Bible Mu Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ
1. Adansedie
A. Ɛsɛ sɛ Kristofoɔ nyinaa di adanseɛ, wɔka asɛmpa no
Ɛsɛ sɛ wɔgye Yesu tom wɔ nnipa anim na wɔagye wɔn atom. Mt 10:32
Ɛsɛ sɛ wɔyɛ Asɛm no yɛfoɔ, da gyidie adi. Yak 1:22-24; 2:24
Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ foforɔ no nso yɛ akyerɛkyerɛfoɔ. Mt 28:19, 20
Badwam mpaemuka de ɔgyeɛ ba. Ro 10:10
B. Nsrahwɛ pii ho hia, ɛne adansedie a wɔnnyae
Ɛsɛ sɛ yɛde awieeɛ ho kɔkɔbɔ ma. Mt 24:14
Yeremia kaa Yerusalem awieeɛ ho asɛm mfeɛ pii. Yer 25:3
Te sɛ tete Kristofoɔ no, yɛrentumi nnyae. Aso 4:18-20; 5:28, 29
D. Ɛsɛ sɛ yɛdi adanseɛ na yɛanni mogya ho fɔ
Ɛsɛ sɛ yɛde awieeɛ a ɛrebɛn no ho kɔkɔbɔ ma. Hes 33:7; Mt 24:14
Yɛanyɛ saa a, yɛbɛdi mogya ho fɔ. Hes 33:8, 9; 3:18, 19
Paulo anni mogya ho fɔ; ɔkaa nokorɛ no pɛpɛɛpɛ. Aso 20:26, 27; 1Ko 9:16
Ɛgye deɛ ɔdi adanseɛ ne deɛ ɔtie nkwa. 1Ti 4:16; 1Ko 9:22
2. Adebɔ
A. Ɛne nyansahunu papa hyia, ɛbɔ adaneadanedie gu
Nyansahunu ne adebɔ ho twerɛtohɔ hyia. Ge 1:11, 12, 21, 24, 25
Onyankopɔn nnyinasosɛm a ɛkyerɛ sɛ abɔdeɛ gu ahodoɔ no yɛ nokorɛ. Ge 1:11, 12; Yak 3:12
B. Adebɔ nna nyɛ nnɔnhwere 24 paa
“Ɛda” bɛtumi akyerɛ berɛ tenten bi. Ge 2:4
Da koro wɔ Onyankopɔn ani so bɛtumi ayɛ berɛ tenten. Dw 90:4; 2Pe 3:8
3. Agyedeɛ
A. Yesu de ne nkwa yɛɛ ‘agyedeɛ maa nnipa nyinaa’
Yesu de ne nkwa maa sɛ agyedeɛ. Mt 20:28
Ne mogya a wɔhwie guiɛ no pata bɔne. Heb 9:14, 22
Afɔdeɛ baako pɛ a ɔbɔeɛ yɛ adwuma afebɔɔ. Ro 6:10; Heb 9:26
Ɛnyɛ obiara kɛkɛ na ɔnya so mfasoɔ; ɛsɛ sɛ yɛgye no tom. Yoh 3:16
B. Deɛ wɔde maeɛ no fata
Wɔbɔɔ Adam no na ɔyɛ pɛ. De 32:4; Ɔsɛ 7:29; Ge 1:31
Ɔnam bɔne so maa pɛyɛ bɔɔ ɔne ne mma. Ro 5:12, 18
Ne mma ntumi nyɛ ho hwee; ná ɛhia deɛ ɔte sɛ Adam pɛpɛɛpɛ. Dw 49:7; De 19:21
Wɔde Yesu dasani nkwa a ɛyɛ pɛ no yɛɛ agyedeɛ. 1Ti 2:5, 6; 1Pe 1:18, 19
4. Ahennie
A. Deɛ Onyankopɔn Ahennie bɛyɛ ama adasamma
Ɛbɛma Onyankopɔn pɛ ayɛ hɔ. Mt 6:9, 10; Dw 45:6; Adi 4:11
Ɛyɛ nnisoɔ a ɛwɔ ɔhene ne mmara. Yes 9:6, 7; 2:3; Dw 72:1, 8
Ɛbɛyi bɔne afiri hɔ na adi asase nyinaa so. Da 2:44; Dw 72:8
Mfeɛ 1,000 nnisoɔ no bɛsiesie adasamma, Paradise bɛsan aba. Adi 21:2-4; 20:6
B. Ɛfiri aseɛ di tumi berɛ a Kristo atamfo da so wɔ hɔ
Kristo wusɔreɛ akyi no, ɔtwɛn kyɛe. Dw 110:1; Heb 10:12, 13
Ɔnyaa tumi, na ɔko tiaa Satan. Dw 110:2; Adi 12:7-9; Lu 10:18
Afei wɔde Ahennie no sii hɔ, asase so haw dii akyire. Adi 12:10, 12
Seesei a ɔhaw wɔ hɔ yi na ɛsɛ sɛ yɛgyina Ahennie no afã. Adi 11:15-18
D. Ɛnni ‘akomam,’ ɛnyɛ nnipa na wɔde si hɔ
Ahennie no wɔ soro, ɛnyɛ asase so. 2Ti 4:18; 1Ko 15:50; Dw 11:4
Ɛnni ‘akomam’; Yesu ne Farisifoɔ no na na ɛrekasa. Lu 17:20, 21
Ɛnyɛ wiase yi fã. Yoh 18:36; Lu 4:5-8; Da 2:44
Ɛbɛsi nnisoɔ ne wiase ahennie ahodoɔ ananmu. Da 2:44
5. Ahoni
A. Ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu bɔ Onyankopɔn ahohora
Obiara ntumi nyɛ Onyankopɔn honi. 1Yo 4:12; Yes 40:18; 46:5; Aso 17:29
Wɔbɔ Kristofoɔ kɔkɔ wɔ ahoni ho. 1Ko 10:14; 1Yo 5:21
Ɛsɛ sɛ yɛsom Onyankopɔn wɔ honhom ne nokorɛ mu. Yoh 4:24
B. Ahonisom dii Israel man awu
Wɔbaraa Yudafoɔ ahonisom. Ex 20:4, 5
Wɔnte asɛm, wɔnkasa; wɔn a wɔyɛ no bɛyɛ sɛ wɔn ara. Dw 115:4-8
Ɛyɛɛ fidie maa wɔn, ɛde ɔsɛeɛ baeɛ. Dw 106:36, 40-42; Yer 22:8, 9
D. Ɛyɛ bɔne sɛ yɛbɛfa so asom
Onyankopɔn mma kwan sɛ yɛmfa biribi so nsom no. Yes 42:8
Onyankopɔn nko ara ne “Mpaebɔ tiefoɔ.” Dw 65:1, 2
6. Asase
A. Onyankopɔn atirimpɔ wɔ asase ho
Wɔyɛɛ paradise maa nnipa a wɔyɛ pɛ wɔ asase so. Ge 1:28; 2:8-15
Onyankopɔn atirimpɔ bɛba mu. Yes 55:11; 46:10, 11
Nnipa a wɔyɛ pɛ a wɔdɔ asomdwoeɛ bɛhyɛ asase so ma. Dw 72:7; Yes 45:18; 9:6,7
Ahennie no de paradise bɛsan aba. Mt 6:9, 10; Adi 21:3-5
B. Wɔrensɛe no na nnipa remfiri so da
Asase yi bɛtena hɔ daa. Ɔsɛ 1:4; Dw 104:5
Noa berɛ so no wɔsɛee nnipa, ɛnyɛ asase. 2Pe 3:5-7; Ge 7:23
Yei ma yɛnya anidasoɔ sɛ yɛn berɛ yi mu nso ebinom bɛkɔ so atena asase so. Mt 24:37-39
Wɔbɛsɛe abɔnefoɔ; “nnipakuo kɛseɛ” bɛnya nkwa. 2Te 1:6-9; Adi 7:9, 14
7. Asɔre
A. Asɔre no di honhom fam nneɛma ho dwuma, ɛgyina Kristo so
