsan tuu ebinom ase kɔeɛ (8-21) Wɔyɛɛ Gedalia amrado (22-24) Wɔkum Gedalia; wɔdwane kɔɔ Egypt (25, 26) Wɔyii Yehoiakin firii afiase wɔ Babilon (27-30)