Luka
12 Afei, berɛ a nnipakuo mpempem pii no aboaboa wɔn ho ano a wɔretiatia wɔn ho wɔn ho no, ɔdii kan ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Monhwɛ yie wɔ Farisifoɔ mmɔreka+ a ɛyɛ nyaatwom no ho.+ 2 Na biribiara nni hɔ a wɔakata so a ɛrenna adie, anaa ahunta a wɔrenhunu.+ 3 Enti biribiara a moka no sum mu no wɔbɛte no hann mu, na deɛ moka gu asomu wɔ mpia mu no wɔbɛpae mu aka no adan atifi.+ 4 Bio nso, me nnamfonom,+ mese mo sɛ, monnsuro wɔn a wɔkum nipadua na ɛno akyi no wɔntumi nyɛ hwee bio no.+ 5 Na mmom mɛkyerɛ mo deɛ monsuro no: Monsuro deɛ+ ɔkum wie a ɔwɔ tumi sɛ ɔbɛto ato Gehenna.+ Aane, mese mo sɛ, Oyi na monsuro+ no. 6 Wɔtɔn nkasanoma nnum gye nkaprɛ mma mmienu,* ɛnyɛ saa? Nanso wɔn mu baako mpo nni hɔ a Onyankopɔn werɛ firi no.+ 7 Na mo tiri nwi+ mpo wɔakan ne nyinaa. Monnsuro; mosom bo sene nkasanoma bebree.+
8 “Enti, mese mo sɛ, obiara a ɔbɔ+ me din nnipa anim no, onipa Ba no nso bɛbɔ ne din Onyankopɔn abɔfoɔ anim.+ 9 Na deɛ ɔpa+ me nnipa anim no, mɛpa no Onyankopɔn abɔfoɔ anim.+ 10 Na obiara a ɔbɛka asɛm bi atia onipa Ba no, wɔde bɛfiri no; na deɛ ɔbɛka abususɛm atia honhom kronkron no deɛ, wɔremfa mfiri no.+ 11 Na sɛ wɔde mo kɔ badwafoɔ ne amrado ne atumfoɔ anim a, monnnwennwene sɛdeɛ mobɛyi mo ho ano anaa deɛ mobɛka ho;+ 12 na dɔn no ara mu honhom kronkron+ bɛkyerɛ mo nneɛma a ɛsɛ sɛ moka.”+
13 Ɛnna obi firi nnipakuo no mu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ka kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ awunnyadeɛ no.” 14 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Onipa, hwan na ɔde me sii mo so ɔtemmufoɔ+ anaa ɔdekyɛfoɔ?” 15 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ yie wɔ anibereɛ+ biara ho, ɛfiri sɛ sɛ onipa nya ma no bu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fire.”+ 16 Ɛno nti ɔkaa mfatoho bi kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔdefoɔ bi asase soo aba pii. 17 Enti ɔsusuu ne mu sɛ, ‘Ɛdeɛn na menyɛ, seesei a menni baabiara a mɛboaboa me nnɔbaeɛ ano aguo yi?’ 18 Enti ɔkaa sɛ, ‘Deɛ mɛyɛ nie:+ Mɛdwiri m’asan agu na masisi akɛseɛ, na ɛhɔ na mɛboaboa m’ayuo ne me nneɛma pa nyinaa ano aguo;+ 19 na mɛka+ akyerɛ me kra sɛ: “Ɔkra, wowɔ nneɛma pa pii a woaboa ano ama mfeɛ pii, dwodwo wo ho, didi, nom, gye w’ani.”’+ 20 Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo a wonni adwene, anadwo yi wɔregye wo kra afiri wo nsam.+ Afei, hwan na nneɛma a wode asie no bɛyɛ ne dea?’+ 21 Saa ara na onipa a ɔhyehyɛ ademudeɛ fa nanso ɔnyɛ ɔdefoɔ Onyankopɔn fam no teɛ.”+
