Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ Exodus Nwoma No Mu Nsɛntitire EXODUS EMU NSƐNTITIRE 1 Israelfoɔ ase trɛɛ wɔ Egypt (1-7) Farao hyɛɛ Israelfoɔ so (8-14) Onyankopɔn ho suro nti, mmaa a wɔgye awoɔ no gyee mmɔfra nkwa (15-22) 2 Wɔwoo Mose (1-4) Farao babaa faa Mose de no yɛɛ ne ba (5-10) Mose dwane kɔɔ Midian, na ɔwaree Sipora (11-22) Onyankopɔn tee Israelfoɔ no apinisie (23-25) 3 Mose huu nwira a ɛredɛre no (1-12) Yehowa kyerɛɛ ne din ase (13-15) Yehowa maa Mose akwankyerɛ (16-22) 4 Nsɛnkyerɛnne mmiɛnsa a ɔkaa sɛ Mose nyɛ (1-9) Mose tee nka sɛ ɔmfata (10-17) Mose san kɔɔ Egypt (18-26) Mose ne Aaron san kɔhyiaeɛ (27-31) 5 Mose ne Aaron kɔɔ Farao anim (1-5) Nhyɛsoɔ no mu yɛɛ den (6-18) Israelfoɔ no de ho soboɔ bɔɔ Mose ne Aaron (19-23) 6 Ɔsan hyɛɛ wɔn bɔ sɛ ɔbɛgye wɔn (1-13) Ná wɔnte Yehowa din no ase papa (2, 3) Mose ne Aaron abusua santen (14-27) Ɔkaa sɛ Mose nsan nkɔ Farao anim (28-30) 7 Yehowa hyɛɛ Mose den (1-7) Aaron poma danee ɔwɔ kɛseɛ (8-13) Ɔhaw 1: nsuo danee mogya (14-25) 8 Ɔhaw 2: mpɔtorɔ (1-15) Ɔhaw 3: ntummoa (16-19) Ɔhaw 4: ahuriiɛ (20-32) Ebi ankɔ Gosen asaase so (22, 23) 9 Ɔhaw 5: nyɛmmoa wuwuiɛ (1-7) Ɔhaw 6: mpɔmpɔ bobɔɔ nnipa ne mmoa (8-12) Ɔhaw 7: asukɔtweaa (13-35) Onyankopɔn bɛma Farao ahunu ne tumi (16) Yehowa bɛma nkurɔfoɔ abɔ ne din (16) 10 Ɔhaw 8: ntutummɛ (1-20) Ɔhaw 9: esum (21-29) 11 Ɔkaa sɛ ɔhaw a ɛtɔ so du bɛba (1-10) Ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ wɔmmisa akyɛdeɛ (2) 12 Wɔfirii aseɛ dii Twam no (1-28) Wɔmfa mogya mfa aponnwa no ho (7) Ɔhaw 10: wɔkum abakan biara (29-32) Wɔn akwantuo no mfitiaseɛ (33-42) Mfeɛ 430 no awieeɛ (40, 41) Twam no ho ahyɛdeɛ (43-51) 13 Abakan biara a ɔyɛ ɔbarima no yɛ Yehowa dea (1, 2) Paanoo a Mmɔka Nnim Afahyɛ no (3-10) Abakan biara a ɔyɛ ɔbarima no, fa no ma Onyankopɔn (11-16) Ɔmaa Israelfoɔ de wɔn ani kyerɛɛ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho (17-20) Omununkum dum ne egya dum (21, 22) 14 Israelfoɔ no kɔduruu ɛpo no ano (1-4) Farao tii Israelfoɔ no (5-14) Israelfoɔ twaa Ɛpo Kɔkɔɔ no (15-25) Ɛpo no faa Egyptfoɔ no (26-28) Israelfoɔ gyee Yehowa diiɛ (29-31) 15 Mose ne Israelfoɔ too nkonim dwom (1-19) Miriam gyee dwom no so (20, 21) Ɔmaa nsuo a ɛyɛ nwono yɛɛ dɛ (22-27) 16 Nkurɔfoɔ no nwiinwii wɔ aduane ho (1-3) Yehowa tee wɔn anwiinwii no (4-12) Wɔmaa wɔn mmoko ne mana (13-21) Mana antɔ Homeda (22-30) Wɔkoraa mana no bi so de yɛɛ nkaeɛ (31-36) 17 Wɔnwiinwii wɔ Horeb sɛ wɔnnya nsuo nnom (1-4) Nsuo firii ɔbotan mu baeɛ (5-7) Amalekfoɔ bɛto hyɛɛ wɔn so, nso wɔdii nkoguo (8-16) 18 Yetro ne Sipora baa serɛ no so (1-12) Yetro tuu no fo sɛ ɔnyiyi atemmufoɔ (13-27) 19 Wɔsoɛɛ Sinai Bepɔ anim (1-25) Wɔkaa sɛ Israel bɛyɛ ahemman a emufoɔ yɛ asɔfoɔ (5, 6) Ɔdwiraa ɔman no ho maa wɔkɔɔ Onyankopɔn anim (14, 15) 20 Mmara Nsɛm Du no (1-17) Deɛ Israelfoɔ hunuiɛ na wɔteeɛ nti wɔbɔɔ hu (18-21) Ɔsom ho akwankyerɛ (22-26) 21 Atemmusɛm a ɛwɔ hɔ ma Israel (1-36) Hebrini a ɔyɛ akoa (2-11) Obi a ɔbɛpira ne yɔnko anaa ɔbɛku no (12-27) Deɛ ɛfa mmoa ho (28-36) 22 Atemmusɛm a ɛwɔ hɔ ma Israel (1-31) Korɔno ho mmara (1-4) Obi a ɔbɛsɛe obi afuo mu nneɛma (5, 6) Obi adeɛ a akɔdi obi hɔ ne adeɛ no wura (7-15) Bradatoɔ (16, 17) Ɔsom ne abrabɔ mu nsɛm (18-31) 23 Atemmusɛm a ɛwɔ hɔ ma Israel (1-19) Nokorɛdie ne atɛntrenee (1-9) Homeda ne afahyɛ ho mmara (10-19) Ɔkaa sɛ ɔbɔfoɔ bɛkyerɛ Israel kwan (20-26) Asaase a wɔbɛnya ne n’ahyeɛ (27-33) 24 Ɔman no kaa sɛ wɔbɛdi Yehowa apam so (1-11) Mose kɔɔ Sinai Bepɔ so (12-18) 25 Ɔsom ntomadan no ho ntoboa (1-9) Adaka no (10-22) Ɛpono no (23-30) Kaneadua no (31-40) 26 Ɔsom ntomadan no (1-37) Ɔsom ntomadan no ho ntoma (1-14) Ntomadan no nnua ne ne nnyinasoɔ (15-30) Ntwamutam ne nkataano no (31-37) 27 Afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so (1-8) Adihɔ (9-19) Ngo a wɔde bɛgu kaneadua no mu (20, 21) 28 Asɔfoɔ ntaadeɛ (1-5) Efɔd no (6-14) Nkataboɔ no (15-30) Urim ne Tumim (30) Nsasini no (31-35) Abotire no ne ade tratra a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ no (36-39) Asɔfoɔ no ntaadeɛ a aka (40-43) 29 Ɛkwan a wɔfaa so hyɛɛ wɔn asɔfoɔ (1-37) Afɔreɛ a wɔbɔ no da biara (38-46) 30 Aduhwam afɔrebukyia no (1-10) Nnipa a wɔkan wɔn ne agyedeɛ sika (11-16) Kɔbere sɛn a wɔde emu nsuo hohoro wɔn ho (17-21) Ɔsrango a wɔafra no yie (22-33) Sɛdeɛ na wɔyɛ aduhwam kronkron no (34-38) 31 Onyankopɔn honhom boaa wɔn a wɔyɛɛ nsaanodwuma no (1-11) Homeda yɛ sɛnkyerɛnne a ɛda Onyankopɔn ne Israel ntam (12-17) Abopono mmienu no (18) 32 Wɔsom sika nantwie ba (1-35) Mose tee sɛ wɔreto dwom soronko bi (17, 18) Mose de abopono a mmara wɔ so no hwee hɔ maa no bubuiɛ (19) Lewifoɔ no gyinaa Yehowa afã (26-29) 33 Onyankopɔn kaa wɔn anim (1-6) Ná ahyiaeɛ ntomadan no wɔ asoɛeɛ no akyi (7-11) Mose srɛɛ sɛ Yehowa mma no nhunu n’animuonyam (12-23) 34 Ɔyɛɛ abopono foforɔ (1-4) Mose huu Yehowa animuonyam (5-9) Apam no mu nsɛm no, wɔsan tii mu (10-28) Mose anim hyerɛnee (29-35) 35 Homeda ho akwankyerɛ (1-3) Ɔsom ntomadan no ho ntoboa (4-29) Honhom hyɛɛ Besalel ne Oholiab ma (30-35) 36 Wɔnyaa ntoboa a ɛbɛso adwuma no ama ebi aka (1-7) Wɔyɛɛ nneɛma a wɔde bɛsi ɔsom ntomadan no (8-38) 37 Wɔyɛɛ Adaka no (1-9) Ɛpono no (10-16) Kaneadua no (17-24) Aduhwam afɔrebukyia no (25-29) 38 Afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so (1-7) Ɛsɛn a wɔde kɔbere ayɛ (8) Adihɔ (9-20) Ɔhwɛɛ sɛ nneɛma a wɔde bɛyɛ ɔsom ntomadan no aso anaa (21-31) 39 Wɔyɛɛ asɔfoɔ ntaadeɛ no (1) Efɔd no (2-7) Nkataboɔ no (8-21) Nsasini no (22-26) Asɔfoɔ no ntaadeɛ a aka (27-29) Sika kɔkɔɔ traa no (30, 31) Mose hwɛɛ ɔsom ntomadan no ho biribiara sɛ ɛyɛ anaa (32-43) 40 Wɔsii ɔsom ntomadan no (1-33) Yehowa animuonyam hyɛɛ ɔsom ntomadan no mu ma (34-38)