Exodus
2 Saa berɛ no ara mu, ɔbarima bi a ɔfiri Lewi fie kɔwaree Lewini baa bi.+ 2 Ɔbaa no nyinsɛn woo ɔbabarima, na berɛ a ɔhunuu sɛdeɛ abɔfra no ho yɛ fɛ no, ɔde no siee abosome mmiɛnsa.+ 3 Afei ɔhuu sɛ ɔrentumi mfa no nsie bio,+ enti ɔfaa mmɛwa* kɛntɛn* de kootaa ne aman yɛɛ ho, na ɔde abɔfra no too mu de no kɔhyɛɛ nwura* mu wɔ Asubɔnten Nil ho. 4 Ɛnna ne nuabaa+ kɔgyinaa baabi hwɛɛ deɛ ɛbɛto no.
5 Afei Farao babaa baa Asubɔnten Nil ho sɛ ɔrebɛdware, na na mmaa a wɔsom no no nenam Nil no ho. Ɔhuu sɛ kɛntɛn bi hyɛ nwura no mu wɔ nsuo no ano. Ɛhɔ ara na ɔsomaa n’abaawa sɛ ɔnkɔfa mmra.+ 6 Ɔbuee so no, ɔhuu sɛ abarimaa no da mu resu. Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔkaa sɛ: “Hebrifoɔ mma no bi nie.” 7 Ɛnna ne nuabaa no bisaa Farao babaa no sɛ: “Menkɔfrɛ Hebrifoɔ mmaa no bi na ɔmmɛma no nufoɔ na ɔnhwɛ no mma wo anaa?” 8 Ɛnna Farao babaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ!” Ntɛm ara na abaayewa no kɔfrɛɛ abɔfra no maame baeɛ.+ 9 Afei Farao babaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa abɔfra yi kɔhwɛ no ma me, na mɛtua wo ka.” Enti ɔbaa no faa abɔfra no kɔhwɛɛ no. 10 Abɔfra no nyiniiɛ no, ɔde no kɔmaa Farao babaa no, na ɔde no yɛɛ ne ba.+ Ɔtoo ne din Mose* na ɔkaa sɛ: “Nsuo mu na meyii no firiiɛ ntira.”+
11 Afei berɛ a Mose nyiniiɛ* no, ɔfirii adi kɔɔ ne nuanom nkyɛn kɔhwɛɛ sɛdeɛ wɔhyɛ wɔn ma wɔyɛ adwumaden;+ na ɔhuu sɛ Egyptni bi rehwe ne nuanom Hebrifoɔ no mu baako. 12 Berɛ a ɔhwɛɛ ha ne ha a ɔhuu sɛ obiara nni hɔ no, ɔbɔɔ Egyptni no kum no, na ɔde no hyɛɛ anwea mu.+
13 Adeɛ kyeeɛ a ɔfirii adie no, ɔhuu sɛ Hebrifoɔ mmienu bi reko. Enti ɔbisaa deɛ ɔdi fɔ no sɛ: “Adɛn nti na wo ne wo ara wo ho nipa reko?”+ 14 Ɛnna ɔbisaa no sɛ: “Hwan na ɔde wo sii yɛn so sɛ di yɛn so na bu yɛn atɛn? Wopɛ sɛ woku me sɛdeɛ wokum Egyptni no anaa?”+ Ɛmaa Mose bɔɔ hu na ɔkaa sɛ: “Ei, asɛm yi apue!”
15 Akyire yi Farao tee asɛm no, na ɔyɛɛ sɛ ɔbɛku Mose, nanso Mose dwane firii Farao anim kɔɔ Midian+ asaase so, na ɔkɔtenaa abura bi ho. 16 Ná ɔsɔfoɔ a ɔwɔ Midian+ no wɔ mma mmaa nson, na wɔbaa sɛ wɔrebɛsa nsuo de akɔgu adeɛ mu ama wɔn papa nnwan anom. 17 Nanso sɛdeɛ na ɛtaa sie no, nnwanhwɛfoɔ bi bɛpamoo wɔn. Ɛnna Mose sɔre boaa* mmaa no, na ɔmaa wɔn mmoa no nsuo. 18 Berɛ a wɔkɔɔ wɔn papa Reuel*+ nkyɛn wɔ fie no, ɔteaam sɛ: “Ɛnnɛ deɛ ɛyɛɛ dɛn na moaba fie ntɛm saa?” 19 Ɛnna wɔbuaa sɛ: “Egyptni+ bi na ɔgyee yɛn firii nnwanhwɛfoɔ no nsam. Ɔsan saa nsuo mpo maa yɛn, na ɔmaa nnwan no bi nomeeɛ.” 20 Ɔbisaa ne mma mmaa no sɛ: “Ɔwɔ he? Adɛn na moagya no wɔ hɔ? Monkɔfrɛ no na ɔne yɛn mmɛdidi.” 21 Na Mose penee so sɛ ɔbɛtena ɔbarima no nkyɛn, na ɔde ne babaa Sipora+ maa Mose awareɛ. 22 Akyire yi, ɔbaa no woo ɔbabarima, na Mose too ne din Gersom,*+ ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: “Mabɛyɛ hɔhoɔ wɔ ananafoɔ asaase so.”+
23 Mfeɛ* pii akyi no, Egypt hene no wuiɛ,+ nanso nkoasom no nti, Israelfoɔ no kɔɔ so sii apini, na wɔsu hwehwɛɛ ɔboafoɔ, na wɔn sufrɛ no duruu nokorɛ Nyankopɔn no asom.+ 24 Ɛduruu baabi no, Onyankopɔn tee wɔn apinisie+ no, na Onyankopɔn kaee apam a ɔne Abraham, Isak, ne Yakob yɛeɛ no.+ 25 Enti Onyankopɔn hwɛɛ Israelfoɔ no, na Onyankopɔn hunuu deɛ wɔrefa mu.