22 Afei ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Yei nti, mese mo sɛ, monnnwennwene* mo kra ho wɔ deɛ mobɛdie ho anaa mo nipadua ho wɔ deɛ mobɛhyɛ ho.+ 23 Ɛfiri sɛ ɔkra no som bo pii sene aduane na nipadua no sene atadeɛ. 24 Monhwɛ sɛ nkwaakwaadabi+ ngu aba na wɔntwa, na wɔnni adekoradan anaa asan, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduane. Mprɛ ahe ara na monsom bo nsene nnomaa?+ 25 Mo mu hwan na ɔdwendwene a ɔbɛtumi de basafa baako ato ne nkwa soɔ?+ 26 Enti sɛ montumi nyɛ nneɛma nketewa a, adɛn nti na modwendwene+ nneɛma a aka no ho? 27 Monhwɛ sɛdeɛ sukooko nyini;+ ɛnyɛ adwuma na ɛnto asaawa; nanso mese mo sɛ, Solomon animuonyam nyinaa mu mpo no, wanhyehyɛ ne ho sɛ yeinom mu baako.+ 28 Enti sɛ Onyankopɔn fira wuram afifideɛ a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu fononoo mu no ntoma saa a, mprɛ ahe ara na ɔremfira mo mmom ntoma, mo a mo gyidie sua!+ 29 Enti, monnhwehwɛ* deɛ mobɛdie ne deɛ mobɛnom, na monnnwennwene nnha mo ho;+ 30 ɛfiri sɛ yeinom nyinaa ne nneɛma a aman a ɛwɔ wiase no di akyire dendeenden, na mo Agya nim sɛ mohia saa nneɛma yi.+ 31 Mmom monkɔ so nhwehwɛ n’ahennie, na wɔde saa nneɛma yi bɛka mo ho.+
32 “Monnsuro,+ nnwankuo ketewa,+ ɛfiri sɛ mo Agya no apene so sɛ ɔde ahennie no bɛma mo.+ 33 Montɔn+ nneɛma a mowɔ na monyɛ adɔeɛ.+ Monyɛ sika nkotokuo a ɛnsɛe mfa, ademudeɛ a ɛnsa da wɔ soro,+ baabi a korɔmfoɔ mmɛn ho na nweweboaa nsɛe no. 34 Ɛfiri sɛ baabi a mo ademudeɛ wɔ no, ɛhɔ na mo akoma nso wɔ.+
35 “Momfa adeɛ mmɔ mo asene+ na momma mo nkanea+ nnɛre, 36 na monyɛ mo ho sɛ mmarima a wɔretwɛn wɔn wura+ sɛ ɔbɛfiri awaregyeɛ+ ase aba, na sɛ ɔbɛduru na ɔbom+ a, wɔabue no ntɛm ara. 37 Anigyeɛ ne nkoa a wɔn wura no bɛba abɛhunu wɔn sɛ wɔrewɛn!+ Nokorɛm mese mo sɛ, ɔde adeɛ bɛbɔ ne mu+ na wama wɔatenatena didipono ho na waba abɛsom wɔn.+ 38 Na sɛ ɔbɛduru adesaeɛ,* sɛ mpo dasuom,* na ɔbɛhunu wɔn saa a, anigyeɛ ne wɔn!+ 39 Nanso monhunu yei sɛ, sɛ efiewura nim dɔn a korɔmfoɔ bɛba a, anka ɔbɛwɛn na wammɛbu amma ne fie.+ 40 Mo nso monsiesie mo ho, ɛfiri sɛ dɔn a monsusu saa mu na onipa Ba no reba.”+
