Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ Mmebusɛm Nwoma No Mu Nsɛntitire MMEBUSƐM EMU NSƐNTITIRE 1 Deɛ enti a wɔtwerɛɛ mmebusɛm no (1-7) Asiane a ɛwɔ fekubɔne mu (8-19) Nyansa team wɔ mmorɔno so (20-33) 2 Nyansa so mfasoɔ (1-22) Hwehwɛ nyansa te sɛ biribi a ɛsom bo a wɔde asie (4) Nyansa bɛbɔ wo ho ban (11) Adwamammɔ de amanehunu ba (16-19) 3 Yɛ onyansafoɔ, na fa wo ho to Yehowa so (1-12) Fa w’ahonyadeɛ hyɛ Yehowa animuonyam (9) Nyansa ma yɛn ani gye (13-18) Nyansa bɔ yɛn ho ban (19-26) Sɛdeɛ ɛsɛ sɛ yɛne nnipa tena (27-35) Berɛ biara a wobɛtumi no, yɛ nkurɔfoɔ papa (27) 4 Agya bi akwankyerɛ pa (1-27) Hwehwɛ nyansa sene biribi foforɔ biara (7) Twe wo ho firi abɔnefoɔ kwan so (14, 15) Ateneneefoɔ kwan hyerɛn nkakrankakra (18) “Bɔ w’akoma ho ban” (23) 5 Hwɛ yie wɔ mmaa a wɔn bra asɛe ho (1-14) Wo ne wo yere ani nnye (15-23) 6 Nni wo yɔnko anim mma no nnkɔgye bosea (1-5) “Ɔkwadwofoɔ, kɔ ntɛtea nkyɛn” (6-11) Onipahunu ne onipabɔnefoɔ (12-15) Nneɛma nson a Yehowa kyiri (16-19) Hwɛ wo ho yie wɔ ɔbaa bɔne ho (20-35) 7 Di Onyankopɔn mmara so na nya nkwa (1-5) Aberanteɛ gyimifoɔ bi; ɔbaa bi de n’ano dɛdɛɛdɛ nyaa no (6-27) ‘Ɔte sɛ nantwie a wɔrekɔku no’ (22) 8 Nyansa kasa te sɛ onipa (1-36) ‘Onyankopɔn bɔɔ me de firii n’adwuma ase’ (22) ‘Ná mewɔ Onyankopɔn nkyɛn sɛ odwumayɛni a ɔnim adwuma paa’ (30) “Nnipa mma na na wɔda m’akoma so” (31) 9 Nyansa to nsa frɛ nkurɔfoɔ (1-12) “Me na mɛma wo nna ayɛ bebree” (11) Ɔbaa kwasea to nsa frɛ nkurɔfoɔ (13-18) “Nsuo a wɔawia yɛ dɛ” (17) SOLOMON MMEBUSƐM (10:1–24:34) 10 Ɔba nyansafoɔ ma ne papa ani gye (1) Mmɔdemmɔfoɔ nsa de ahonyadeɛ na ɛba (4) Mfomsoɔ mpa kasa dodoɔ mu (19) Yehowa nhyira na ɛma obi yɛ ɔdefoɔ (22) Yehowa suro ma nkwa tenten (27) 11 Nyansa ne ahobrɛasefoɔ na ɛteɛ (2) Ɔwaefoɔ sɛe nkurɔfoɔ (9) “Afotufoɔ dodoɔ na ɛma nneɛma kɔ yie” (14) Onipa a ne yam yɛ no, ɛbɛsi no yie (25) Deɛ ɔde ne ho to n’ahonyadeɛ so no, ɔbɛhwe ase (28) 12 Deɛ ɔtan kasakyerɛ no nni adwene (1) “Nsɛm a wɔtu no bumbum no, ɛte sɛ deɛ wɔde sekan rewowɔ obi” (18) Wɔn a wɔhyɛ asomdwoeɛ ho nkuran ani gye (20) Ano a ɛnka nokorɛ yɛ Yehowa akyiwadeɛ (22) Onipa akomam dadwene ma n’akoma boto 25) 13 Wɔn a wɔhwehwɛ afotuo no nim nyansa (10) Anidasoɔ a ɛmma mu ntɛm no, ɛma akoma yare (12) Obi a wɔasoma no a ɔdi nokorɛ de ayaresa ba (17) Deɛ ɔne anyansafoɔ nante no bɛyɛ onyansafoɔ (20) Ntenesoɔ kyerɛ ɔdɔ (24) 14 Akoma na ɛnim n’awerɛhoɔ (10) Ɛkwan a ɛtene onipa ani so tumi kɔwie owuo mu (12) Ogyimifoɔ gye asɛm biara di (15) Osikani nnamfo dɔɔso (20) Akoma a ɛdwoɔ ma nipadua nya nkwa (30) 15 Mmuaeɛ bɔkɔɔ ma abufuo twa (1) Yehowa ani wɔ baabiara (3) Onyankopɔn ani gye ateneneefoɔ mpaebɔ ho (8) Sɛ adwentoatoa nni hɔ a, nhyehyɛeɛ nyɛ yie (22) Dwene ansa na woama mmuaeɛ (28) 16 Yehowa hwehwɛ adwene a onipa de yɛ biribi mu (2) Fa wo nnwuma hyɛ Yehowa nsa (3) Nsenia a ɛdi mu firi Yehowa hɔ (11) Ahantan di ɔsɛeɛ anim (18) Etire so dwene yɛ ahenkyɛ a ɛyɛ fɛ (31) 17 Mfa bɔne ntua papa so ka (13) Akasakasa nnya mfirii aseɛ no, twa so kɔ (14) Adamfo pa kyerɛ ne dɔ berɛ nyinaa (17) “Anigyeɛ akoma yɛ aduro papa” (22) Onipa a ɔwɔ nhunumu hwɛ ne nsɛm yie (27) 18 Obiara a ɔte ne ho no, deɛ ɔno ara pɛ na ɔdi akyire, na ɔnnim nyansa (1) Yehowa din yɛ abandenden (10) Ahonyadeɛ yɛ ahobammɔ wɔ nnipa ani so (11) Ɛyɛ sɛ wobɛtie afanu nyinaa (17) Adamfoɔ bi wɔ hɔ a, ɔntwe ne ho da; ɔkyɛn onua mpo (24) 19 Onipa nhunumu ma ɔtwentwɛn n’abufuo ase (11) Ɔyere a ɔpɛ ntɔkwa te sɛ ɛdan a ɛnwunu (13) Ɔyere badwemma firi Yehowa (14) Berɛ a anidasoɔ wɔ hɔ yi, tene wo ba (18) Nyansa wom sɛ wobɛtie afotuo (20) 20 Nsã yɛ fɛdifoɔ (1) Ɔkwadwofoɔ mfuntum asaase awɔberɛ (4) Onipa akomam nsusuiɛ te sɛ nsuo a emu dɔ (5) Hwɛ yie na woampere wo ho anka ntam (25) Mmeranteɛ animuonyam ne wɔn ahoɔden (29) 21 Yehowa dane ɔhene akoma kɔ baabiara a ɔpɛ (1) Deɛ ɛtene yɛ sene afɔrebɔ (3) Deɛ ɔyɛ nsi no, ɛbɛwie no yie (5) Deɛ ɔntie mmɔborɔwafoɔ su no, ɔno nso wɔrentie no (13) Nyansa biara nni hɔ a ɛbɛtumi ne Yehowa adi asie (30) 22 Din pa yɛ sene ahonyadeɛ pii (1) Kyerɛkyerɛ abɔfra firi ne mmɔfraase; ɔnyini a, ɔremfiri ho (6) Ɔkwadwofoɔ suro sɛ gyata wɔ abɔnten (13) Ntenesoɔ yi agyimisɛm firi hɔ (15) Onipa a n’adwuma ho twa no, ahemfo na ɔbɛsom wɔn (29) 23 Obi to nsa frɛ wo a, dwene ho yie (2) Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyadeɛ (4) Ahonyadeɛ bɛtumi atu akɔ (5) Nkɔka wɔn a wɔnom nsã pii ho (20) Nsã ka te sɛ ɔwɔ (32) 24 Mma w’ani mmmere abɔnefoɔ (1) Nyansa na wɔde si fie (3) Ɔteneneeni bɛhwe ase, nanso ɔbɛsɔre (16) Mfa bɔne ntua bɔne ka (29) Nkotɔ ne ohia na ɛnam (33, 34) SOLOMON MMEBUSƐM A ƆHENE HESEKIA MMARIMA (25:1–29:27) 25 Kokoam nsɛm (9) Nsɛm a wɔka wɔ berɛ a ɛfata mu (11) Ntaa nkɔ wo yɔnko fie (17) Boaboa nnyasramma ano gu wo tamfo apampam (21, 22) Amanneɛbɔ pa te sɛ nsuonwunu (25) 26 Akwadwofoɔ suban (13-16) Mfa w’ano nto obi ntɔkwa mu (17) Mfa nneɛma bi nni agorɔ (18, 19) Anyina nni hɔ a, egya dum (20, 21) Deɛ ɔsɛe nkurɔfoɔ din no, ne nsɛm te sɛ aduane a ɛyɛ dɛ (22) 27 Adamfoɔ kasakyerɛ de mfasoɔ ba (5, 6) Me ba, ma m’akoma ntɔ me yam (11) Dadeɛ se dadeɛ ano (17) Hunu wo nnwan (23) Ahonyadeɛ rentena hɔ daa (24) 28 Deɛ ɔntie mmara no, ne mpaebɔ yɛ akyiwadeɛ (9) Deɛ ɔka ne mmarato no, wɔbɛhu no mmɔbɔ (13) Deɛ ɔrepɛ ntɛm anya ne ho no, ɔremfa ne ho nni (20) Kasakyerɛ yɛ sene adɛfɛdɛfɛ (23) Deɛ ɔyi ne yam kyɛ adeɛ no, hwee renhia no (27) 29 Abɔfra a wɔgyaa no ma ɔyɛ deɛ ɔpɛ no, ɔde animguaseɛ ba (15) Anisoadehunu nni hɔ a, ɔmanfoɔ yɛ deɛ wɔpɛ (18) Onipa a ne bo afu ma ntɔkwa ba (22) Onipa a ɔbrɛ ne ho ase no, ɔbɛnya animuonyam (23) Onipa ho suro yɛ fidie (25) 30 AGUR NSƐM (1-33) Mma me ohia anaa ahonyadeɛ (8) Nneɛma a ɛmmee da (15, 16) Nneɛma a wonhunu akyire akwan (18, 19) Ɔbaa waresɛefoɔ (20) Mmoa a wɔde nyansa ahyɛ wɔn mu (24) 31 ƆHENE LEMUEL NSƐM (1-31) Ɔyere pa, hwan na ɔbɛnya? (10) Ɔpɛ adwuma, na ɔyɛ adwumaden (17) Ayamyɛ wɔ ne kɛtrɛma so (26) Ne mma ne ne kunu yi no ayɛ (28) Ahoɔfɛ twam ntɛm (30)