Hosea
1 Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Beeri ba Hosea* nie. Ɔka kyerɛɛ no wɔ Yuda ahemfo+ Usia+ ne Yotam+ ne Ahas+ ne Hesekia+ ne Israel hene Yeroboam+ a ɔyɛ Yoas ba+ no berɛ so. 2 Berɛ a Yehowa firii aseɛ kasa faa Hosea so no, Yehowa ka kyerɛɛ Hosea sɛ: “Kɔ na kɔware ɔbaa dwamanfoɔ.* Wobɛnya adwaman mma, ɛfiri sɛ adwamammɔ nti, asaase no atwe ne ho afiri Yehowa ho koraa.”+
3 Enti ɔkɔwaree Diblaim babaa Gomer, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima maa no.
4 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Hosea sɛ: “To ne din Yesreel,* ɛfiri sɛ aka kakraa bi, mɛma Yehu fie abu Yesreel mogyahwieguo ho akonta,+ na mama Israel fie ahennie to atwa.+ 5 Saa da no, mɛbubu Israel agyan mu wɔ Yesreel Bɔn mu.”*
6 Na ɔsan nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabaa. Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Hosea sɛ: “To ne din Lo-Ruhama,* ɛfiri sɛ merenhu Israel fie mmɔbɔ bio,+ na deɛ ɛbɛyɛ biara, mɛpamo wɔn.+ 7 Nanso mɛhu Yuda fie mmɔbɔ,+ na me, Yehowa wɔn Nyankopɔn, mɛgye wɔn.+ Ɛnyɛ agyan anaa sekan anaa ɛko anaa apɔnkɔ anaa mmarima a wɔtete apɔnkɔ so na mede bɛgye wɔn.”+
8 Berɛ a Gomer twaa Lo-Ruhama nufoɔ no, ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima. 9 Na Onyankopɔn kaa sɛ: “To ne din Lo-Ami,* ɛfiri sɛ ɛnyɛ me man ne mo, na menyɛ mo Nyankopɔn.
10 “Na Israelfoɔ* bɛdɔɔso te sɛ mpoano anwea a ɛnni ano a wɔntumi nkan.+ Na baabi a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ɛnyɛ me man ne mo’ no,+ ɛhɔ ara na wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Onyankopɔn teasefoɔ no mma.’+ 11 Na wɔbɛka Yudafoɔ ne Israelfoɔ abom ayɛ wɔn baako,+ na wɔbɛyi baako adi wɔn anim na wɔafiri asaase no so aba.* Na Yesreel da no bɛyɛ da kɛseɛ.+