41 Ɛnna Petro kaa sɛ: “Awurade, wode mfatoho yi rema yɛn anaa wɔn nyinaa nso?” 42 Na Awurade kaa sɛ: “Hwan koraa ne efiehwɛfoɔ nokwafoɔ no,+ ɔbadwemma+ a ne wura de no bɛsi n’asomfoɔ kuo so sɛ ɔmma wɔn aduane a wɔhia ɛberɛ a ɛsɛ mu?+ 43 Anigyeɛ ne saa akoa no, sɛ ne wura bɛba abɛhu no sɛ ɔreyɛ saa!+ 44 Nokorɛm mese mo sɛ, ɔde no bɛsi deɛ ɔwɔ nyinaa so.+ 45 Nanso sɛ ɛkɔba sɛ akoa no ka no n’akoma mu sɛ, ‘Me wura akyɛre ba,’+ na ɔfiri aseɛ boro nkoa ne mfenaa no, na ɔdidi nom nsã na ɔbo a,+ 46 saa akoa no wura bɛba ɛda a ɔnhwɛ no kwan ne dɔn a ɔnnim mu,+ na ɔbɛtwe n’aso dendeenden na wama no kyɛfa wɔ wɔn a wɔnnye nnie mu.+ 47 Enti akoa no a ɔnim deɛ ne wura pɛ nanso wansiesie ne ho anaa wanyɛ sɛdeɛ ɔpɛ no, wɔbɛhwe no pii.+ 48 Nanso deɛ ɔnnim+ a ɔyɛɛ nneɛma a ɛsɛ ɛhweɛ no wɔbɛhwe no kakraa bi.+ Nokorɛm no, obiara a wɔmaa no pii no wɔbɛbisa+ pii afiri ne hɔ, na deɛ nkurɔfoɔ de pii hyɛɛ ne nsa no wɔbɛhwehwɛ deɛ ɛboro soɔ afiri ne nkyɛn.+
49 “Meba bɛsɔɔ gya+ wɔ asase so, na sɛ asɔ dada a, ɛdeɛn bio na ɛwɔ hɔ a mepɛ? 50 Nokorɛm no, mewɔ asubɔ bi da m’anim, na hwɛ sɛdeɛ me ho yera me kɔsi sɛ wɔbɛwie!+ 51 Mosusu sɛ mebaa sɛ mede asomdwoeɛ reba asase so? Dabida, meka no nokorɛm kyerɛ mo, ɛyɛ mpaepaemu mmom.+ 52 Na ɛfiri sɛsɛɛ rekorɔ no mpaepaemu bɛba nnipa nnum ntam wɔ fie baako mu; mmiɛnsa bɛsɔre atia mmienu, na mmienu asɔre atia mmiɛnsa.+ 53 Wɔn mu bɛpaepae, papa bɛsɔre atia ne ba na ɔba asɔre atia ne papa, maame bɛsɔre atia ne babaa na ɔbabaa asɔre atia ne maame, asebaa bɛsɔre atia n’ase, na asew asɔre atia n’asebaa.+
54 Afei ɔtoaa so ka kyerɛɛ nnipakuo no nso sɛ: “Sɛ mohunu sɛ mununkum apue atɔeɛ fam a, moka ntɛm ara sɛ, ‘Ahum reba,’ na ɛba saa.+ 55 Na sɛ mohunu sɛ anafoɔ fam mframa rebɔ a, moka sɛ, ‘Ahuhuro bɛba,’ na ɛba mu. 56 Nyaatwomfoɔ, monim sɛdeɛ wɔhwehwɛ asase ne ewiem sɛnkyerɛnne mu, na adɛn nti na monnim sɛdeɛ wɔhwehwɛ saa mmerɛ yi mu?+ 57 Adɛn nti na mo ara mommu deɛ ɛtene ho atɛn nso?+ 58 Sɛ nhwɛsoɔ no, sɛ wo ne wo nkurobɔfoɔ rekɔdi asɛm wɔ otumfoɔ bi hɔ a, monam kwan so rekorɔ no, yere wo ho siesie wo ne no ntam, na wantwe wo ankɔ ɔtemmufoɔ anim, na ɔtemmufoɔ no amfa wo anhyɛ asɛnnibea sohwɛfoɔ nsa, na asɛnnibea sohwɛfoɔ no amfa wo ankɔto afiase.+ 59 Mese wo sɛ, woremfiri hɔ gye sɛ wotua sika ketewa koraa a aka akyire no ansa.”+