Onyankopɔn nte asɔredan a nnipa asie mu. Aso 17:24, 25; 7:48
Nokorɛ asɔre no yɛ honhom fam asɔredan a wɔde aboɔ a ɛte ase na asie. 1Pe 2:5, 6
Kristo ne ntwea so boɔ; asomafoɔ no ne nhyɛaseɛ a ɛdi soɔ. Efe 2:20
Ɛsɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn wɔ honhom ne nokorɛ mu. Yoh 4:24
B. Ɛnyɛ Petro so na wɔde asɔre no siiɛ
Yesu anka sɛ wɔhyehyɛɛ asɔre no sii Petro so. Mt 16:18
Yesu na wɔka ne ho asɛm sɛ “ɔbotan.” 1Ko 10:4
Petro kyerɛɛ sɛ Yesu ne nhyɛaseɛ no. 1Pe 2:4, 6-8; Aso 4:8-12
8. Asubɔ
A. Ɛyɛ Kristoni asɛdeɛ
Yesu yɛɛ nhwɛsoɔ. Mt 3:13-15; Heb 10:7
Ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ obi ahyira ne ho so anaa wapa ne ho akyi. Mt 16:24; 1Pe 3:21
Ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔanyini a wɔtumi kyerɛkyerɛ wɔn. Mt 28:19, 20; Aso 2:41
Ɔkwampa ne sɛ wɔde obi bɛnu nsuo mu. Aso 8:38, 39; Yoh 3:23
B. Ɛnhohoro bɔne
Wɔammɔ Yesu asu sɛ ɛnhohoro ne bɔne. 1Pe 2:22; 3:18
Yesu mogya na ɛhohoro bɔne. 1Yo 1:7
9. Atorɔ Adiyifoɔ
A. Wɔhyɛɛ atorɔ adiyifoɔ ho nkɔm; ná wɔwɔ hɔ asomafoɔ no berɛ so
Deɛ ɛma wɔhunu atorɔ adiyifoɔ. De 18:20-22; Lu 6:26
Wɔhyɛɛ wɔn ho nkɔm; wɔn aba na wɔde hu wɔn. Mt 24:23-26; 7:15-23
10. Awareɛ
A. Ɛsɛ sɛ awareɛ nya anidie
Wɔde toto Kristo ne n’ayeforɔ no ho. Efe 5:22, 23
Ɛnsɛ sɛ wɔgu awareɛ mpa ho fĩ. Heb 13:4
Wɔtu awarefoɔ fo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔtete mu. 1Ko 7:10-16
Por·neiʹa nko ara na Twerɛnsɛm ma kwan sɛ wɔgyina so gu awareɛ. Mt 19:9
B. Ɛsɛ sɛ Kristofoɔ de obuo ma tiyɛ nhyehyɛeɛ no
Ɛsɛ sɛ okunu a ɔyɛ ti no dɔ abusua no, na ɔdwene wɔn ho. Efe 5:23-31
Ɔyere brɛ ne ho ase ma ne kunu, ɔdɔ no, ɔtie no. 1Pe 3:1-7; Efe 5:22
Ɛsɛ sɛ mmɔfra yɛ ɔsetie. Efe 6:1-3; Kol 3:20
D. Awofoɔ a wɔyɛ Kristofoɔ asɛdeɛ wɔ wɔn mma ho
Ɛsɛ sɛ mokyerɛ sɛ modɔ wɔn, nya wɔn ho berɛ. Tit 2:4
Monnhyɛ wɔn ahometeɛ. Kol 3:21
Ma wɔn deɛ wɔhia; honhom mu nneɛma ka ho. 2Ko 12:14; 1Ti 5:8
Wɔtete wɔn ma ɛsi wɔn yie wɔ asetena mu. Efe 6:4; Mme 22:6, 15; 23:13, 14
E. Ɛsɛ sɛ Kristofoɔ ware Kristofoɔ nko ara
Ware “Awurade mu” nko ara. 1Ko 7:39; De 7:3, 4; Ne 13:26
Ɛ. Awaredodoɔ ne Twerɛnsɛm nhyia
Mfitiaseɛ no, na adwene no ne sɛ ɔbarima bɛnya ɔyere baako pɛ. Ge 2:18, 22-25
Yesu san de saa gyinapɛn no sii hɔ maa Kristofoɔ. Mt 19:3-9
Tete Kristofoɔ amfa wɔn ho anhyɛ awaredodoɔ mu. 1Ko 7:2, 12-16; Efe 5:28-31
11. Ayaresa, Kasa Hodoɔ
A. Honhom fam ayaresa so mfasoɔ tena hɔ daa
Honhom fam yareɛ yɛ hu. Yes 1:4-6; 6:10; Ho 4:6
Honhom fam ayaresa ne adwuma titire a ɛwɔ hɔ. Yoh 6:63; Lu 4:18
Ɛpepa bɔne; ɛma anigyeɛ ne nkwa. Yak 5:19, 20; Adi 7:14-17
B. Onyankopɔn Ahennie bɛyi honam mu nyarewa afiri hɔ koraa
Yesu saa nyarewa, kaa Ahennie no nhyira ho asɛm kyerɛeɛ. Mt 4:23
Wɔhyɛ bɔ sɛ Ahennie no bɛyi honam mu nyarewa afiri hɔ koraa. Mt 6:10; Yes 9:7
Wɔbɛyi owuo mpo afiri hɔ. 1Ko 15:25, 26; Adi 21:4; 20:14
D. Biribiara nkyerɛ sɛ Onyankopɔn pene ɛnnɛ gyidie ayaresa so
Asuafoɔ no ansa wɔn ho yareɛ anwanwakwan so. 2Ko 12:7-9; 1Ti 5:23
Anwanwadeɛ adom akyɛdeɛ baa awieeɛ asomafoɔ no nna no akyi. 1Ko 13:8-11
Sɛ obi tumi sa yareɛ a ɛnkyerɛ sɛ Onyankopɔn gye no tom. Mt 7:22, 23; 2Te 2:9-11
E. Kasa hodoɔ yɛ berɛ tiaa mu nhyehyɛeɛ bi
Na ɛyɛ sɛnkyerɛnne; ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ akyɛdeɛ a ɛkyɛn saa. 1Ko 14:22; 12:30, 31
Wɔhyɛɛ nkɔm sɛ honhom akyɛdeɛ no bɛtwam. 1Ko 13:8-10
Anwanwadeɛ a obi yɛ kɛkɛ no nkyerɛ sɛ Onyankopɔn gye no tom. Mt 7:22, 23; 24:24
12. Baasakorɔ
A. Onyankopɔn, Agya no, ɔyɛ baako, amansan pumpuni
Onyankopɔn nyɛ mmiɛnsa. De 6:4; Mal 2:10; Mr 10:18; Ro 3:29, 30
Wɔbɔɔ Ɔba no; berɛ bi na obiara nka Onyankopɔn ho. Adi 3:14; Kol 1:15; Yes 44:6
Onyankopɔn ne amansan hene berɛ nyinaa. Flp 2:5, 6; Da 4:35
Ɛnsɛ sɛ wɔde obiara toto Onyankopɔn ho. Flp 2:10, 11
B. Ansa na Ɔba no reba asase so ne ɛno akyi nyinaa no, na ɔnnuru Agya no
Ɔba no yɛɛ ɔsetie wɔ soro, Agya no na ɔsomaa no. Yoh 8:42; 12:49
Ɔyɛɛ ɔsetie wɔ asase so, Agya no yɛ kɛse sene no. Yoh 14:28; 5:19; Heb 5:8
Wɔama ne so ɔsoro, ɔda so hyɛ n’ase. Flp 2:9; 1Ko 15:28; Mt 20:23
