Esra
7 Nsɛm yi akyi, Persia hene Artasasta ahennie mu no,+ Esra*+ san bae. Ná ɔyɛ Seraia ba,+ Asaria ba, Hilkia+ ba, 2 Salum ba, Sadok ba, Ahitab ba, 3 Amaria ba, Asaria ba,+ Meraiot ba, 4 Serahia ba, Usi ba, Buki ba, 5 Abisua ba, Finehas ba,+ Eleasar ba,+ ɔsɔfo panin Aaron+ ba. 6 Esra yi firi Babilon na ɛbaeɛ. Ná ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ,* na Mose Mmara+ a Israel Nyankopɔn Yehowa de maa ne nkurɔfoɔ no, na ɔnim no yie.* Ɔhene no maa no n’abisadeɛ nyinaa, ɛfiri sɛ na ne Nyankopɔn Yehowa nsa wɔ ne so.
7 Israelfoɔ ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ+ ne nnwontofoɔ+ ne apono ano ahwɛfoɔ+ ne asɔrefie asomfoɔ*+ no mu bi nso baa Yerusalem wɔ Ɔhene Artasasta ahennie afe a ɛtɔ so nson mu. 8 Esra bɛduruu Yerusalem bosome a ɛtɔ so nnum, ɔhene no afe a ɛtɔ so nson mu. 9 Na bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no, ɔsiim firii Babilon, na bosome a ɛtɔ so nnum no da a ɛdi kan no, ne Nyankopɔn a ɔka ne ho*+ nti, ɔbɛduruu Yerusalem. 10 Ná Esra asiesie n’akoma sɛ ɔbɛhwehwɛ Yehowa Mmara mu na wadi so,+ na wakyerɛkyerɛ emu ahyɛdeɛ ne atemmusɛm wɔ Israel.+
11 Krataa a Ɔhene Artasasta de maa ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ a ne ho akokwa wɔ Yehowa mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a ɔde maa Israel mu* no, emu nsɛm nie:
12 * “Artasasta,+ ahemfo mu hene no, de kɔma ɔsɔfoɔ Esra, ɔsoro Nyankopɔn no Mmara twerɛfoɔ: Asomdwoeɛ nka wo. Afei tie, 13 mahyɛ mmara sɛ m’ahennie mu, onipa biara a ɔyɛ Israelni ne wɔn asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔpɛ sɛ wɔne wo kɔ Yerusalem no, wo ne wɔn nkɔ.+ 14 Ɔhene ne n’agyinatufoɔ nson no asoma wo sɛ kɔhwehwɛ mu sɛ Yuda ne Yerusalem redi wo Nyankopɔn Mmara a ɛwɔ wo nsam no so anaa. 15 Dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a ɔhene ne n’agyinatufoɔ ayi wɔn yam de ama Israel Nyankopɔn a ne tenabea wɔ Yerusalem no, fa kɔ, 16 na dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a wobɛnya no Babilon mantam no nyinaa mu ne akyɛdeɛ a ɔman no ne asɔfoɔ bɛyi wɔn yam de ama wɔn Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no nso, fa ka ho kɔ.+ 17 Yɛ ntɛm fa saa sika no tɔ anantwinini,+ adwennini,+ nnwan mma,+ ne aduane afɔreɛ+ ne afɔrebɔ nsã+ a wɔde ka emu biara ho, na fa kɔbɔ afɔreɛ wɔ afɔrebukyia a ɛwɔ mo Nyankopɔn fie wɔ Yerusalem no so.
18 “Na adeɛ biara a wo ne wo nuanom pɛ sɛ mode dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a ɛbɛka no yɛ no, momfa nyɛ sɛdeɛ ɛsɔ mo Nyankopɔn ani. 19 Nneɛma a wɔde ahyɛ wo nsa sɛ fa som wɔ wo Nyankopɔn fie no, fa ne nyinaa kɔ Onyankopɔn anim wɔ Yerusalem.+ 20 Nneɛma a aka a ɛbɛhia wɔ wo Nyankopɔn fie a ɛsɛ sɛ wode kɔ no, yi firi ɔhene fie adekoradan+ mu.
21 “Me, Ɔhene Artasasta, mahyɛ mmara sɛ sika so ahwɛfoɔ a mowɔ Asubɔnten no* agya nyinaa, adeɛ biara a ɔsɔfoɔ Esra,+ ɔsoro Nyankopɔn Mmara twerɛfoɔ no bɛbisa no, monyɛ mma no ntɛm; 22 sɛ ne dodoɔ kɔsi dwetɛ dwetikɛseɛ* 100, hwiit kor* 100, bobesa+ bat susuhina* 100, ngo+ bat susuhina 100, ne nkyene+ a ne dodoɔ nni ano mpo a, momfa mma no. 23 Deɛ ɔsoro Nyankopɔn aka nyinaa, momfa ahokeka nyɛ no ne fie no ho, na ɔsoro Nyankopɔn+ abufuo amma ɔhene ahennie ne ɔhene mma+ so. 24 Afei merema moahu sɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ, nnwontofoɔ,+ apono ano ahwɛfoɔ, asɔrefie asomfoɔ,*+ ne Onyankopɔn fie yi adwumayɛfoɔ nyinaa, monni ho kwan sɛ mogye wɔn hɔ ɔman toɔ, akwan so toɔ, anaa toɔ+ biara.
25 “Na wo, Esra, sɛdeɛ wo Nyankopɔn ama wo nyansa no,* yi asɛnnifoɔ ne atemmufoɔ na wɔmmu nkurɔfoɔ a wɔwɔ Asubɔnten no agya nyinaa atɛn, wɔn a wɔnim wo Nyankopɔn mmara no nyinaa; na obiara a ɔnnim nso, kyerɛkyerɛ no.+ 26 Na obiara a ɔrenhwɛ nni wo Nyankopɔn Mmara ne ɔhene mmara so no, ɔfata sɛ ɔwu oo, ɔfata sɛ wɔtwa no asu oo, ɔfata sɛ wɔbɔ no ka oo, ɔfata sɛ ɔda afiase oo, ntɛm ara mommu no atɛn.”
27 Ayeyie nka Yehowa, yɛn agyanom Nyankopɔn a ɔde asɛm yi ahyɛ ɔhene akomam sɛ wɔnsiesie Yehowa fie a ɛwɔ Yerusalem no!+ 28 Wayi ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ me wɔ ɔhene+ ne n’agyinatufoɔ,+ ne ɔhene mpanimfoɔ nyinaa anim. Na me nso, Yehowa me Nyankopɔn nsa a ɛwɔ me so nti, menyaa akokoɔduro,* na meboaboaa Israel atitire ano sɛ wɔne me nkɔ.