1 Onyankopɔn Din a Ɛpue Hebri Twerɛnsɛm no ne Kristofoɔ Hela Twerɛnsɛm no Mu
“Yehowa.” Hebri, יהוה (YHWH anaa JHVH)
Onyankopɔn din “Yehowa” (Heb., יהוה, YHWH), no pue deɛ ɛdi kan koraa wɔ Ge 2:4. Onyankopɔn din no yɛ adeyɛ asɛm, deɛ ɛma biribi ba, adeyɛ asɛm a ɛmmaa awieeɛ a ɛfiri Hebri adeyɛ asɛm הוה (ha·wahʹ, “ɛba”) no mu. Enti Onyankopɔn din no kyerɛ “Deɛ Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Yei da no adi sɛ Yehowa ne Obi a ɔyɛ adeɛ ma ne bɔhyɛ ba mu, Deɛ ɔma n’atirimpɔ ba mu berɛ nyinaa.
Ɛnkyerɛ obuo koraa sɛ nnɛyi nsɛm asekyerɛfoɔ ayi Twerɛ Kronkron no twerɛfoɔ, Onyankopɔn, din afiri mu anaasɛ wɔakata soɔ. Ne din no pue mprɛ 6,828 wɔ Hebri Twerɛnsɛm no mu sɛ יהוה (YHWH anaa JHVH), na wɔtaa frɛ no Tetragrammaton (kyerɛ sɛ “ntwerɛdeɛ nnan”). Enti yɛamfa abodin te sɛ “Owura,” “Awurade,” “Adonai” anaa “Onyankopɔn” ansi Onyankopɔn din, Tetragrammaton, no ananmu, mmom yɛde edin “Yehowa,” no ayɛ adwuma sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ kasa a wɔde twerɛɛ tete deɛ no mu no.
Edin “Yehowa” no pue mprɛ 6,973 wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no Hebri Twerɛnsɛm mu. Tetragrammaton no pue wɔ Hebri Twerɛnsɛm no mu mprɛ 6,828, na emu mmiɛnsa deɛ, wɔaka ɛne din foforɔ abom (Ge 22:14; Ex 17:15; Ate 6:24) na ɛpue mprɛ nsia wɔ Dwom nwoma no atifi nsɛm mu (7; 18 [mprɛ 3]; 36; 102). Yɛakyerɛ Tetragrammaton no ase sɛ “Yehowa,” mprɛ 6,828 no nyinaa, gye Ate 19:18, faako a wɔde edin nsiananmu “me” asi Onyankopɔn din ananmu no. Na yɛahwɛ Septuagint no so de Tetragrammaton no ahyɛ De 30:16; 2Sa 15:20 ne 2Be 3:1. Afei nso yɛasan de Onyankopɔn din no ahyɛ Yes 34:16 ne Sak 6:8, ɛfiri sɛ “Yehowa” na ɛsɛ sɛ ɛba hɔ na ɛnyɛ edin nsiananmu “me.” Yɛasan de aba baabi a ɛsɛ wɔ mmeaeɛ 141 a Sopherim de ʼAdho·naiʹ anaa ʼElo·himʹ asi Onyankopɔn din ananmu no.
Deɛ ɛbɛyɛ a ɛnkɔyɛ sɛ yɛn nkyerɛaseɛ no de nneɛma rekeka ho no, sɛ yɛde Onyankopɔn din rehyɛ Kristofoɔ Hela Twerɛnsɛm no mu a, yɛhwɛ yie paa, na berɛ nyinaa yɛde toto Hebri Twerɛnsɛm no ho hwɛ ansa. Yɛde Kristofoɔ Hela Twerɛnsɛm a ɛwɔ Hebri kasa mu no toto ho hwɛ hunu sɛ ɛne no hyia.
Wɔde Tetragrammaton a ɛwɔ Hebri ntwerɛdeɛ mu (יהוה) no yɛɛ adwuma wɔ Hebri Twerɛnsɛm ne Hela Septuagint no mu. Enti sɛ ɛba sɛ Yesu ne n’asuafoɔ no rekenkan Twerɛnsɛm no wɔ Hebri anaa Hela mu a, na wɔbɛhunu Onyankopɔn din no wom. Berɛ a Yesu sɔre gyee Yesaia nwoma wɔ Nasaret hyiadan mu kenkan ti 61:1, 2 no, ɔbɔɔ Onyankopɔn din wɔ faako a Tetragrammaton no wɔ no. Ɛyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ na wasi ne bo sɛ ɔbɛma nnipa ahunu Yehowa din sɛdeɛ yɛhunu wɔ mpaeɛ a ɔbɔɔ n’Agya yi mu no: “Mada wo din adi akyerɛ nnipa a woyii wɔn firii wiase maa me no . . . Mama wɔahunu wo din na mɛma wɔahunu.”—Yoh 17:6, 26.
Yɛde Onyankopɔn din no adi dwuma mprɛ 237 wɔ yɛn Kristofoɔ Hela Twerɛnsɛm no mu. Na yɛahunu sɛ mprɛ 237 a yɛde ahyehyɛ deɛ ɛhyɛ yi mu biara ne Hebri nkyerɛaseɛ pii hyia.