Yehowa yɛ Kristo ti ne ne Nyankopɔn. 1Ko 11:3; Yoh 20:17; Adi 1:6
D. Onyankopɔn ne Kristo baakoyɛ
Wɔn adwene hyia berɛ nyinaa. Yoh 8:28, 29; 14:10
Wɔyɛ baako te sɛ okunu ne ɔyere. Yoh 10:30; Mt 19:4-6
Ɛsɛ sɛ agyidifoɔ nyinaa nya saa baakoyɛ no bi. Yoh 17:20-22; 1Ko 1:10
Yehowa som koro a ɛnam Kristo so bɛkɔ so daa. Yoh 4:23, 24
E. Onyankopɔn honhom kronkron yɛ n’adeyɛ tumi
Ɛyɛ tumi, ɛnyɛ onipa. Mt 3:16; Yoh 20:22; Aso 2:4, 17, 33
Ɛnyɛ obi a ɔka Onyankopɔn ne Kristo ho wɔ soro. Aso 7:55, 56; Adi 7:10
Onyankopɔn de di dwuma ma n’atirimpɔ ba mu. Dw 104:30; 1Ko 12:4-11
Onyankopɔn asomfoɔ nsa ka, ɛkyerɛ wɔn kwan. 1Ko 2:12, 13; Ga 5:16
13. Bible
A. Onyankopɔn Asɛm firi honhom mu
Onyankopɔn honhom na ɛkaa nnipa maa wɔtwerɛeɛ. 2Pe 1:20, 21
Nkɔmhyɛ wom: Da 8:5, 6, 20-22; Lu 21:5, 6, 20-22; Yes 45:1-4
Bible no nyinaa firi honhom mu na mfasoɔ wɔ so. 2Ti 3:16, 17; Ro 15:4
B. Ɛde akwankyerɛ pa ma yɛn nnɛ
Asiane wom sɛ yɛbɛpo Bible nnyinasosɛm. Ro 1:28-32
Wontumi mfa nnipa nyansa nsi ananmu. 1Ko 1:21, 25; 1Ti 6:20
Ɛbɔ yɛn ho ban firi ɔtamfo kɛseɛ no ho. Efe 6:11, 12, 17
Ɛma nnipa akwankyerɛ pa. Dw 119:105; 2Pe 1:19; Mme 3:5, 6
D. Wɔtwerɛ maa nnipa a wɔfiri aman ne mmusua nyinaa mu
Wɔfirii Bible no twerɛ ase wɔ Apueeɛ fam. Ex 17:14; 24:12, 16; 34:27
Onyankopɔn anyɛ amma aborɔfo nko ara. Ro 10:11-13; Ga 3:28
Onyankopɔn gye nnipa a wɔfiri mmaa nyinaa tom. Aso 10:34, 35; Ro 5:18; Adi 7:9, 10
14. Bɔne
A. Deɛ bɔne kyerɛ
Onyankopɔn mmara, ne gyinapɛn a ɛyɛ pɛ a wɔbu soɔ. 1Yo 3:4; 5:17
Onyankopɔn na ɔbɔɔ nnipa, enti ɛsɛ sɛ wɔbu akonta kyerɛ no. Ro 14:12; 2:12-15
Mmara no kyerɛɛ adeɛ a ɛyɛ bɔne maa nnipa hunuiɛ. Ga 3:19; Ro 3:20
Bɔne wɔ obiara ho, yɛntumi nni Nyankopɔn ahyɛdeɛ so pɛpɛɛpɛ. Ro 3:23; Dw 51:5
B. Deɛ enti a Adam bɔne no aka obiara
Adam de sintɔ ne owuo ama yɛn nyinaa. Ro 5:12, 18
Onyankopɔn mmɔborɔhunu nti na wantɔre adasamma ase. Dw 103:8, 10, 14, 17
Yesu afɔrebɔ no pata bɔne. 1Yo 2:2
Wɔbɛyi bɔne ne Ɔbonsam nnwuma a aka nyinaa afiri hɔ koraa. 1Yo 3:8
D. Aduaba a wɔbaraeɛ no fa asoɔden ho, ɛnyɛ ɔbarima ne ɔbaa nna
Ná dua no ho mmara wɔ hɔ ansa na wɔrebɔ Hawa. Ge 2:17, 18
Wɔka kyerɛɛ Adam ne Hawa sɛ wɔnwo mma. Ge 1:28
Abawoɔ mfiri bɔne mu, ɛyɛ Onyankopɔn nhyira. Dw 127:3-5
Hawa yɛɛ bɔne berɛ a ne kunu nni hɔ, ɔdii n’anim sii gyinaeɛ. Ge 3:6; 1Ti 2:11-14
Adam a ɔyɛ ti no buu Onyankopɔn mmara so. Ro 5:12, 19
E. Deɛ bɔne a ɛtia honhom kronkron kyerɛ (Mt 12:32; Mr 3:28, 29)
Ɛnyɛ bɔne a ɛfiri awoɔ mu. Ro 5:8, 12, 18; 1Yo 5:17
Obi tumi ho honhom no werɛ na ɔsakra. Efe 4:30; Yak 5:19, 20
Obi boapa tena bɔne mu a, ɛde no kɔ owuo mu. 1Yo 3:6-9
Onyankopɔn bu nnipa a wɔte saa atɛn, yi ne honhom firi wɔn so. Heb 6:4-8
Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mpaeɛ ma nnipa a wɔnnu wɔn ho saa no. 1Yo 5:16, 17
15. Gyidie Afrafra
A. Ɔsom afrafra nsɔ Onyankopɔn ani
Ɛkwan koro pɛ na ɛwɔ hɔ, ɛyɛ hihiaa, nnipa kakraa bi na wɔhunu. Efe 4:4-6; Mt 7:13, 14
Onyankopɔn bɔ yɛn kɔkɔ sɛ atorɔ nkyerɛkyerɛ sɛe gyidie. Mt 16:6, 12; Ga 5:9
Ɔhyɛ sɛ yɛntwe yɛn ho mfiri atorɔ som ho. 2Ti 3:5; 2Ko 6:14-17; Adi 18:4
B. Ɛnyɛ nokorɛ sɛ “ɔsom biara yɛ”
Ebinom bɔ mmɔden nanso ɛnyɛ Onyankopɔn kwan so. Ro 10:2, 3
Bɔne sɛe papa biara a ebia ɛwom. 1Ko 5:6; Mt 7:15-17
Atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ de nnipa kɔ ɔsɛeɛ mu. 2Pe 2:1; Mt 12:30; 15:14
Ɔsom a ɛho teɛ ne deɛ wɔde ma Onyankopɔn nko ara. De 6:5, 14, 15
16. Harmagedon
A. Onyankopɔn ko a ɛde nsɛmmɔne bɛba awieeɛ
Wɔboaboa amanaman ano kɔ Harmagedon. Adi 16:14, 16
Onyankopɔn nam ne Ba no ne abɔfoɔ so ko. 2Te 1:6-9; Adi 19:11-16
Deɛ ɛbɛma yɛanya yɛn ti adidi mu. Sef 2:2, 3; Adi 7:14
B. Ɛnkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni dɔ
Wiase aporɔ koraa. 2Ti 3:1-5
Onyankopɔn wɔ aboterɛ nanso atɛntenenee ma no yɛ biribi. 2Pe 3:9, 15; Lu 18:7, 8
Ɛsɛ sɛ abɔnefoɔ firi hɔ na ateneneefoɔ nya ahotɔ. Mme 21:18; Adi 11:18
17. Hell (Adamena)
A. Ɛnyɛ baabi paa a wɔde egya yɛ nkurɔfoɔ ayayadeɛ
Hiob rehunu amane no, ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ hɔ. Hio 14:13
