Mateo
18 Dɔn no mu na asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa sɛ: “Hwan na ɔyɛ kɛseɛ paa wɔ ɔsoro ahennie mu?”+ 2 Enti, ɔfrɛɛ abɔfra kumaa bi de no gyinaa wɔn mfimfini+ 3 na ɔkaa sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ, sɛ moannane anyɛ sɛ mmɔfra+ nkumaa a, morenhyɛn ɔsoro ahennie mu da.+ 4 Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase+ sɛ abɔfra kumaa yi ne deɛ ɔyɛ kɛseɛ ɔsoro ahennie no mu,+ 5 na obiara a ɔbɛgye abɔfra kumaa a ɔte sei me din mu no, na wagye me nso.+ 6 Nanso obiara a ɔbɛto nkumaa a wɔgye me die yi baako suntidua no, anka ɛyɛ ma no mmom sɛ wɔde oyuyammoɔ+ a afunumu tweɛ bɛsɛn ne kɔn mu de no akɔto po mfimfini.+
7 “Wiase nnue ɛsiane suntidua nti! Nokorɛm no, ɛtwa sɛ suntidua no ba,+ nanso onipa a ɛnam ne so a suntidua+ ba no nnue! 8 Enti sɛ wo nsa anaa wo nan to wo suntidua a, twa firi hɔ to twene;+ ɛyɛ ma wo sɛ wobɛdi dɛm anaa wobɛtɔ apakye de akɔ nkwa mu sene sɛ wɔbɛto wo ne wo nsa mmienu anaa wo nan mmienu nyinaa ato daa egya mu.+ 9 Afei nso, sɛ w’ani to wo suntidua a, tu firi hɔ na to twene; ɛyɛ sɛ wode ani baako bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ ani mmienu na wɔbɛto wo ato Gehenna gya mu.+ 10 Monhwɛ na moammu nkumaa yi baako animtia; meka kyerɛ mo sɛ wɔn abɔfoɔ+ a wɔwɔ soro no hunu m’Agya a ɔwɔ soro no anim daa.+ 11 ——
12 “Modwene ho sɛn? Sɛ obi wɔ nnwan ɔha na emu baako yera a,+ ɔrennya aduɔkron nkron no wɔ bepɔ so nkɔhwehwɛ deɛ wayera no anaa?+ 13 Na sɛ ɔhu no a, nokorɛm mese mo sɛ ɔdi ne ho ahurisie sene aduɔkron nkron a wɔnyeraeɛ no.+ 14 Saa ara nso na m’Agya a ɔwɔ soro no ani nnye ho sɛ nkumaa yi baako bɛyera.+
15 “Bio nso, sɛ wo nua yɛ bɔne bi a, kɔda ne mfomsoɔ adi kyerɛ no wo ne ɔno nko ara ntam.+ Sɛ ɔtie wo a, woanya wo nua.+ 16 Na sɛ wantie a, fa onipa baako anaa mmienu ka wo ho, na ama asɛm biara agyina adansefoɔ mmienu anaa mmiɛnsa anom asɛm so.+ 17 Sɛ wantie wɔn a, ka kyerɛ asafo no. Sɛ wantie asafo no nso a, bu no sɛ amanaman muni+ anaa togyeni.+
18 “Nokorɛm mese mo sɛ, biribiara a mobɛkyekyere no asase soɔ no yɛ deɛ wɔakyekyere no soro, na biribiara a mobɛsane no asase soɔ no yɛ deɛ wɔasane no soro.+ 19 Nokorɛm no, meka kyerɛ mo bio sɛ, sɛ mo mu nnipa mmienu pene so wɔ asase so sɛ wɔbɛbisa biribiara a ɛho hia a, m’Agya a ɔwɔ soro no bɛma wɔn nsa aka.+ 20 Na deɛ mmienu anaa mmiɛnsa ahyiam me din mu no,+ na mewɔ wɔn mfimfini.”+
21 Ɛnna Petro bɛbisaa no sɛ: “Awurade, mprɛ ahe na sɛ me nua yɛ me bɔne a, ɛsɛ sɛ mede firi no?+ Ɛnkɔsi mprɛ nson anaa?”+ 22 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Meka kyerɛ wo sɛ, ɛnyɛ mprɛ nson, na mmom ɛnkɔsi mprɛ aduɔson nson.+
23 “Ɛno nti na ɔsoro ahennie te sɛ obi, ɔhene bi,+ a ɔpɛɛ sɛ ɔne ne nkoa bu nkonta+ no. 24 Berɛ a ɔfirii aseɛ sɛ ɔne wɔn rebu nkonta no, wɔde ɔbarima bi baeɛ a ɔde no ka dwetikɛseɛ mpem du [=denare 60,000,000]. 25 Nanso ɛsiane sɛ ɔnni deɛ ɔde bɛtua ka no nti, ne wura no hyɛɛ sɛ wɔntɔn ɔne ne yere ne ne mma ne deɛ ɔwɔ nyinaa mfa ntua ka no.+ 26 Enti akoa no kotoo n’anim firii aseɛ srɛɛ no sɛ, ‘Nya aboterɛ ma me na mɛtua ne nyinaa ama wo.’ 27 Asɛm no yɛɛ akoa no wura no mmɔbɔ na ɔgyaa no+ de ɛka a ɔdeɛ no kyɛɛ no.+ 28 Ɛnna saa akoa no firii adi kɔhunuu ne yɔnko akoa bi a ɔno nso de no ka denare+ ɔha, na ɔsɔɔ ne mu firii aseɛ miaa ne mene kaa sɛ, ‘Tua ɛka a wodeɛ nyinaa.’ 29 Enti ne yɔnko akoa no hwee fam na ɔfirii aseɛ srɛɛ no sɛ, ‘Nya aboterɛ+ ma me na mɛtua wo ka.’ 30 Nanso wampene, na mmom ɔkɔ de no kɔtoo afiase kɔsi sɛ ɔbɛtua ɛka a ɔde no. 31 Enti berɛ a ne mfɛfoɔ nkoa no hunuu deɛ asie no, wɔn werɛ hoo pii na wɔkɔkaa deɛ asie no nyinaa kyerɛɛ wɔn wura no.+ 32 Ɛnna ne wura no frɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Akoa bɔne, berɛ a wosrɛɛ me no mede ka no nyinaa kyɛɛ wo. 33 Ɛnsɛ sɛ anka wo nso wohunu wo yɔnko akoa mmɔbɔ+ sɛdeɛ mehunuu wo mmɔbɔ+ no?’ 34 Afei ne wura no a asɛm no ahyɛ no abufuo no+ de no hyɛɛ afiasehwɛfoɔ nsa, kɔsi sɛ ɔbɛtua ka biara a ɔdeɛ. 35 Saa ara+ na mo nso sɛ moamfiri mo akomam amfa amfiri mo nuanom a, me soro Agya ne mo bɛdie.”+