2 “Gehenna”—Wɔde Gyina Hɔ Ma Ɔsɛeɛ Pasaa
Hebri, גי הנם (geh hin·nomʹ, “Hinom bɔn”); Hela, γέεννα (geʹen·na); Latin, ge·henʹna
“Gehenna” yɛ Hela asɛmfua ma Hebri asɛm geh hin·nomʹ, na ɛkyerɛ “Hinom bɔn.” Asɛm “Hinom bɔn” pue wɔ Yosua 18:16 na Hela Septuagint no yɛ no “Gehenna.” Ɛpue mprɛ 12 wɔ Kristofoɔ Hela Twerɛnsɛm no mu, na deɛ ɛdi kan no wɔ Mt 5:22. Baabiara a ɛpue no, Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no yɛ no “Gehenna,” na yɛhu yei wɔ Mt 5:22, 29, 30; 10:28; 18:9; 23:15, 33; Mr 9:43, 45, 47; Lu 12:5; Yak 3:6.
Hinom bɔn no bɛyɛɛ sumina ne baabi a wɔhye nneɛma fĩ a wɔde firi Yerusalem ba hɔ no. Ná wɔto mmoa afunu gu egya no mu, na deɛ ɛbɛyɛ na atumi ahye yie no, na wɔde sɔfe gu egya no mu. Afei nso na wɔto nsɛmmɔnedifoɔ a wɔaku wɔn a wɔsusu sɛ wɔmfata sɛ wɔsie wɔn yie wɔ aboda mu no afunu gu hɔ. Sɛ afunu a ɛte saa kɔgu egya no mu a, ɛhye koraa, nanso sɛ ɛkɔgu ɔbotan bi so wɔ ɛbɔn donkodonko no mu a, ɛdɔre mmoaa, na ansa na mmoaa no bɛwuwuo no, na wɔadi nam no nyinaa ama no aka nnompe no nko ara.
Wɔamfa mmoa anaa nnipa biara ankɔ Gehenna sɛ wɔnhye wɔn animono anaa wɔnyɛ wɔn ayayadeɛ. Enti ɛrentumi nkyerɛ beaɛ a aniwa nhunu a wɔyɛ nnipa akra ayayadeɛ daa wɔ egya paa mu anaa beaɛ a akra no dɔre mmoaa a wɔnwuwu da. Sɛ wɔsie obi ɔboda mu a, na ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɔbɛnya owusɔreɛ.Ɛsiane sɛ na wɔnsie awufoɔ a wɔde wɔn kɔgu Gehenna no wɔ aboda mu nti, Yesu ne n’asuafoɔ no de yɛɛ sɛnkyerɛnne de gyinaa hɔ maa daa ɔsɛeɛ, sɛe a wɔbɛsɛe obi koraa wɔ Onyankopɔn abɔdeɛ mu, anaa “owuprenu,” daa asotwe.