Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ Esra Nwoma No Mu Nsɛntitire ESRA EMU NSƐNTITIRE 1 Ɔhene Kores hyɛɛ mmara sɛ wɔnsi asɔrefie no (1-4) Ahoboa a wɔde bɛfiri Babilon asan aba wɔn man mu (5-11) 2 Nnipa a wɔsan baa wɔn man mu no din (1-67) Asɔrefie asomfoɔ (43-54) Solomon nkoa no mma (55-57) Wɔde ayamyɛ afɔreɛ bɛboaa asɔrefie no (68-70) 3 Wɔsii afɔrebukyia no, na wɔfirii aseɛ bɔɔ afɔreɛ wɔ so (1-6) Wɔfirii aseɛ sii asɔrefie no (7-9) Wɔtoo asɔrefie no fapem (10-13) 4 Berɛ a wɔresi asɔrefie no, nkurɔfoɔ teetee wɔn (1-6) Atamfo kɔbɔɔ wɔn soboɔ wɔ Ɔhene Artasasta anim (7-16) Artasasta maa asɛm no ho mmuaeɛ (17-22) Ɔmaa wɔgyaee adwuma no (23, 24) 5 Yudafoɔ no san firii aseɛ sii asɔrefie no (1-5) Tatenai de krataa kɔmaa Ɔhene Dario (6-17) 6 Dario hwehwɛɛ asɛm no mu na ɔhyɛɛ mmara (1-12) Wɔwiee asɔrefie no na wɔbuee ano (13-18) Wɔdii Paanoo a Mmɔka Nnim Afahyɛ no (19-22) 7 Esra bɛduruu Yerusalem (1-10) Artasasta twerɛɛ krataa kɔmaa Esra (11-26) Esra yii Yehowa ayɛ (27, 28) 8 Wɔn a wɔne Esra san baeɛ no din (1-14) Ahoboa a wɔyɛ maa akwantuo no (15-30) Wɔsiim firii Babilon na wɔkɔduruu Yerusalem (31-36) 9 Israelfoɔ warewaree aman foforɔ so nnipa (1-4) Esra bɔɔ mpaeɛ kaa ɔman no bɔne (5-15) 10 Wɔyɛɛ apam sɛ wɔbɛpamo aman foforɔ so mmaa no (1-14) Wɔpamoo aman foforɔ so mmaa no (15-44)