Baabi a dwumadie biara nni hɔ. Dw 6:5; Ɔsɛ 9:10; Yes 38:18, 19
Wɔnyanee Yesu firii damena mu, hell. Aso 2:27, 31, 32; Dw 16:10
Hell bɛyi awufoɔ foforɔ ama, wɔbɛsɛe no. Adi 20:13, 14
B. Egya yɛ ɔsɛeɛ ho sɛnkyerɛnne
Egya yɛ ɔsɛeɛ pasaa ho sɛnkyerɛnne. Mt 25:41, 46; 13:30
Wɔbɛsɛe abɔnefoɔ a wɔnkyerɛ ahonu no korakora te sɛ deɛ wɔde egya ahye wɔn. Heb 10:26, 27
Satan egya “ayayadeɛ” no yɛ ɔsɛeɛ pasaa. Adi 20:10, 14, 15
D. Ɔdefoɔ ne Lasaro asɛm no nkyerɛ sɛ wɔyɛ nkurɔfoɔ ayayadeɛ daa
Sɛdeɛ Abraham kokom yɛ sɛnkyerɛnne kwan so adeɛ no, saa ara na egya no nso teɛ. Lu 16:22-24
Afei nso obi annya Abraham anim adom a, na ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ sum mu. Mt 8:11, 12
Wɔka Babilon sɛeɛ ho asɛm sɛ ayayadeɛ a wɔbɛyɛ no wɔ egya mu. Adi 18:8-10, 21
18. Homeda
A. Kristofoɔ nni Homeda mmara ase
Yesu wuo no maa wɔtwaa Mmara no mu. Efe 2:15
Kristofoɔ nni Homeda mmara ase. Kol 2:16, 17; Ro 14:5, 10
Wɔkaa ebinom anim sɛ wɔdii Homeda ne deɛ ɛkeka ho. Ga 4:9-11; Ro 10:2-4
Yɛnam gyidie ne ɔsetie so hyɛn Onyankopɔn home mu. Heb 4:9-11
B. Tete Israel nko ara na na wɔhwehwɛ sɛ wɔdi Homeda
Wɔfirii Egypt no akyi ansa na wɔredi Homeda a ɛdi kan. Ex 16:26, 27, 29, 30
Honam fam Israel nko ara na ɛyɛɛ sɛnkyerɛnne maa wɔn. Ex 31:16, 17; Dw 147:19, 20
Na afe afe Homeda nso wɔ Mmara no mu. Ex 23:10, 11; Le 25:3, 4
Homeda nyɛ adeɛ a ɛhia ma Kristofoɔ Ro 14:5, 10; Ga 4:9-11
D. Onyankopɔn Homeda (adebɔ “nna nson” no da a ɛtɔ so 7)
Ɛfirii aseɛ berɛ a ɔbɔɔ asase so nneɛma wieeɛ no. Ge 2:2, 3; Heb 4:3-5
Yesu baa asase so kɔeɛ mpo na ɛntwaam. Heb 4:6-8; Dw 95:7-9, 11
Kristofoɔ home firi wɔn ara wɔn nnwuma hunu ho. Heb 4:9, 10
Sɛ Ahennie no yɛ n’adwuma wɔ asase so wie a, na ɛbɛtwam. 1Ko 15:24, 28
19. Honhom, Ahonhonsɛmdie
A. Dekodeɛ a honhom kronkron yɛ
Onyankopɔn adeyɛ tumi, ɛnyɛ onipa. Aso 2:2, 3, 33; Yoh 14:17
Ɔde bɔɔ adeɛ, wɔde twerɛɛ Bible, de yɛɛ nneɛma foforɔ. Ge 1:2; Hes 11:5
Ɛwo wɔn a wɔwɔ Kristo nipadua mu no, ɛsra wɔn. Yoh 3:5-8; 2Ko 1:21, 22
Ɛhyɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ den, ɛkyerɛ wɔn kwan nnɛ. Ga 5:16, 18
B. Wɔfrɛ nkwa tumi no honhom
Ɛno na nkwa gyina soɔ, home na ɛma ɛtena hɔ. Yak 2:26; Hio 27:3
Tumi a ɛma nkwa tena hɔ no firi Onyankopɔn. Sak 12:1; Ɔsɛ 8:8
Onyankopɔn na ɔma nnipa ne mmoa nkwa ma wɔtumi keka wɔn ho. Ɔsɛ 3:19-21
Wɔde honhom no hyɛ Onyankopɔn nsa kɔsi owusɔreɛ mu. Lu 23:46
D. Ɛsɛ sɛ yɛkwati ahonhonsɛmdie ɛfiri sɛ ɛyɛ adaemone adwuma
Onyankopɔn Asɛm bara. Yes 8:19, 20; Le 19:31; 20:6, 27
Abosonkɔm yɛ adaemonesɛm; wɔkasa tia. Aso 16:16-18
Ɛkɔ ɔsɛeɛ mu. Ga 5:19-21; Adi 21:8; 22:15
Wɔbara nsoromma mu hwɛ. De 18:10-12; Yer 10:2
20. Kristo Sanba
A. Adasamma renhunu ne sanba no
Ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ wiase renhu no bio. Yoh 14:19
Asuafoɔ no nko ara na wɔhunuu sɛ ɔrekɔ soro; saa na ne sanba no bɛyɛ. Aso 1:6, 10, 11
Ɔwɔ soro, na ɔyɛ honhom a aniwa nhu no. 1Ti 6:14-16; Heb 1:3
Ɔsan ba wɔ ɔsoro Ahennie tumi mu. Da 7:13, 14
B. Nneɛma bi a yɛbɛhunu na ɛbɛkyerɛ sɛ waba
Asuafoɔ no bisaa no ne mmaeɛ no ho sɛnkyerɛnne. Mt 24:3
Kristofoɔ nam nteaseɛ so na ‘wɔhunu’ ne ba no. Efe 1:18
Nsɛm pii a ɛsisie no na ɛdi ne mmaeɛ no ho adanseɛ. Lu 21:10, 11
Atamfo “bɛhu” no berɛ a ɔsɛeɛ ba mpofirem no. Adi 1:7
21. Maria Som
A. Maria yɛ Yesu maame, ɔnyɛ “Onyankopɔn maame”
Onyankopɔn nni mfitiaseɛ. Dw 90:2; 1Ti 1:17
Ná Maria yɛ Onyankopɔn Ba no maame, berɛ a na ɔwɔ asase so no. Lu 1:35
B. Maria anyɛ “ɔbaabunu daa”
Ɔwaree Yosef. Mt 1:19, 20, 24, 25
Ɔwoo mma foforɔ kaa Yesu ho. Mt 13:55, 56; Lu 8:19-21
Ná yeinom nnya mmɛyɛɛ ne “honhom fam nuanom.” Yoh 7:3, 5
22. Mmeamudua
A. Wɔsɛn Yesu wɔ asɛndua so sɛ ahohoradeɛ
Wɔsɛn Yesu wɔ asɛndua so. Aso 5:30; 10:39; Ga 3:13
Ɛsɛ sɛ Kristofoɔ soa asɛndua sɛ ahohoradeɛ. Mt 10:38; Lu 9:23
B. Ɛnsɛ sɛ wɔsom
Yesu asɛndua a yɛde bɛdi dwuma no yɛ ahohorabɔ. Heb 6:6; Mt 27:41, 42
Mmeamudua a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu no yɛ abosonsom. Ex 20:4, 5; Yer 10:3-5
