Mmebusɛm
1 Israel hene+ Solomon, Dawid ba no mmebusɛm nie:+
2 Ɛwɔ hɔ sɛ nnipa mfa nsua* nyansa+ ne ntenesoɔ,
Na wɔmfa nte anyansasɛm ase;
3 Na wɔmfa nnya ntenesoɔ+ a ɛma nhunumu,
Na wɔmfa nyɛ adetenenee,+ mmu atɛn pa,*+ na wɔnyɛ deɛ ɛtene;*
5 Onyansafoɔ tie, na ɔsua nneɛma pii;+
Onipa a ɔwɔ nteaseɛ* bɛnya akwankyerɛ pa,+
6 Na ama no ate ɛbɛ ne kasakoa ase,
7 Yehowa suro, ɛno ne nimdeɛ mfitiaseɛ.+
Nkwaseafoɔ nko ara na wɔmfa nyansa ne ntenesoɔ nyɛ hwee.+
10 Me ba, sɛ abɔnefoɔ pɛ sɛ wɔdaadaa wo a, mpene.+
11 Wɔbɛka sɛ: “Bra ma yɛnkɔ.
Ma yɛnkɔhinta na yɛnhwie mogya ngu.
Yɛbɛtetɛ wɔn a wɔnyɛɛ hwee no, na yɛadi wɔn bɔne kwa.
15 Me ba, nni wɔn akyi.
Hwɛ yie na wo nan ankɔfa wɔn kwan so,+
16 Ɛfiri sɛ wɔn nan tu mmirika kɔdi bɔne;
Wɔde ahoɔherɛ kɔka mogya gu.+
17 Sɛ wode atena sum anomaa fidie ma no hunu a, ɛyɛ kwa.
20 Nyansa*+ team wɔ mmorɔno so.+
Ɛma ne nne so daa wɔ mmɔnten so.+
21 Ɛteam wɔ abɔnten kɛseɛ so.
Ɛka ne nsɛm wɔ kuro apono ano sɛ:+
22 “Agyimifoɔ, mobɛpɛ agyimisɛm akɔsi da bɛn?
Na mo, afɛdifoɔ, mo ani bɛgye afɛdie ho akɔsi da bɛn?
Na mo, nkwaseafoɔ, mobɛkyiri nimdeɛ akɔsi da bɛn?+
23 Sɛ mekasa kyerɛ mo a, montie na monsesa mo akwan.+
Moyɛ saa a, mɛhwie me honhom ama mo,
Na mama moahunu me nsɛm.+
25 Moamfa m’afotuo biara anyɛ hwee,
Na berɛ a mekasa kyerɛɛ mo no, moantie.
26 Ɛno nti me nso, sɛ mohunu amane a mɛsere mo,
Na deɛ mosuro ba mo so a, mɛdi mo ho fɛ,+
27 Sɛ deɛ mosuro ba mo so sɛ ahum,
Na mo amanehunu ba sɛ mframa a ano yɛ den,
Na ɔhaw ne abɛbrɛsɛ ba mo so a, mɛdi mo ho fɛ.
28 Saa berɛ no wɔbɛkɔ so afrɛ me, nanso merennye so;
Wɔbɛhwehwɛ me dendeenden, nanso wɔrenhu me,+
Na wɔampɛ sɛ wɔsuro Yehowa.+
30 Wɔantie m’afotuo,
Na me kasakyerɛ nso, wɔamfa emu biara anyɛ hwee.
32 Na agyimifoɔ atuateɛ bɛku wɔn,
Na nkwaseafoɔ akokoɔduro bɔne bɛsɛe wɔn.
33 Deɛ ɔtie me no deɛ, ɔbɛtena hɔ komm,+
Na ne ho adwo no a ɔnsuro mmusuo.”+