Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ Hosea Nwoma No Mu Nsɛntitire HOSEA EMU NSƐNTITIRE 1 Hosea yere ne mma a ne yere no woo wɔn (1-9) Yesreel (4), Lo-Ruhama (6), ne Lo-Ami (9) Wɔbɛfiri asaase no so aba na wɔaka abom ayɛ baako (10, 11) 2 Israelfoɔ firii Onyankopɔn akyi; ɔtwee wɔn aso (1-13) Yehowa bɛsan abɛyɛ wɔn kunu (14-23) “Wobɛfrɛ me ‘Me kunu’” (16) 3 Hosea san kɔgyee ne yere a ɔsɛee awareɛ no (1-3) Israel bɛsan aba Yehowa nkyɛn (4, 5) 4 Yehowa ne Israelfoɔ anya asɛm (1-8) Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asaase no so (1) Israel abosonsom ne n’adwamammɔ (9-19) Adwaman honhom ama wɔayera (12) 5 Wɔbɛbu Efraim ne Yuda atɛn (1-15) 6 Mommra mma yɛnsan nkɔ Yehowa nkyɛn (1-3) Ɔdɔ a ɛnni hwammɔ a ɔman no wɔ no, ankyɛ (4-6) Ɔdɔ a ɛnni hwammɔ yɛ sene afɔrebɔ (6) Ɔman no yɛɛ nneɛma a ɛyɛ aniwu (7-11) 7 Efraim amumuyɛ (1-16) Wɔrentumi nnwane Onyankopɔn atena (12) 8 Wɔtwaa wɔn abosonsom so aba (1-14) Wɔduaa mframa, na wɔtwaa ahum (7) Israel werɛ fii ne Yɛfoɔ (14) 9 Efraim bɔne nti Onyankopɔn poo no (1-17) Wɔhyiraa wɔn ho so maa aniwudeɛ nyame no (10) 10 Israel yɛ bobe a ɛresɛe; wɔbɛsɛe no (1-15) Wɔduae na wɔtwae (12, 13) 11 Berɛ a Israel yɛ abarimaa koraa na Onyankopɔn dɔɔ no (1-12) “Egypt na mefrɛɛ me ba firiiɛ” (1) 12 Ɛsɛ sɛ Efraim san ba Yehowa nkyɛn (1-14) Yakob ne Onyankopɔn peree so (3) Yakob su hwehwɛɛ Onyankopɔn nhyira (4) 13 Ɔwaresɛefoɔ Efraim werɛ fii Yehowa (1-16) “Owuo, adeɛ a wode wowɔ no wɔ he?” (14) 14 Wɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra Yehowa nkyɛn (1-3) Yɛde yɛn ano bɛyi wo ayɛ (2) Mɛsa Israel yareɛ, na ɔremfiri m’akyi bio (4-9)