Yesu yɛ honhom, ɔnna so mfam dua ho. 1Ti 3:16; 1Pe 3:18
23. Mmerɛbuo
A. Amanaman Mmerɛ no baa awieeɛ 1914 (Y.B.)
Wɔtuu ahemfo abusua no guiɛ wɔ 607 A.Y.B. Hes 21:25-27
“Mmerɛ nson” bɛtwam ansa na wɔde ahennie no asi hɔ bio. Da 4:32, 16, 17
Nson yɛ 3 1⁄2 × 2, anaa nnafua 1,260 × 2. Adi 12:6, 14; 11:2, 3
Da koro yɛ afe. [Ɛyɛ mfeɛ 2,520] Hes 4:6; Nu 14:34
Ɛbɛkɔ so ara akɔsi sɛ wɔde Ahennie no bɛsi hɔ. Lu 21:24; Da 7:13, 14
24. Mogya
A. Mogya a wɔde ma kyerɛ sɛ wɔmmu mogya sɛ ɛyɛ kronkron
Wɔka kyerɛɛ Noa sɛ mogya yɛ kronkron, ɛyɛ nkwa. Ge 9:4, 16
Mmara apam no baraa mogyadie. Le 17:14; 7:26, 27
Wɔde ahyɛdeɛ korɔ no ara ama Kristofoɔ. Aso 15:28, 29; 21:25
B. Wɔde gye nkwa mpo a, ɛtia Onyankopɔn mmara
Ɔsetie yɛ sene afɔrebɔ. 1Sa 15:22; Mr 12:33
Ɛyɛ asiane sɛ obi bɛma ne nkwa ho ahia no asene Onyankopɔn mmara. Mr 8:35, 36
25. Mpaebɔ
A. Mpaebɔ a Onyankopɔn tie
Onyankopɔn tie nnipa mpaebɔ. Dw 145:18; 1Pe 3:12
Ɔntie abɔnefoɔ, gye sɛ wɔsakra wɔn akwan. Yes 1:15-17
Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpaeɛ wɔ Yesu din mu. Yoh 14:13, 14; 2Ko 1:20
Ɛsɛ sɛ yɛn mpaebɔ ne Onyankopɔn apɛdeɛ hyia. 1Yo 5:14, 15
Gyidie ho hia. Yak 1:6-8
B. Ɛntene sɛ yɛbɛtĩ nsɛm mu, yɛbɛbɔ Maria anaa “ahotefoɔ” mpaeɛ
Ɛsɛ sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpaeɛ wɔ Yesu din mu. Yoh 14:6, 14; 16:23, 24
Ɔrentie nsɛm a wɔtĩ mu ka daa. Mt 6:7
26. Nananom a Wɔawuwuo a Wɔsom Wɔn
A. Mfasoɔ biara nni so sɛ yɛbɛsom nananom a wɔawuwuo
Yɛn nananom a wɔawuwuo nnim hwee. Ɔsɛ 9:5, 10
Nananom a wɔdi kan mfata ɔsom. Ro 5:12, 14; 1Ti 2:14
Onyankopɔn bara ɔsom a ɛte saa. Ex 34:14; Mt 4:10
B. Yɛtumi di nnipa ni, nanso ɛsɛ sɛ yɛsom Onyankopɔn nko ara
Ɛsɛ sɛ mmɔfra di mpanimfoɔ ni. 1Ti 5:1, 2, 17; Efe 6:1-3
Nanso Onyankopɔn nko ara na ɛsɛ sɛ wɔsom no. Aso 10:25, 26; Adi 22:8, 9
27. Nkaedie, Mass
A. Awurade Anwummeduane Nkaedie
Wɔdi no baako pɛ Twam Afahyɛ da. Lu 22:1, 17-20; Ex 12:14
Wɔde kae Kristo afɔrebɔ wuo no. 1Ko 11:26; Mt 26:28
Wɔn a wɔwɔ ɔsoro anidasoɔ na wɔdi bie. Lu 22:29, 30; 12:32, 37
Sɛdeɛ obi hunu sɛ ɔwɔ saa anidasoɔ no bi. Ro 8:15-17
B. “Mass” ne Twerɛnsɛm nhyia
Mogya a wɔhwie guo ho hia ma bɔne fafirie. Heb 9:22
Kristo nko ara ne apam foforɔ no Ntamgyinafoɔ. 1Ti 2:5, 6; Yoh 14:6
Kristo wɔ soro; ɔsɔfoɔ ntumi mfa no mma asase so. Aso 3:20, 21
Ɛho nhia sɛ Kristo san bɔ afɔdeɛ bio. Heb 9:24-26; 10:11-14
28. Nkrabea
A. Wɔnhyehyɛɛ nnipa nkrabea ntoo hɔ
Onyankopɔn atirimpɔ ba mu. Yes 55:11; Ge 1:28
Wɔgyae ma obiara sɛ ɔpɛ a ɔnsom Onyankopɔn. Yoh 3:16; Flp 2:12
29. Nkwa
A. Daa nkwa wɔ hɔ ma adasamma asoɔmmerɛfoɔ
Onyankopɔn a ɔntumi nni atorɔ ahyɛ nkwa ho bɔ. Tit 1:2; Yoh 10:27, 28
Wɔn a wɔda gyidie adi no bɛnya daa nkwa. Yoh 11:25, 26
Wɔbɛyi owuo afiri hɔ. 1Ko 15:26; Adi 21:4; 20:14; Yes 25:8
B. Kristo nipadua mufoɔ nko ara na wɔbɛnya ɔsoro asetena
Onyankopɔn yii nnipa no sɛdeɛ ɔpɛ. Mt 20:23; 1Ko 12:18
Nnipa 144,000 pɛ na wɔfa wɔn firi asase soɔ. Adi 14:1, 4; 7:2-4; 5:9, 10
Yohane Suboni mpo renkɔ ɔsoro Ahennie no mu. Mt 11:11
D. “Nnwan foforɔ” a wɔn dodoɔ nni ano bɛtena asase so
Nnipakuo ketewaa bi bɛka Yesu ho wɔ soro. Adi 14:1, 4; 7:2-4
“Nnwan foforɔ” no nyɛ Kristo nuanom. Yoh 10:16; Mt 25:32, 40
Wɔreboaboa nnipa pii ano nnɛ ama asase so asetena. Adi 7:9, 15-17
Wɔbɛnyane afoforɔ aba nkwa mu wɔ asase so. Adi 20:12; 21:4
30. Nkwagyeɛ
A. Onyankopɔn nam Yesu ɔgyeɛ afɔdeɛ no so ma yɛn nkwagyeɛ
Nkwa yɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɛnam ne Ba no so. 1Yo 4:9, 14; Ro 6:23
Yesu afɔrebɔ nko ara so na wɔnam nya nkwagyeɛ. Aso 4:12
