Ahemfo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
12 Yehu+ ahennie afe a ɛtɔ so nson mu no, Yehoas+ bɛdii hene, na ɔdii adeɛ mfeɛ 40 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Sibiya, na na ɔfiri Beer-Seba.+ 2 Yehoas yɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so, nna a ɔsɔfoɔ Yehoiada kyerɛkyerɛɛ no no nyinaa. 3 Mmom sorɔnsorɔmmea*+ no deɛ, ɛkaa hɔ. Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔreɛ na wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.
4 Yehoas ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ: “Afɔrebɔdeɛ kronkron+ sika a wɔde ba Yehowa fie nyinaa,+ ankorankoro toɔ, sika* a wɔn a wɔaka ntam no tua, ne sika biara a obi akoma bɛka no ama no de aba Yehowa fie no,+ monnyegye ne nyinaa. 5 Momma asɔfoɔ no nnyegye mfiri wɔn a wɔde bɛba no* nkyɛn, na wɔmfa nsiesie baabiara a asɛe* wɔ fie no mu.”+
6 Ɛduruu Ɔhene Yehoas ahennie afe a ɛtɔ so 23 no, na asɔfoɔ no nsiesiee mmeaeɛ a asɛesɛe wɔ fie hɔ no.+ 7 Enti Ɔhene Yehoas frɛɛ ɔsɔfoɔ Yehoiada+ ne asɔfoɔ a aka no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na monsiesiee mmeaeɛ a asɛesɛe wɔ fie hɔ no? Ɛno nti afei monnnyegye sika biara mmfiri wɔn a wɔde ba no nkyɛn bio, gye sɛ sika a wɔde bɛsiesie fie no nko ara.”+ 8 Ɛnna asɔfoɔ no gye toom sɛ wɔrennyegye sika mfiri ɔman no nkyɛn bio, na ɛnyɛ wɔn na wɔbɛhwɛ ama wɔasiesie mmeaeɛ a asɛesɛe wɔ fie hɔ no.
9 Ɔsɔfoɔ Yehoiada faa adaka bi,+ na ɔtuu ne mmuasoɔ no mu tokuro de sii afɔrebukyia no nkyɛn. Sɛ obi firi abɔnten reba Yehowa fie hɔ a, na adaka no si nifa so. Emu na na asɔfoɔ a wɔhwɛ ɛpono ano no de sika a wɔde ba Yehowa fie no nyinaa gu.+ 10 Berɛ biara a wɔbɛhu sɛ sika pii aba adaka no mu no, ɔhene twerɛfoɔ ne ɔsɔfo panin no yi,* na wɔkan ntoboa a aba Yehowa fie hɔ no.+ 11 Afei wɔde sika a wɔakan no hyɛ wɔn a wɔdeda adwuma no ano wɔ Yehowa fie no nsa, na wɔn nso de tua wɔn a wɔyɛ nnua ho adwuma ne adansifoɔ a wɔreyɛ Yehowa fie hɔ adwuma no ka.+ 12 Wɔde bi nso tua abantofoɔ ne abopaefoɔ no ka, na wɔde bi tɔ nnua a wɔapae ne aboɔ a wɔapae a wɔde bɛsiesie mmeaeɛ a asɛesɛe wɔ Yehowa fie hɔ no, na wɔde bi nso tuatua ɛka biara a wɔbɔ de siesie fie no.
13 Nanso sika a wɔde ba Yehowa fie no, wɔamfa bi anyɛ Yehowa fie hɔ dwetɛ asɛn, adumgya, nkyɛnsee, ntotorobɛnto,+ sika kɔkɔɔ nneɛma, ne dwetɛ nneɛma no.+ 14 Mmom no, adwumayɛfoɔ no nko ara na wɔde sika no maa wɔn, na wɔn nso de siesiee Yehowa fie no. 15 Nnipa a wɔde sika hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa mma adwumayɛfoɔ no, wɔne wɔn ammu ho akonta, ɛfiri sɛ na wɔyɛ anokwafoɔ.+ 16 Afɔdie afɔreɛ sika+ ne bɔne ho afɔreɛ sika no deɛ, wɔamfa amma Yehowa fie hɔ; ná ɛyɛ asɔfoɔ no dea.+
17 Saa berɛ no na Siria hene Hasael+ kɔɔ Gat+ so ne no kɔkoeɛ, na ɔdii kuro no so nkonim. Ɛno akyi no, Hasael yɛɛ sɛ ɔne Yerusalem rebɛko.*+ 18 Ɛnna Yuda hene Yehoas sesaa afɔrebɔdeɛ kronkron a ne nananom Yehosafat, Yehoram, ne Ahasia a na wɔyɛ Yuda ahemfo no ahyira so no nyinaa, ne n’afɔrebɔdeɛ kronkron ne sika kɔkɔɔ a ɛwɔ Yehowa fie ne ɔhene fie* akoradeɛ hɔ nyinaa, na ɔde kɔmaa Siria hene+ Hasael. Enti ɔgyaa Yerusalem hɔ kɔeɛ.
19 Yehoas ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 20 Nanso Yehoas nkoa sɔre yɛɛ baako bɔɔ ne ho pɔ,+ na wɔkum no wɔ Esie*+ dan no mu wɔ ɛkwan a ɛkɔ Sila no so. 21 Simat ba Yosakar ne Somer ba Yehosabad a na wɔyɛ ne nkoa no na wɔkum no.+ Wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kuro mu, na ne ba Amasia bɛdii n’adeɛ.+