“Owupa so adwensakra” nni nnwuma biara. Yak 2:14, 26
Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho dendeenden na yɛn nsa aka. Lu 13:23, 24; 1Ti 4:10
B. Deɛ ebinom ka sɛ “wɔgye wo nnɛ a, na wɔagye wo koraa” ne Twerɛnsɛm nhyia
Wɔn a wɔnya honhom kronkron no tumi yɛ bɔne. Heb 6:4, 6; 1Ko 9:27
Wɔsɛee Israelfoɔ a wɔgyee wɔn firii Egypt no mu pii. Yuda 5
Nkwagyeɛ nyɛ mpofirem adeɛ bi. Flp 2:12; 3:12-14; Mt 10:22
Wɔn a wɔsan wɔn akyi no tebea sɛe sene wɔn kane deɛ no. 2Pe 2:20, 21
D. Adwene a ɛne sɛ “wɔbɛgye obiara nkwa” no ne Twerɛnsɛm nhyia
Ebinom ntumi nnya adwensakra. Heb 6:4-6
Onyankopɔn ani nnye ɔbɔnefoɔ wuo ho. Hes 33:11; 18:32
Nanso ɔdɔ ntumi mmoa bɔne. Heb 1:9
Wɔbɛsɛe abɔnefoɔ. Heb 10:26-29; Adi 20:7-15
31. Nna a Ɛdi Akyire
A. Deɛ “wiase awieeɛ” kyerɛ
Wiase nhyehyɛeɛ no awieeɛ. Mt 24:3; 2Pe 3:5-7; Mr 13:4
Ɛnyɛ asase no awieeɛ, na mmom abɔnefoɔ awieeɛ. 1Yo 2:17
Awieeɛ berɛ no ba ansa na ɔsɛeɛ no aba. Mt 24:14
Ateneneefoɔ nya wɔn tiri didi mu; wiase foforɔ ba. 2Pe 2:9; Adi 7:14-17
B. Ɛhia sɛ yɛwɛn na yɛahunu nna a ɛdi akyire ho nsɛnkyerɛnne no
Onyankopɔn de nsɛnkyerɛnne kyerɛ yɛn kwan. 2Ti 3:1-5; 1Te 5:1-4
Wiase nhunu aniberesɛm a ɛwom. 2Pe 3:3, 4, 7; Mt 24:39
Onyankopɔn nyɛ nyaa, na mmom ɔde kɔkɔbɔ ma. 2Pe 3:9
Yɛwɛn na yɛma ɛyɛ yɛn ahiasɛm a, yɛbɛnya akatua. Lu 21:34-36
32. Nnapɔnna, Awoda
A. Tete Kristofoɔ anni awoda anaa Buronya
Wɔn a wɔdiiɛ no nyɛ nokorɛ asomfoɔ. Ge 40:20; Mt 14:6
Yesu wuda na ɛsɛ sɛ yɛkae. Lu 22:19, 20; 1Ko 11:25, 26
Afahyɛ no mu nneɛma a wɔyɛ tra soɔ mfata. Ro 13:13; Ga 5:21; 1Pe 4:3
33. Nsɛmmɔnedie, Wiase Haw
A. Deɛ wiase haw firi no
Nnisoɔ bɔne na ɛde mmerɛ bɔne aba nnɛ. Mme 29:2; 28:28
Wiase sodifoɔ yɛ Onyankopɔn tamfo. 2Ko 4:4; 1Yo 5:19; Yoh 12:31
Amanehunu firi Ɔbonsam, ne berɛ yɛ tia. Adi 12:9, 12
Wɔbɛkyekyere Ɔbonsam, ɛde asomdwoeɛ kɛseɛ bɛba. Adi 20:1-3; 21:3, 4
B. Deɛ enti a wɔama nneɛma bɔne ho kwan
Ɔbonsam agye nokorɛ a Onyankopɔn abɔdeɛ di ma no no ho kyim. Hio 1:11, 12
Ɛma anokwafoɔ nya hokwan kyerɛ sɛ wɔgyina pintinn. Ro 9:17; Mme 27:11
Ama Ɔbonsam ayɛ ɔtorofoɔ, asɛm no bɛba awieeɛ. Yoh 12:31
Wɔde daa nkwa bɛtua anokwafoɔ ka. Ro 2:6, 7; Adi 21:3-5
D. Awieeɛ mmerɛ a ayɛ tenten no kyerɛ mmɔborɔhunu
Te sɛ Noa berɛ so no, kɔkɔbɔ gye berɛ. Mt 24:14, 37-39
Onyankopɔn nkyɛ, ɔhu mmɔbɔ. 2Pe 3:9; Yes 30:18
Bible boa yɛn na ammɛto yɛn mpofirem. Lu 21:36; 1Te 5:4
Hwehwɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ akyi kwan nnɛ na wɔnkora wo so. Yes 2:2-4; Sef 2:3
E. Nnipa ntumi nni wiase haw ho dwuma
Nnipa abɔ hu, wɔn ho yera wɔn. Lu 21:10, 11; 2Ti 3:1-5
Onyankopɔn Ahennie na ɛbɛdi ho dwuma, ɛnyɛ nnipa. Da 2:44; Mt 6:10
Siesie wo ne ɔhene no ntam nnɛ na woanya nkwa. Dw 2:9, 11, 12
34. Owuo
A. Deɛ ɛde owuo baeɛ
Onipa nyaa mfitiaseɛ a ɛyɛ pɛ, nkwa a ɛnni awieeɛ ho anidasoɔ. Ge 1:28, 31
Asoɔden de owuo afobuo baeɛ. Ge 2:16, 17; 3:17, 19
Bɔne ne owuo aba Adam mma nyinaa so. Ro 5:12
B. Awufoɔ tebea
Adam bɛyɛɛ ɔkra, wɔamma no ɔkra. Ge 2:7; 1Ko 15:45
Ɛyɛ onipa, ɔkra no, na ɛwuo. Hes 18:4; Yes 53:12; Hio 11:20
Awufoɔ nte hwee, wɔnnim hwee. Ɔsɛ 9:5, 10; Dw 146:3, 4
Awufoɔ adeda a wɔretwɛn owusɔreɛ. Yoh 11:11-14, 23-26; Aso 7:60
D. Obiara ntumi ne awufoɔ nkasa
Awufoɔ nyɛ ahonhom a wɔwɔ Onyankopɔn nkyɛn. Dw 115:17; Yes 38:18
Wɔbɔ yɛn kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne awufoɔ bɛkasa. Yes 8:19; Le 19:31
Adebisa ne asumansɛm yɛ akyiwadeɛ. De 18:10-12; Ga 5:19-21
35. Owusɔreɛ
A. Awufoɔ anidasoɔ
Wɔbɛnyane wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa. Yoh 5:28, 29
Yesu wusɔreɛ no yɛ adanseɛ. 1Ko 15:20-22; Aso 17:31
Wɔrennyane wɔn a wɔyɛ bɔne tia honhom no. Mt 12:31, 32
Wɔn a wɔda gyidie adi no bɛnya owusɔreɛ. Yoh 11:25
B. Ebinom nya owusɔreɛ kɔ soro, ebinom tena asase so
Obiara wu wɔ Adam mu; wɔbɛnya nkwa wɔ Yesu mu. 1Ko 15:20-22; Ro 5:19
Wɔn a wɔbɛnyane wɔn no nyinaa tebea nyɛ pɛ. 1Ko 15:40, 42, 44
Wɔn a wɔka Yesu ho no bɛyɛ sɛ ɔno. 1Ko 15:49; Flp 3:20, 21
Wɔn a wɔrenni hene no bɛtena asase so. Adi 20:4b, 5, 13; 21:3, 4
36. Ɔbonsam, Adaemone
A. Ɔbonsam yɛ honhom abɔdeɛ
Ɛnyɛ bɔne a ɛwɔ obi mu, na mmom honhom abɔdeɛ. 2Ti 2:26
Ɔbonsam yɛ obi paa te sɛ abɔfoɔ no. Mt 4:1, 11; Hio 1:6
Ɔnam akɔnnɔ bɔne so yɛɛ ne ho Ɔbonsam Yak 1:13-15
B. Ɔbonsam ne wiase sodifoɔ a aniwa nhu no
Ɔyɛ onyame a ɔdi wiase soɔ. 2Ko 4:4; 1Yo 5:19; Adi 12:9
Wama kwan sɛ ɔntena hɔ nkɔsi sɛ wɔbɛdi asɛmpɔ no ho dwuma. Ex 9:16; Yoh 12:31
Wɔbɛkye no asie, na wɔasɛe no. Adi 20:2, 3, 10
D. Adaemone yɛ abɔfoɔ a wɔate atua
Wɔkɔkaa Satan ho ansa na Nsuyire no reba. Ge 6:1, 2; 1Pe 3:19, 20
Wɔabrɛ wɔn ase, wɔaka wɔn ahyɛ sum mu. 2Pe 2:4; Yuda 6
Wɔko tia Onyankopɔn, wɔhyɛ adasamma so. Lu 8:27-29; Adi 16:13, 14
Wɔbɛsɛe wɔn aka Satan ho. Mt 25:41; Lu 8:31; Adi 20:2, 3, 10
37. Ɔkra
A. Dekodeɛ a ɔkra no yɛ
Onipa yɛ ɔkra. Ge 2:7; 1Ko 15:45; Yos 11:11; Aso 27:37
Wɔfrɛ mmoa nso akra. Nu 31:28; Adi 16:3; Le 24:18
Ɔkra wɔ mogya, ɔdidi, ɔtumi wu. Yer 2:34; Le 7:18; Hes 18:4
Onipa wɔ nkwa, na wɔka ne ho asɛm sɛ ɔwɔ ɔkra. Mr 8:36; Yoh 10:15
B. Nsonsonoeɛ a ɛda ɔkra ne honhom ntam
Onipa anaa aboa a ɔwɔ nkwa yɛ ɔkra. Yoh 10:15; Le 17:11
Wɔfrɛ nkwa tumi a ɛma akra keka wɔn ho no “honhom.” Dw 146:4; 104:29
Obi wu a, nkwa tumi no san kɔdi Onyankopɔn nsam. Ɔsɛ 12:7
Onyankopɔn nko ara na ɔtumi ma obi nkwa ma ɔkeka ne ho. Hes 37:12-14
38. Ɔsom
A. Nokorɛ som koro pɛ na ɛwɔ hɔ
Anidasoɔ baako, gyidie baako, asubɔ baako. Efe 4:5, 13
Wɔama wɔn ahyɛdeɛ sɛ wɔnyɛ asuafoɔ. Mt 28:19; Aso 8:12; 14:21
Wɔn aba na wɔde hu wɔn. Mt 7:19, 20; Lu 6:43, 44; Yoh 15:8
Ɔdɔ ne koroyɛ wɔ emufoɔ ntam. Yoh 13:35; 1Ko 1:10; 1Yo 4:20
B. Wɔkasa tia atorɔ nkyerɛkyerɛ
Yesu kasa tiaa atorɔ nkyerɛkyerɛ. Mt 23:15, 23, 24; 15:4-9
Ɔyɛɛ saa de bɔɔ wɔn a na wɔafira wɔn ani no ho ban. Mt 15:14
Nokorɛ no maa wɔdee wɔn ho bɛyɛɛ Yesu asuafoɔ. Yoh 8:31, 32
D. Sɛ obi hunu sɛ ne som ntene a, ɛhia sɛ ɔyɛ nsakraeɛ
Nokorɛ de ahofadie ba; ɛkyerɛ sɛ nnipa pii afom kwan. Yoh 8:31, 32
Israelfoɔ ne afoforɔ firii wɔn kane som mu. Yos 24:15; 2Ah 5:17
Tete Kristofoɔ no sesaa adwene a na wɔkura. Ga 1:13, 14; Aso 3:17, 19
Paulo sesaa ne som. Aso 26:4-6
Wɔadaadaa wiase nyinaa; ɛsɛ sɛ adwensakra ba. Adi 12:9; Ro 12:2
E. Wɔka sɛ “ade pa wɔ ɔsom nyinaa mu,” nanso ɛnkyerɛ sɛ Onyankopɔn ani sɔ
Onyankopɔn na ɔkyerɛ sɛdeɛ ɛsɛ sɛ yɛsom no. Yoh 4:23, 24; Yak 1:27
Sɛ ɛne Onyankopɔn pɛ nhyia a, na ɛnyɛ. Ro 10:2, 3
Ɔtumi po deɛ wɔfrɛ no “nnwuma pa.” Mt 7:21-23
Aba a wɔsoɔ na wɔde hunu. Mt 7:20
39. Ɔsomfoɔ
A. Ɛsɛ sɛ Kristofoɔ nyinaa yɛ asomfoɔ
Ná Yesu yɛ Onyankopɔn somfoɔ. Ro 15:8, 9; Mt 20:28
Kristofoɔ di ne nhwɛsoɔ akyi. 1Pe 2:21; 1Ko 11:1
Ɛsɛ sɛ yɛka asɛm no ma yɛn som adwuma di mũ. 2Ti 4:2, 5; 1Ko 9:16
B. Nneɛma a ɛma obi fata ma ɔsom adwuma no
Onyankopɔn honhom ne n’Asɛm mu nimdeɛ. 2Ti 2:15; Yes 61:1-3
Di Kristo nhwɛsoɔ akyi na yɛ asɛnka adwuma. 1Pe 2:21; 2Ti 4:2, 5
Onyankopɔn nam ne honhom ne n’ahyehyɛdeɛ so de nteteeɛ ma. Yoh 14:26; 2Ko 3:1-3
40. Ɔsoro
A. Nnipa 144,000 pɛ na wɔbɛkɔ soro
Wɔayi nnipa kakraa bi; wɔne Kristo bɛdi adeɛ. Adi 5:9, 10; 20:4
Yesu na ɔdi kan; akyire yi wɔyii afoforɔ. Kol 1:18; 1Pe 2:21
Afoforɔ pii bɛtena asase so. Dw 72:8; Adi 21:3, 4
Nnipa 144,000 wɔ gyinabea soronko a afoforɔ nnie. Adi 14:1, 3; 7:4, 9
41. Ɔsɔretia, Ɔtaa
A. Deɛ enti a Kristofoɔ hyia ɔsɔretia
Wɔtanee Yesu, ɔhyɛɛ ɔsɔretia ho nkɔm. Yoh 15:18-20; Mt 10:22
Nnyinasosɛm pa a wɔde yɛ adwuma no bu wiase fɔ. 1Pe 4:1, 4, 12, 13
Satan ne wiase yi nyame, ɔsɔre tia Ahennie no. 2Ko 4:4; 1Pe 5:8
Kristoni nsuro, Onyankopɔn di n’akyi. Ro 8:38, 39; Yak 4:8
B. Ɛnsɛ sɛ ɔbaa ma ne kunu twe no firi Onyankopɔn ho
Wɔadi kan abɔ kɔkɔ; afoforɔ bɛtumi asɛe n’adwene. Mt 10:34-38; Aso 28:22
Ɛsɛ sɛ ɔbaa no de n’ani to Onyankopɔn ne Kristo soɔ. Yoh 6:68; 17:3
Ɔnam nokorɛdie so bɛtumi agye ɔbarima no nso. 1Ko 7:16; 1Pe 3:1-6
Okunu ne ti, nanso ɔntumi nyɛ nhyɛsoɔ wɔ ɔsom ho. 1Ko 11:3; Aso 5:29
D. Ɛnsɛ sɛ ɔbarima ma ne yere si no kwan wɔ Onyankopɔn som ho
Ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne yere ne ne mma, a deɛ ɔpɛ ne sɛ wɔbɛnya nkwa. 1Ko 7:16
Ɔno na ɔsisi gyinaeɛ na ɔhwɛ wɔn. 1Ko 11:3; 1Ti 5:8
Onyankopɔn dɔ ɔbarima a ɔgyina nokorɛ no akyi. Yak 1:12; 5:10, 11
Sɛ ɔgo nneɛma mu de hwehwɛ asomdwoeɛ a, Onyankopɔn bo fu. Heb 10:38
Di abusua no anim kɔ wiase foforɔ a anigyeɛ wom no mu. Adi 21:3, 4
42. Yehowa Adansefoɔ
A. Yehowa Adansefoɔ Mfitiaseɛ
Yehowa da ɔno ara n’adansefoɔ adi. Yes 43:10-12; Yer 15:16
Adansefoɔ anokwafoɔ no firii aseɛ firii Habel so. Heb 11:4, 39; 12:1
Na Yesu ne ɔdansefoɔ nokwafoɔ a wɔwɔ ne mu ahotɔsoɔ. Yoh 18:37; Adi 1:5; 3:14
43. Yehowa, Onyankopɔn
A. Onyankopɔn din
“Onyankopɔn” nyɛ din pɔtee; yɛn Wura no wɔ din paa. 1Ko 8:5, 6
Yɛbɔ mpaeɛ sɛ ne din ho nte. Mt 6:9, 10
Onyankopɔn din ne Yehowa. Dw 83:18; Ex 6:2, 3; 3:15; Yes 42:8
Edin no wɔ KJ. Ex 6:3 (Dy aseɛ hɔ asɛm). Dw 83:18; Yes 12:2; 26:4
Yesu daa din no adi. Yoh 17:6, 26; 5:43; 12:12, 13, 28
B. Onyankopɔn yɛ ɔteasefoɔ
Obi ntumi nhunu Onyankopɔn nnya nkwa. Ex 33:20; Yoh 1:18; 1Yo 4:12
Ɛnhia sɛ yɛhunu Onyankopɔn na yɛagye no adi. Heb 11:1; Ro 8:24, 25; 10:17
Onyankopɔn nnwuma ma yɛhunu sɛ ɔwɔ hɔ. Ro 1:20; Dw 19:1, 2
Nkɔmhyɛ a ɛba mu kyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Yes 46:8-11
D. Onyankopɔn su ahodoɔ
Onyankopɔn ne dɔ. 1Yo 4:8, 16; Ex 34:6; 2Ko 13:11; Mik 7:18
Ne nyansa kyɛn so. Hio 12:13; Ro 11:33; 1Ko 2:7
Ɔtene, ɔbu atɛntenenee. De 32:4; Dw 37:28
Ɔne otumfoɔ, tumi nyinaa wura. Hio 37:23; Adi 7:12; 4:11
E. Ɛnyɛ Onyankopɔn koro no na obiara som no
Sɛ biribi yɛ papa wɔ yɛn ani so a, ɛnkyerɛ sɛ ɛyɛ. Mme 16:25; Mt 7:21
Akwan no yɛ mmienu, baako pɛ na ɛkɔ nkwa mu. Mt 7:13, 14; De 30:19
Anyame pii na wɔwɔ hɔ, nokorɛ Nyankopɔn no yɛ baako. 1Ko 8:5, 6; Dw 82:1
Ɛhia sɛ yɛhunu nokorɛ Nyankopɔn no na yɛanya nkwa. Yoh 17:3; 1Yo 5:20
44. Yesu
A. Yesu yɛ Onyankopɔn Ba ne ɔhene a wayi no
Onyankopɔn abakan, ɔnam ne so bɔɔ adeɛ nyinaa. Adi 3:14; Kol 1:15-17
Ɔbɛyɛɛ onipa a ɔbaa awo no a na abɔfoɔ sene no. Ga 4:4; Heb 2:9
Onyankopɔn honhom na wɔde woo no, ne tenabea ne soro. Mt 3:16, 17
Wɔama ne so asene kane a ɔnnya mmaa asase soɔ no. Flp 2:9, 10
B. Yesu Kristo mu gyidie ho hia ma nkwagyeɛ
Kristo ne Abraham Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no. Ge 22:18; Ga 3:16
Yesu nko ara ne Ɔsɔfopɔn, agyedeɛ no. 1Yo 2:1, 2; Heb 7:25, 26; Mt 20:28
Nkwagyeɛ nam Onyankopɔn ne Kristo a yɛbɛhu wɔn atie wɔn no so. Yoh 17:3; Aso 4:12
D. Ɛnyɛ Yesu mu gyidie nko na ɛhia
Ɛsɛ sɛ yɛde nnwuma ka gyidie ho. Yak 2:17-26; 1:22-25
Ɛsɛ sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so, yɛ n’adwuma no bi. Yoh 14:12, 15; 1Yo 2:3
Ɛnyɛ wɔn a wɔbɔ Awurade din nyinaa na wɔbɛkɔ Ahennie no mu. Mt 7:21-23